< Psalms 53 >

1 “To the chief musician upon Machalath, a Maskil of David.” The worthless fool saith in his heart, There is no God. They are corrupt, and they are abominable [in their] injustice: there is none that doth good.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto. Dawid dwom. Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase. Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.
2 God looketh down from heaven upon the children of men, to see if there be one intelligent, one who seeketh for God.
Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.
3 Every one [of them] hath departed [from righteousness]; altogether are they become corrupt: there is none that doth good, no, not one.
Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.
4 Is there no knowledge in the workers of wickedness? who eat up my people as they eat bread: [while] they do not call on God.
Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn.
5 There were they terrified with terror where there was no terror; for God had scattered the bones of those that encamped against thee: thou didst put them to shame, because God had rejected them.
Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa wɔ faako a ehu nni. Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu; wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.
6 Oh that some one might bring the salvation of Israel out of Zion! When God bringeth back the captivity of his people, [then] will Jacob be glad, [and] Israel will rejoice.
Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!

< Psalms 53 >