< Numbers 16 >

1 Now Korach, the son of Yizhar, the son of Kehath, the son of Levi, was presumptuous, together with Dathan and Abiram, the sons of Eliab, and On, the son of Peleth, sons of Reuben:
Ɛda koro bi Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmammarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no firi Ruben abusuakuo mu bɔɔ pɔ
2 So that they rose up before Moses, with certain men of the children of Israel, in number two hundred and fifty; [who were] princes of the congregation, called to the assembly, men of renown.
tiaa Mose. Na mpanimfoɔ atitire ahanu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuo no mu no ka ho.
3 And they assembled themselves against Moses, and against Aaron, and said unto them, Ye assume too much; for the whole of the congregation are all of them holy, and the Lord is among them; wherefore then will you lift yourselves up above the congregation of the Lord?
Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”
4 And when Moses heard it, he fell upon his face:
Mose tee saa asɛm yi no, ɔde nʼanim butuu fam.
5 And he spoke unto Korach and unto all his company, saying, Tomorrow, —then will the Lord make known who is his, and who is holy, that he may cause them to come near unto him; and him whom he shall choose will he cause to come near unto him.
Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ.
6 This do ye: Take yourselves censers, Korach and all his company;
Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Wo, Kora, ne wɔn a wɔka wo ho, ɔkyena momfa aduhwamhyeɛ nkukuo
7 And put therein fire, and put upon them incense before the Lord, tomorrow; and it shall be that the man whom the Lord will choose, he shall be the holy one; you assume too much, ye sons of Levi.
na monhye aduhwam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na yɛbɛhunu deɛ Awurade ayi no sɛ ne kronkronni. Afei deɛ, Lewifoɔ moayɛ ama aboro so.”
8 And Moses said unto Korach, Hear, I pray you, ye sons of Levi:
Mose sane bisaa Kora sɛ,
9 It is too little for you, that the God of Israel hath separated you from the congregation of Israel, to bring you near unto himself, to do the service of the tabernacle of the Lord, and to stand before the congregation to minister for them?
“Yi a Israel Onyankopɔn ayi wo afiri nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma, na wotumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no yɛ wo ade kumaa?
10 And he hath brought thee near, and all thy brethren the sons of Levi with thee: and now will ye seek the priesthood also?
Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ?
11 For which cause [beware], thou and all thy company that are gathered together against the Lord; for Aaron, what is he, that ye should murmur against him:
Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?”
12 And Moses sent to call Dathan and Abiram, the sons of Eliab; but they said, We will not come up:
Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ.
13 Is it too little that thou hast brought us up out of a land flowing with milk and honey, to kill us in the wilderness, that thou wilt assume to make thyself also a prince over us?
Wɔkaa sɛ, “Wosusu sɛ ɛyɛ asɛnketewa sɛ wode yɛn firi yɛn asase pa Misraim so de yɛn aba ɛserɛ so sɛ worebɛkum yɛn, na afei, wopɛ sɛ wodi yɛn so ɔhene?
14 Moreover thou hast not brought us into a land flowing with milk and honey, and thou hast not given us inheritance of fields and vineyards: wilt thou bore out the eyes of these men? we will not come up.
Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”.
15 And this displeased Moses greatly, and he said unto the Lord, Have no respect unto their offering: I have not taken away an ass of any one of them, nor have I done wrong to any one of them.
Mose bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Nnye wɔn afɔrebɔdeɛ biara! Menwiaa wɔn afunumu baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”
16 And Moses said unto Korach, Thou and all thy company, be ye before the Lord, thou, and they, and Aaron, tomorrow:
Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ, “Ɔkyena wo ne wo nnamfonom nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha. Aaron nso bɛba ha bi.
17 And take ye every man his censer, and put incense upon them, and bring ye near before the Lord every man his censer, two hundred and fifty censers; thou also, and Aaron, each his censer.
Monkae na momfa mo aduhwamhyeɛ nkukuo a aduhwam gu so mmra. Obiara mfa aduhwamhyeɛ kukuo mmra. Ne nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduonum, na momfa mmrɛ Awurade. Na Aaron nso de ne deɛ bɛba ha bi.”
18 And they took every man his censer, and put fire on them, and laid incense thereupon; and they stood at the door of the tabernacle of the congregation with Moses and Aaron.—
Enti wɔyɛɛ saa. Wɔde wɔn aduhwamhyeɛ nkukuo baeɛ. Wɔsɔɔ ano de aduhwam guu so na wɔne Mose ne Aaron bɛgyinagyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
19 And Korach assembled against them all the congregation unto the door of the tabernacle of the congregation; and the glory of the Lord then appeared unto all the congregation.
Na Kora ahwanyane ɔman no nyinaa atia Mose ne Aaron enti, na wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano rehwɛ. Afei, Awurade de animuonyam baa nnipa no nyinaa so
20 And the Lord spoke unto Moses and unto Aaron, saying,
na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
21 Separate yourselves from the midst of this congregation, and I will make an end of them in a moment.
“Montwe mo ho mfiri saa nnipa yi ho na manya ɛkwan asɛe wɔn ntɛm.”
22 And they fell upon their faces, and said, O God, the God of the spirits of all flesh, this one man doth sin, and with all the congregation wouldst thou be wroth!
Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛɛ sɛ, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Onyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”
23 And the Lord spoke unto Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
24 Speak unto the congregation, saying, Get you away from about the dwelling of Korach, Dathan, and Abiram.
“Ɛnneɛ ka kyerɛ nnipa no na wɔmfiri Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu.”
25 And Moses rose up and went unto Dathan and Abiram; and there went after him the elders of Israel.
Enti, Mose yɛɛ ntɛm kɔɔ Datan ne Abiram ntomadan no mu a Israel mpanimfoɔ ahanu aduonum di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ,
26 And he spoke unto the congregation, saying, Depart, I pray you, from the tents of these wicked men, and touch nothing which belongeth to them, lest ye be destroyed through all their sins.
“Ntɛm, momfiri saa nnipabɔnefoɔ yi ntomadan mu na mommfa mo nsa nka wɔn biribiara. Sɛ moyɛ saa a, wɔde mo bɛka wɔn bɔne a wɔayɛ no ho na wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa.”
27 So they got away from the dwelling of Korach, Dathan, and Abiram, on every side: and Dathan and Abiram came out, standing [boldly] at the door of their tents, with their wives, and their sons, and their little ones.
Enti, nnipa no firii Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu kɔgyinagyinaa akyire. Ɛnna Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan no akwan ano.
28 And Moses said, Through this shall ye know that the Lord hath sent me to do all these deeds; that [I have] not done them out of my own heart.
Mose kaa sɛ, “Ɛnam yei so bɛma moahunu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ deɛ mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara me tumi mu na mefiri yɛɛ saa.
29 If these men die as all men die, and if the visitation of all men be visited on them: then hath the Lord not sent me.
Sɛ owuo nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wɔhunu deɛ ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me.
30 But if the Lord do create a new thing, and the earth open her mouth, and swallow them up, with all that appertaineth unto them, and they go down alive into the pit: then shall ye understand that these men have provoked the Lord. (Sheol h7585)
Na sɛ Awurade nam anwanwakwan so pae asase mu ma emu bue na ɛmene wɔn ne wɔn ahodeɛ na sɛ wɔkɔ asamando anikann a, ɛbɛma moahunu sɛ, saa nnipa yi bu Awurade animtia.” (Sheol h7585)
31 And it came to pass, when he had made an end of speaking all these words, that the ground that was under them was cloven asunder:
Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ,
32 And the earth opened her mouth, and swallowed them up, and their houses, and all the men that appertained unto Korach, and all their goods.
na ɛmenee wɔn ne wɔn ntomadan, wɔn abusuafoɔ, wɔn nnamfonom a na wɔgyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ nyinaa.
33 And they went down, they, and all they that appertained to them, alive into the pit; and the earth closed over them, and they disappeared from the midst of the congregation. (Sheol h7585)
Enti, wɔwuraa asase mu anikann kɔɔ asamando na asase no sane ka too mu ma wɔyeraeɛ. (Sheol h7585)
34 And all Israel that were round about them fled at their cry; for they said, Perhaps the earth may swallow us up [also].
Israelfoɔ nyinaa de nteateamu dwaneeɛ, ɛfiri sɛ, “Nna wɔsuro sɛ asase no bɛmene wɔn nso!”
35 And there came out a fire from the Lord, and consumed the two hundred and fifty men that had offered the incense.
Afei, ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee nnipa ahanu aduonum a na wɔrehye aduhwam no nyinaa.
36 And the Lord spoke unto Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
37 Speak unto Elazar the son of Aaron the priest, that he lift up the censers out of the burning, and throw out the fire far away; for they have been hallowed:
“Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ ɔnyi aduhwamhyeɛ nkukuo no mfiri ogya no mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron, na ɔnyi gyasramma no
38 The censers of these sinners against their own lives; and they shall make of them broad plates for a covering for the altar; for they brought them near before the Lord, and they have thus become hallowed; and they shall serve for a sign unto the children of Israel.
mfiri saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhwamhyeɛ nkukuo no aseɛ. Ɔbɛboro aduhwamhyeɛ nkukuo no ama ayɛ trawa na ɔde akata afɔrebukyia no so. Saa aduhwamhyeɛ nkukuo yi yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, wɔde adi dwuma wɔ Awurade anim. Na afɔrebukyia no nkatasoɔ yi bɛyɛ kɔkɔbɔ ama Israelfoɔ.”
39 And Elazar the priest took the copper censers, which they that were burnt had brought near; and they beat them out for a covering unto the altar:
Enti, ɔsɔfoɔ Eleasa faa aduhwamhyeɛ nkukuo ahanu aduonum no na ɔboro ma ɛyɛɛ ntrawa na ɔde kataa afɔrebukyia no so,
40 As a memorial unto the children of Israel, in order that no stranger, who is not of the seed of Aaron, should come near to burn incense before the Lord; that he become not as Korach, and as his company; as the Lord had spoken to him by the hand of Moses.
na Israelfoɔ no nam so akae sɛ obiara a wɔmmaa no ho kwan anaa ɔmfiri Aaron ase no, ɔnni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhye aduhwam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne nʼahokafoɔ no bi bɛto no. Sei na Mose yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
41 And all the congregation of the children of Israel murmured against Moses and Aaron, on the morrow, saying, It is you who have caused the people of the Lord to die.
Adeɛ kyee anɔpa no, nnipa no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ, “Moakum Awurade nkurɔfoɔ.”
42 And it came to pass, when the congregation assembled against Moses and against Aaron, that they looked toward the tabernacle of the congregation, and, behold, the cloud covered it; and the glory of the Lord appeared.
Ankyɛre koraa, nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano. Wɔgu so rehwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no, prɛko pɛ, omununkum no pueeɛ ma wɔhunuu Awurade animuonyam nwanwaso no.
43 And Moses came with Aaron before the tabernacle of the congregation.
Mose ne Aaron bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano,
44 And the Lord spoke unto Moses, saying,
na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
45 Remove yourselves from the midst of this congregation, that I may consume them in a moment. And they fell upon their faces.
“Twe wo ho firi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim.
46 And Moses said unto Aaron, Take the censer, and put therein fire from off the altar, and put on incense, and carry [it] quickly unto the congregation, and make an atonement for them; for the wrath is gone forth from the Lord; the plague hath begun.
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ntɛm, fa aduhwamhyeɛ kukuo no na yi ogya firi afɔrebukyia no so gu mu. Fa aduhwam gu so na fa fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpatadeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo aduru wɔn so. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.”
47 And Aaron took as Moses had commanded, and he ran into the midst of the assembly; and, behold, the plague had begun among the people: and he put on the incense, and made an atonement for the people.
Aaron yɛɛ deɛ Mose hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔtuu mmirika faa nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyee aduhwam no de yɛɛ mpatadeɛ maa wɔn.
48 And he stood between the dead and the living; and the plague was stayed.
Na ɔgyinaa ateasefoɔ ne awufoɔ ntam, na ɔyaredɔm no gyaeeɛ,
49 And those who died in the plague were fourteen thousand and seven hundred, besides those that had died about the matter of Korach.
nanso, na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dada abɛka wɔn a wɔne Kora wuwuiɛ ɛda a ɛdi animu no ho.
50 And Aaron returned unto Moses, to the door of the tabernacle of the congregation, after the plague had been stayed.
Ɔyaredɔm no gyaeeɛ no, Aaron sane kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

< Numbers 16 >