< Numbers 14 >

1 And all the congregation lifted up their voice, and cried aloud; and the people wept that night.
Saa anadwo no, nnipa no nyinaa fii ase suu denneennen.
2 And all the people murmured against Moses and against Aaron; and the whole congregation said unto them, Oh who would grant that we had died in the land of Egypt! or that we might but die in this wilderness!
Wɔde nne koro nwiinwii tiaa Mose ne Aaron. Wɔkae se, “Sɛ yewuwuu wɔ Misraim anaa sare so ha a, anka eye.
3 And wherefore doth the Lord bring us unto yonder land, to fall by the sword? that our wives and our children may become a prey? is it not better for us to return to Egypt?
Adɛn nti na Awurade de yɛn reba ha sɛ yɛmmɛtotɔ wɔ mfoa ano? Wɔbɛfow yɛn yerenom ne yɛn mma. So ennye mma yɛn sɛ yɛbɛsan akɔ Misraim ana?”
4 And they said one to another, Let us appoint a chief, and let us return to Egypt.
Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛpaw ɔkannifo na yɛsan kɔ Misraim.”
5 Then fell Moses and Aaron on their faces before all the assembly of the congregation of the children of Israel.
Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
6 And Joshua, the son of Nun, and Caleb the son of Yephunneh, of those that had spied out the land, rent their garments.
Akwansrafo no mu baanu, a wɔne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuan wɔn ntade mu
7 And they said unto all the congregation of the children of Israel, as followeth, The land, through which we have passed to spy it out, this land is exceedingly good.
na wɔka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Asase a yɛfaa mu no yɛ asase pa yiye.
8 If the Lord have delight in us, then will he bring us into this land, and give it to us: a land which is flowing with milk and honey.
Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bedu asase no so dwoodwoo, asase bere a nufusu ne ɛwo sen wɔ so, na ɔde bɛma yɛn.
9 Only against the Lord do ye not rebel; and then ye need not fear the people of the land; for they are our bread: their shadow is departed from them, while the Lord is with us; fear them not.
Monnyɛ dɔm ntia Awurade. Na munnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso, efisɛ yɛbɛmemene wɔn. Wonni bammɔ, nanso Awurade ka yɛn ho. Munnsuro wɔn.”
10 But all the congregation said to stone them with stones: when the glory of the Lord appeared in the tabernacle of the congregation unto all the children of Israel.
Nanso mmuae a nnipa no mae ara ne sɛ, wobesiw wɔn abo. Afei, Awurade anuonyam baa Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Israelfo no nyinaa.
11 And the Lord said unto Moses, How long yet shall this people provoke me? and how long yet will they not believe in me, with all the signs which I have shown in the midst of them?
Awurade bisaa Mose se, “Nnipa yi bebu me animtiaa akosi da bɛn? Anwonwade dodow a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wonnye me nni ara?
12 I will smite them with the pestilence, and root them out, and I will make of thee a nation greater and mightier than they.
Mɛma ɔyaredɔm abeduru wɔn na asɛe wɔn, nanso mɛyɛ mo ɔman kɛse a ɛwɔ ahoɔden sen wɔn.”
13 And Moses said unto the Lord, But when the Egyptian hear, from the midst of whom thou hast brought up in thy might this people; —
Mose ka kyerɛɛ Awurade se, “Na Misraimfo no bɛte! Wonam wo tumi so yii saa nnipa yi fii wɔn mu.
14 And when they tell to the inhabitants of this land, who have heard that thou, Lord, art in the midst of this people, that face to face thou, Lord, art seen, and that thy cloud standeth over them, and that in a pillar of cloud thou goest before them by day, and in a pillar of fire by night; —
Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wonim sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wohu omununkum dum ne ogya sɛ egyina yɛn atifi, na wonim sɛ wudi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo.
15 That thou hast killed this people as one man: then will the nations that have heard thy fame, say in this manner,
Na sɛ wukum wo nkurɔfo yi nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka se,
16 That because the Lord was not able to bring this people into the land which he had sworn unto them, hath he slain them in the wilderness.
‘Awurade kum wɔn wɔ sare no so, efisɛ wantumi amfa wɔn ankodu asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’
17 And now, I beseech thee, let the greatness of the power of the Lord be made manifest, as thou hast spoken, saying,
“Afei Awurade nna nʼahoɔden adi, sɛnea wahyɛ no:
18 The Eternal is long-suffering, and abundant in beneficence, forgiving iniquity and transgression; but who will by no means clear the guilty, visiting the iniquity of the fathers upon the children, upon the third and upon the fourth generation.
‘Awurade yɛ nyaa wɔ nʼabufuw mu, na ne dɔ ne bɔne ne atuatew so bɔnefakyɛ no boro so. Nanso onnyaw ɔfɔdifo a ɔntwe nʼaso; ɔtwe mma aso wɔ agyanom bɔne ho kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne nan mu.’
19 Pardon, I beseech thee, the iniquity of this people, according to the greatness of thy beneficence, and as thou hast been indulgent to this people, from Egypt even until hitherto.
Wo dɔ kɛse no nti, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn sɛnea wode akyɛ wɔn afi Misraim abesi saa bere yi.”
20 And the Lord said, I have pardoned according to thy word.
Awurade kaa se, “Mede akyɛ wɔn sɛnea woabisa no.
21 But as truly as I live, and as all the earth is filled with the glory of the Lord: —
Nanso sɛ mete ase yi, na Awurade anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi,
22 That all the men who have seen my glory, and my signs, which I have displayed in Egypt and in the wilderness, and have tempted me these ten times, and have not hearkened to my voice,
saa nnipa yi a wohuu mʼanuonyam ne anwonwade a meyɛɛ wɔ Misraim ne sare so no nanso wɔyɛɛ asoɔden de sɔɔ me hwɛɛ mpɛn du no,
23 Shall surely not see the land which I have sworn unto their fathers, yea all those that have provoked me shall not see it.
wɔn mu biara renhu asase a mekaa ntam de hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wobuu me animtiaa no mu biara renhu.
24 But my servant Caleb, as a reward that he had another spirit with him, and followed me fully, —therefore will I bring him into the land whereinto he went; and his seed shall possess it.
Nanso sɛnea ɛsono mʼakoa Kaleb honhom na ofi ne koma nyinaa mu di mʼakyi no nti mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so no so, na nʼasefo benya ɛhɔ mu kyɛfa.
25 And the Amalekites and the Canaanites dwell in the valley: tomorrow turn you, and set forward into the wilderness by the way to the Red Sea.
Esiane sɛ Amalekfo na Kanaanfo tete abon mu no nti, ɔkyena, momfa mo ani nkyerɛ Po Kɔkɔɔ no nkɔ sare no so.”
26 And the Lord spoke unto Moses and unto Aaron, saying,
Awurade bisaa Mose ne Aaron se,
27 How long [shall indulgence be given] to this evil congregation, that murmur against me? the murmurings of the children of Israel, which they murmur against me, have I heard.
“Enkosi da bɛn na saa nnipa bɔnefo yi benwiinwii atia me? Na mate saa Israelfo yi anwiinwiisɛm yi nyinaa.
28 Say unto them, As truly as I live, saith the Lord, as ye have spoken in my ears, so will I do to you:
Enti ka kyerɛ wɔn se, ‘Awurade na ose, sɛ mete ase yi, mɛyɛ nea metee sɛ moreka no ama mo.
29 In this wilderness shall your carcasses fall, and all that were numbered of you, according to your whole number, from twenty years old and upward; ye who have murmured against me;
Mo nyinaa mubewuwu wɔ sare no so: Efi wɔn a wɔadi mfe aduonu rekɔ no a wɔkan wɔn bi na wɔka ho nwiinwii tiaa me no.
30 Truly ye shall not come into the land, concerning which I have lifted up my hand to let you dwell therein; save Caleb the son of Yephunneh, and Joshua the son of Nun.
Mo mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua.
31 But your little ones of which ye said, They would become a prey, them will I bring in, and they shall know the land which ye have despised.
Moka se mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa nea muse mompɛ no.
32 But as for you, your carcasses shall fall in this wilderness.
Na mo de, mo amu na ɛbɛka sare so ha.
33 And your children shall wander about in the wilderness forty years, and bear your backslidings, until your carcasses be spent in the wilderness.
Wɔbɛhwɛ mo mma so wɔ ha mfe aduanan, na wɔahu amane wɔ mo gyidi a munni no nti; akosi sɛ onipa a otwa to no bewu atɔ sare so ha.
34 After the number of the days in which ye spied out the land, forty days, yea, each one day for a year, shall ye bear for your iniquities, forty years; and ye shall experience my withdrawal [of protection].
Esiane sɛ akwansrafo no tenaa asase no so adaduanan no nti, ɛsɛ sɛ mo nso mukyinkyin sare no so mfe aduanan a afe biara gyina hɔ ma da koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua, na moahu sɛnea ɛte sɛ mɛsɔre atia mo.’
35 I the Lord have spoken it, surely, this will I do unto all this evil congregation that have assembled against me: in this wilderness shall they be spent, and therein shall they die.
Me, Awurade, na makasa, na nea ɛte biara no mɛyɛ eyinom atia saa nnipa bɔnefo yi a wayɛ dɔm atia me no. Wobehu wɔn awiei wɔ sare yi so; ɛha na wobewuwu.”
36 And the men whom Moses had sent to spy out the land, and who returned, and caused all the congregation to murmur against him, by bringing up an evil report against the land,
Enti mmarima a Mose somaa wɔ ma wɔkɔsraa asase no so no, wɔn a wɔsan ba bɛbɔɔ amanneɛ bɔne a ɛnam so maa nnipa no nyinaa nwiinwii tiaa me no,
37 Even these men, that had brought up the evil report of the land, died by the plague before the Lord.
wɔde ɔyare bɔne kunkum saa mmarima a wɔde amanneɛ bɔne tenee wɔ Awurade anim no.
38 But Joshua the son of Nun, and Caleb the son of Yephunneh, remained alive of those men, who had gone to spy out the land.
Akwansrafo no nyinaa, Nun ba Yosua ne Yefune ba Kaleb nko ara na wɔtenaa ase.
39 And Moses spoke these words unto all the children of Israel; and the people mourned greatly.
Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ howee yiye.
40 And they rose up early in the morning, and went up to the top of the mountain, saying, Lo, here we are, and we will go up unto the place of which the Lord hath spoken; for we have sinned.
Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkae se, “Yɛahu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”
41 And Moses said, Wherefore now do ye transgress the order of the Lord? and it will not prosper.
Nanso Mose kae se, “Adɛn na morebu Awurade ahyɛde so? Eyi renyɛ ye!
42 Do not go up, for the Lord is not among you; that ye may not be smitten before your enemies.
Monsan, mo atamfo no bedi mo so nkonim, efisɛ Awurade nka mo ho.
43 For the Amalekites and the Canaanites are there before you, and ye will fall by the sword; since, because ye are turned away from the Lord, the Lord also will not be with you.
Amalekfo ne Kanaanfo no behyia mo wɔ hɔ wɔ hɔ? Esiane sɛ moapa Awurade nti, ɔrenka mo ho na mobɛtotɔ wɔ afoa no.”
44 Yet they persisted to go up unto the top of the mountain; but the ark of the covenant of the Lord, and Moses, did not move out of the camp.
Nanso wofii wɔn nsusuwii mu foro kɔɔ bepɔw no so a amfa wɔn ho sɛ Awurade Apam adaka no ne Mose mu biara antu amfi atenae hɔ bi.
45 Then came down the Amalekites, and the Canaanites that dwelt on that mountain, and smote them, and discomfited them, even unto Chormah.
Na Amalekfo ne Kanaanfo a wɔte bepɔw no so no sian ba bɛtow hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kosii Horma.

< Numbers 14 >