< Leviticus 13 >

1 And the Lord spoke unto Moses and unto Aaron, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
2 If a man shall have in the skin of his flesh a swelling, a rising, or a bright spot, and it might become in the skin of his flesh the plague of leprosy: then shall he be brought unto Aaron the priest, or unto one of his sons the priests.
“Sɛ obi hunu sɛ biribi ahono ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa sowanini asi no na adidi kɔ ne honam mu a, ɔnhunu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mmammarima no mu baako
3 And if the priest shall see the plague in the skin of the flesh, and the hair in the plague be turned white, and the appearance of the plague be deeper than the skin of his flesh: it is a plague of leprosy; and [so soon as] the priest shall see him, he shall pronounce him unclean.
na ɔhwɛ ahonoeɛ no. Sɛ enwi a ɛsi ahonoeɛ hɔ dane yɛ fitaa na ahonoeɛ no atɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no da no adi sɛ ɔyarefoɔ no yɛ ɔkwatani.
4 But if it be a white bright spot in the skin of his flesh, and its appearance be not deeper than the skin, and the hair be not turned white: then shall the priest shut up the plague seven days.
Na sɛ ahonoeɛ no ntɔɔ honam no mu na sɛ ahonoeɛ hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no yi ɔyarefoɔ no firi nnipa mu nnanson.
5 And the priest shall see him on the seventh day; and, behold, if the plague have remained unchanged in its appearance, the plague have not spread in the skin: then shall the priest shut him up seven days more.
Nnanson no duru a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no bio na sɛ ahonoeɛ no nsesaeɛ na ɛntrɛtrɛɛ honam no ani a, ɔsɔfoɔ no bɛsane atwa no asuo nnanson bio.
6 And the priest shall see him again on the seventh day; and, behold, if the plague be somewhat pale, and the plague have not spread in the skin: then shall the priest pronounce him clean; it is a rising, and he shall wash his clothes, and be clean.
Afei ne nnanson so no, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ɔhunu sɛ yadeɛ no ano abrɛ ase a ɛntrɛtrɛɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛka ato dwa sɛ, ɔyarefoɔ no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ nsawa bi na ɛguu no berɛ tiawa bi mu. Enti sɛ ɔyarefoɔ no si ne ntoma a wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie.
7 But if the rising should spread abroad in the skin, after he hath been seen by the priest for his cleansing, he shall be seen again by the priest.
Na sɛ nso ɔyarefoɔ no ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn ma ɔhwɛ no na yadeɛ no atrɛtrɛ a, ɛsɛ sɛ ɔsane ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn bio
8 And if the priest see that, behold, the rising have spread abroad in the skin, then shall the priest pronounce him unclean: it is leprosy.
na ɔhwɛ no na sɛ yadeɛ no atrɛtrɛ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanneɛ kwan so no, ne ho nte na ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ.
9 If the plague of leprosy happen to be on a man, then shall he be brought unto the priest;
“Sɛ obi nya ɔhonam ani nsaneyadeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ no.
10 And the priest shall see, and, behold, if there be a white swelling in the skin, and the hair in it have turned white, or there be a trace of healthy flesh in the swelling:
Sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na ekuro atɔ saa beaeɛ hɔ a,
11 It is an inveterate leprosy in the skin of his flesh, and the priest shall pronounce him unclean; he shall not shut him up, for he is unclean.
na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de to dwa sɛ amanneɛ kwan so no, onipa no ho nte. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ yadeɛ no mu bio, ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ honam no ayɛ kwata.
12 And if the leprosy break out abroad in the skin, and the leprosy cover all the skin of [him that hath] the plague from his head even to the feet, so far as the eyes of the priest can see:
“Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa firi ne tiri so kɔsi ne nan ase nyinaa a,
13 If now the priest should see, that, behold, the leprosy have covered all his flesh, he shall pronounce the plague clean; it is all turned white, he is clean.
ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ, ne honam nyinaa adane ayɛ fitaa.
14 But on the day that healthy flesh appeareth therein, he shall be unclean.
Na sɛ akuro no bi pue ne honam no baabi foforɔ a, wɔbɛpae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.
15 And the priest shall see the healthy flesh, and pronounce him to be unclean; the healthy flesh is unclean, it is the leprosy.
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka ntɛm ara a ɔhunu ekuro wɔ honam no fa baabi, ɛfiri sɛ akuro no kyerɛ sɛ kwata wɔ honam no mu.
16 Or if the healthy flesh turn again, and be changed unto white, he shall come unto the priest;
Na sɛ akuro no wu na ɛdane yɛ fitaa sɛ honam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ bio.
17 And if the priest see him, and, behold, the plague be turned into white: then shall the priest pronounce the plague clean, he is clean.
Ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ honam no fa hɔ ayɛ fitaa deɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no.
18 And if there be a person who hath had in his skin an inflammation, and hath been healed,
“Sɛ pɔmpɔ si obi na ɛgyae
19 And if there be on the place of the inflammation a white swelling, or a white and dark red bright spot, he shall be shown to the priest;
na sɛ baabi a pɔmpɔ no siiɛ no biribi hyɛnn, bi anaa deɛ ɛbere kakra hono wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ.
20 And if the priest see, and, behold, its appearance be lower than the skin, and the hair thereof have been turned white: then shall the priest pronounce him unclean, it is the plague of leprosy broken out in the inflammation.
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na yadeɛ no adidi kɔ ne honam mu na enwi a ɛwɔ honam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ɔyarefoɔ no ho nte, ɛfiri sɛ, kwata apue afiri pɔmpɔ no mu.
21 But if the priest see it, and, behold, there be no white hair therein, and if it be not lower than the skin, and it be pale: then shall the priest shut him up seven days.
Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ enwi fitaa biara nni baabi a yadeɛ no wɔ hɔ no, na yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosuo no yɛ nsonso a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson.
22 And if it now spread abroad in the skin, then shall the priest pronounce him unclean: it is the plague [of leprosy].
Saa ɛberɛ no mu sɛ beaeɛ hɔ no trɛtrɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, onipa no yare kwata.
23 But if the bright spot remain in its place, and spread not, it is a scar of the inflammation; and the priest shall pronounce him clean.
Na sɛ beaeɛ a ɛhɔ ayɛ hyɛnn no anhono bio na antrɛtrɛ a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, ne ho te.
24 Or if there be a person in whose skin there is a place burnt by fire, and the mark of the burning become a bright spot, white and dark red, or white;
“Sɛ obi hyehye na sɛ nhyehyeeɛ no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a,
25 And if the priest see it, and, behold, the hair in the bright spot have been turned white, and its appearance be deeper than the skin: it is leprosy, broken out in the fire-wound; and the priest shall pronounce him unclean, it is the plague of leprosy.
ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ nhyehyeeɛ hɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beaeɛ a ɛhɔ nnii dɛm biara no dane yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ adeɛ a adidi kɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afiri nhyehyeeɛ no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.
26 But if the priest see it, and, behold, there be in the bright spot no white hair, and it be not lower than the skin, and it be pale: then shall the priest shut him up seven days.
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ hunu sɛ nwi fitaa nni beaeɛ a ɛhɔ yɛ hyɛnn no, na sɛ hyɛnn no nnidi nkɔɔ honam no mu, na yadeɛ no regyae a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson
27 And the priest shall see him on the seventh day: if now it have spread abroad in the skin, then shall the priest pronounce him unclean: it is the plague of leprosy.
na wahwɛ no bio ne nnanson so. Sɛ yadeɛ no trɛ fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ kwata ayɛ onipa no.
28 And if the bright spot remain in its place, [and] it have not spread abroad in the skin, and it be pale: it is a swelling of the fire-wound; and the priest shall pronounce him clean; for it is a scar of the fire-wound.
Nanso sɛ honam no fa hɔ a ayɛ hyɛnn no antrɛtrɛ honam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ deɛ ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nhyehyeeɛ twa bi, enti ɔsɔfoɔ no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata.
29 And if there be a man or woman on whom there arise a plague, on the head or on the beard;
“Sɛ ekuro da ɔbarima anaa ɔbaa bi tirim anaa nʼafono ho a,
30 Then shall the priest see the plague; and, behold, if its appearance be deeper than the skin, and there be in it a yellow thin hair: then shall the priest pronounce him unclean, it is a dry scall, it is the leprosy of the head or of the beard.
ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no adidi kɔ honam no mu na ɔsane hunu enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ wɔ ekuro no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka sɛ onipa no yare kwata.
31 And if the priest see the plague of the scall, and, behold, its appearance be not deeper than the skin, and there be no black hair in it: then shall the priest shut up the plague of the scall seven days.
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na mmom, ɛwɔ honam no ani a enwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ wɔyi onipa no firi nnipa mu nnanson,
32 And the priest shall see the plague on the seventh day; and, behold, if the scall have not spread, and there be in it no yellow hair, and the appearance of the scall be not deeper than the skin:
na ne nnanson so no, wɔsane hwɛ no bio. Sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ na enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ nnaa ne ho adi wɔ mu na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu a,
33 Then shall he be shaved, but the scall he shall not shave; and the priest shall shut up the scall seven days more.
ɔbɛwerɛ enwi a atwa ekuro no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ ekuro no mu ankasa) na ɔsɔfoɔ no ayi no afiri nnipa mu nnanson bio.
34 And the priest shall see the scall on the seventh day; and, behold, if the scall have not spread in the skin, and its appearance be not deeper than the skin: then shall the priest pronounce him clean, and he shall wash his clothes, and be clean.
Ne nnanson so, ɔbɛsane ahwɛ no bio na sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ, nnidi nkɔɔ honam no mu a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ onipa no ho ate na sɛ ɔsi ne ntoma wie a, na afei wadi mu.
35 But if the scall should spread abroad in the skin after his being pronounced clean:
Na sɛ akyire no saa yadeɛ no trɛtrɛ a,
36 Then shall the priest see him; and, behold, if the scall have spread in the skin, the priest shall not seek for the yellow hair; he is unclean.
ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no bio a ɔnhwɛ sɛ enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ fra yadeɛ no mu na ɔpae mu ka sɛ, onipa no yare kwata.
37 But if the scall have remained stationary in its color, and black hair have grown up therein: the scall is then healed, he is clean; and the priest shall pronounce him clean.
Na sɛ yadeɛ no trɛ a ɛretrɛtrɛ no gyae na sɛ enwi tuntum fu wɔ beaeɛ hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, ne ho ate.
38 And if there be a man or a woman having in the skin of their flesh bright spots, white bright spots;
“Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam ani yɛ fitaa nahanaha,
39 And if the priest do see, and, behold, there are in the skin of their flesh bright spots, pale and white: it is a freckly eruption grown in the skin; he is clean.
na akyire no, honam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ yare foforɔ bi.
40 And if there be a man whose hair of the head fall off, he is a bald head; he is clean.
“Sɛ obi tiri so pa a, ɛwom sɛ ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani!
41 And if from the side of his face his hair fall off, he is forehead-bald; he is clean.
Sɛ obi tiri so pa firi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata.
42 But if there be on the bald head, or the bald forehead, an eruption, white and dark red: it is the leprosy sprung up on his bald head, or his bald forehead.
Na mmom, sɛ nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ atipa no so a, na ɛkyerɛ sɛ, ebia, kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no.
43 And the priest shall see him; and, behold, if the swelling of the eruption be white and dark red on his bald head, or on his bald forehead, like the appearance of the leprosy on the [other parts of the] skin of the flesh:
Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a,
44 He is a leprous man, he is unclean; the priest shall pronounce him unclean; his plague is on his head.
na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, onipa no yare kwata.
45 And the leper on whom the plague is, his clothes shall be rent, and his head shall be bare, and he shall cover himself up to his upper lip, and, Unclean, unclean, shall he call out.
“Onipa biara a wɔbɛhunu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ɔfira ntoma a atete na ɔma ne tirinwi fu, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteateam sɛ, ‘Me ho nte! Me ho nte!’
46 All the days whereon the plague which rendereth unclean is on him, he shall be unclean; alone shall he dwell; without the camp shall his habitation be.
Na nna dodoɔ a yadeɛ no nkɔeɛ no deɛ, wɔbɛfa ɔyarefoɔ no sɛ ne ho nte enti ɛsɛ sɛ ɔtena kuro no akyi baabi.
47 And if there be a garment on which there arise a plague of leprosy, whether it be on a woollen garment, or on a linen garment;
“Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu
48 Whether it be on the warp, or on the woof; of linen, or of woollen; whether on a skin, or on any thing made of skin;
kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu,
49 And the plague be dark green or dark red, on the garment, or on the skin, or on the warp, or on the woof, or on any article made of skin: it is the plague of leprosy; and it shall be shown unto the priest.
na sɛ nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ.
50 And the priest shall see the plague, and shut up the plague seven days.
Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ akɔsie nnanson
51 And if he see the plague on the seventh day, that the plague have spread in the garment, either in the warp, or in the woof, or in the skin, or in any article that is made of skin: the plague is a corroding leprosy; it is unclean.
na nnanson so no, wasane ahwɛ bio. Na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a ɛtumi sane nnipa,
52 And he shall then burn that garment, whether warp or woof, in woollen or in linen, or any article of skin, whereon the plague is; for it is a corroding leprosy, in fire shall it be burnt.
enti ɛsɛ sɛ ɔde ogya hye ntoma, kuntu ne ntadetam ne aboa nhoma no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛnam yeinom so bɛtumi ama yadeɛ no asane nnipa.
53 And if the priest shall see, and, behold, the plague have not spread on the garment, either on the warp, or on the woof, or on any article of skin:
“Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisiiɛ no ntrɛtrɛeɛ a,
54 Then shall the priest command that they wash the thing whereon the plague is, and he shall shut it up seven days more.
ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔasi nneɛma a wɔdwene sɛ yadeɛ no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson.
55 And if the priest see, after the plague hath been washed, and, behold, the plague have not changed its color, and the plague have not spread: it is unclean, in fire shalt thou burn it; it is a decay on its inside or on its outside.
Sɛ nnanson bio akyi faako a yadeɛ no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosuo na ɛntrɛtrɛɛ a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye adeɛ no, ɛfiri sɛ, yadeɛ no adidi kɔ mu ara yie.
56 And if the priest see, and, behold, the plague have become pale after its having been washed: then shall he tear it out from the garment, or from the skin, or from the warp, or from the woof.
Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nneɛmasie no akyi, nsisiiɛ no ano abrɛ ase a, ɔbɛtwa hɔ afiri ntoma anaa aboa nhoma a wɔde adi dwuma bi no mu.
57 And if it appear again on the garment, either on the warp, or on the woof, or on any instrument of skin: it is a growing plague; with fire shalt thou burn that whereon the plague is.
Na sɛ ɛsane ba bio deɛ a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.
58 And the garment, either the warp or the woof, or every instrument of skin, which thou shalt wash, and the plague depart therefrom, shall be washed the second time, when it shall be clean.
Sɛ wɔsi na asɛm biara amma ho a, wɔtumi de di dwuma biara ɛberɛ a wɔasane asi bio no.”
59 This is the law of the plague of leprosy on a garment of woollen or linen, either in the warp, or the woof, or any article of skin, to pronounce it clean, or unclean.
Yeinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekodeɛ no mu anaa ebi nni mu no ho.

< Leviticus 13 >