< Job 30 >
1 But now they who are younger than I in years laugh at me, whose fathers I scorned to put as equals with the dogs of my flocks.
“Nanso mprempren wɔserew me, nnipa a manyin sen wɔn, na wɔn agyanom mfata sɛ wɔne me nguan ho akraman tena.
2 Yea, what possible use can the strength of their hands be unto me, over whom old age hath passed fruitlessly?
Mfaso bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me, bere a wɔn ahoɔden afi wɔn mu?
3 Who suffer for want and famine in solitude; who flee into the wilderness [where all is] darkness, ruin, and desolation;
Ohia ne ɔkɔm ama wɔn ho atetew, wɔnantew asase kesee ne asase bonin so anadwo.
4 Who crop off mallows by the bushes, and have broom-bush roots as their bread;
Wɔboaboaa nkyenhaban ano wɔ nkyɛkyerɛ mu, na wɔde sare so nnua ntin yɛɛ wɔn aduan.
5 Who are driven forth from among [men], who are shouted after as though they were thieves,
Wɔn mfɛfo pam wɔn fii wɔn mu, na wohuroo wɔn sɛ akorɔmfo.
6 To dwell in the caverns of the valleys, in holes of the earth, and on naked cliffs.
Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa suka a emu awo, abotan ne fam ntokuru mu,
7 Among the bushes they shriek; under briers they are huddled together,
wosuu sɛ mfurum wɔ wuram na wɔfofɔree so wɔ ɔdɔtɔ ase.
8 The children of the worthless, yea, the children of the nameless, who were outcasts from the land.
Kuw a wɔmfra na wonni din, wɔpam wɔn fii asase no so.
9 But now I am become their song, and I am become a byword unto them.
“Na nnɛ yi wɔn mmabarima de dwom bɔ me akutia; mayɛ abusude wɔ wɔn mu.
10 They loathe me, they keep themselves far from me, and from my face they withhold not their spittle.
Wokyi me na wontwiw mmɛn me; wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasu gu mʼanim.
11 Because he hath loosened the cord of my bow, and afflicted me, they have also cast off the bridle before me.
Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi, wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ mʼanim.
12 Against my right hand rise up this swarm of worthless youths: they push away my feet, and they level against me their calamity-bringing paths.
Abusuakuw no tow hyɛ me so wɔ me nifa so; wosum mʼanan mfiri, na wosisi mpie tia me.
13 They destroy my footpath, they help forward my downfall, without any one to aid them.
Wosisiw mʼakwan; na wonya me sɛe me na obiara mmoa me.
14 As [through] a broad breach they come: amidst a loud noise they rolled themselves along.
Wɔba te sɛ nea wofi ntokuru a ano abae mu; wɔnam mmubui no mu munumunum ba.
15 Terrors have turned their face against me; they chase like the wind my glory: and like a cloud is my happiness passed away.
Ahunahuna ma me ho dwiriw me; mʼanuonyam atu kɔ sɛnea mframa abɔ agu, me bammɔ atu ayera sɛ omununkum.
16 And now my soul is poured out over me; the days of affliction have seized on me;
“Na mprempren, me nkwa resa; na amanehununna akyekyere me.
17 All night it holloweth out my bones out of my body; and my pursuers take no rest.
Anadwo wowɔ me nnompe mu; ɔyaw a ɛwe me no nnyae.
18 Through the Almlghty's power is my garment made unknown: like the opening of my coat hath he enclosed me.
Onyankopɔn fi ne tumi mu yɛ sɛ adurade ma me; omia me te sɛ mʼatade kɔn.
19 He hath cast me into the mire, and I am become like dust and ashes.
Ɔtow me kyene dontori mu na ɔma me yɛ sɛ mfutuma ne nsõ.
20 I cry aloud unto thee, but thou answerest me not: I stand up, and thou fixest thy regard against me.
“Onyankopɔn, misu mefrɛ wo, nanso wummua me. Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
21 Thou art changed into a cruel master toward me: with the strength of thy hand thou assailest me.
Woba me so anibere so; wode wʼabasa mu tumi tow hyɛ me so.
22 Thou liftest me up to the wind; thou causest me to pass away, and dissolvest in me all wise counsel.
Wuhwim me na wode mframa pia me; wudenkyidenkyi me wɔ ahum mu.
23 For I know that thou wilt bring me back to death, and to the house of assembly for all the living.
Minim sɛ wode me bɛkɔ owu mu, faako a woahyɛ ama ateasefo nyinaa no.
24 But doth not a man stretch out his hand among ruins? or doth one not cry out therefrom [for help] when he meeteth his downfall?
“Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ bere a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
25 Did I not weep for him that was hard pressed by misfortune? was not my soul grieved for the needy?
Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu ana? Me kra werɛ anhow amma ahiafo ana?
26 That I hoped for good, but there came evil; and I waited for light, and there came darkness!
Nanso bere a mʼani da papa so no, bɔne bae; bere a mepɛɛ hann no sum na edurui.
27 My bowels heave, and rest not: the days of affliction have overcome me.
Me yafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da; na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.
28 I walk about mournfully without sunlight: when I rise up, in the assembly, I cry with pain.
Menenam a mabiri, nanso ɛnyɛ sɛ owia na ahyew me; migyina aguabɔbea na misu pɛ mmoa.
29 I am a brother to [howling] monsters, and a companion to ostriches.
Madan nnompo nuabarima, me ne mpatu na ɛbɔ.
30 My skin hangeth down black from me, and my bones are burnt from heat.
Me honam ani biri na ehuanhuan; atiridii ama me ho adɔ.
31 And thus is changed to mourning my harp, and my pipe to the sound of weeping.
Me sanku bɔ kwadwom, na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyigyei.