< Job 24 >

1 Why are not times [of punishment] treasured up by the Almighty, and why do his adorers not see his days [of retribution]?
“Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da?
2 [The wicked] remove landmarks: they rob flocks, and feed them.
Nnipa yiyi aboɔ a wɔde ato hyeɛ; na wɔde nnwankuo a wɔawia kɔ hɔ adidi.
3 They drive away the ass of the fatherless, they take in pledge the widow's ox.
Wɔpam nwisiaa mfunumu na wɔgye akunafoɔ anantwie sɛ awowasideɛ.
4 They chase the needy out of the highway: altogether hide themselves the poor of the earth.
Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ.
5 Behold, as wild asses in the wilderness go they forth to their work, rising betimes after [their] prey: the desert yieldeth food for them and for their young men.
Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane te sɛ ɛserɛ so mfunumu no; asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.
6 In the field they reap their food; and in the vineyard of the wicked they gather the fruit.
Wɔboaboa mmoa aduane ano wɔ mfuo no so na wɔdi mpɛpɛ wɔ amumuyɛfoɔ bobe nturo mu.
7 They cause [the poor] to spend the night naked, without clothing and without any covering in the cold.
Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa; wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu.
8 Through the sweeping rain of the mountains are they made wet, and for want of a shelter do they embrace the rock.
Mmepɔ so osutɔ fɔ wɔn twɔnn na wɔfomfam mmotan no ho ɛfiri sɛ wɔnni ahatasoɔ.
9 The others pluck from the breast the fatherless, and the garment of the poor they take in pledge.
Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano; na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu.
10 They cause him to go naked without clothing, and from the hungry they take away the sheaf:
Wɔnenam adagya a wɔnni ntoma; wɔsoa ayuo afiafi, nanso ɛkɔm de wɔn ara.
11 Within their walls do they make oil, they tread their wine-presses, and suffer thirst.
Wɔkyi ngo wɔn adan mu; wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn.
12 Out of a populous city is groaning heard, and the soul of the deadly wounded crieth out: yet God regardeth it not as an offence.
Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu, na apirafoɔ kra su pɛ mmoa. Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
13 Yon men are of those that rebel against the light: they know not its ways, nor abide in its paths.
“Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no, wɔn a wɔnnim nʼakwan anaasɛ wɔnnante nʼatempɔn so.
14 With the earliest light riseth the murderer, he slayeth the poor and needy, and in the night he becometh like the thief.
Sɛ adekyeɛ hann no kɔ a, owudifoɔ no sɔre na ɔkum ohiani ne mmɔborɔni; adesaeɛ mu, ɔwiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfoɔ.
15 And the eye of the adulterer watcheth for the twilight, saying, No eye will see me; and placeth a covering on his face.
Ɔwaresɛefoɔ twɛn ɛberɛ a adeɛ resa; ɔka sɛ, ‘obiara renhunu me,’ na ɔde nʼanim hinta.
16 They break into houses in the dark, in the daytime they lock themselves in: they know not the light.
Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu, na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu; wɔne hann nni hwee yɛ.
17 For to all of these alike is the morning as the shadow of death; for they are familiar with the terrors of the shadow of death.
Esum kabii yɛ adekyeɛ ma wɔn nyinaa; wɔne esum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.
18 Swift are such men [to flee] on the face of the water; accursed is their field on the land; none of them turneth himself to the way, of the vineyards.
“Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani; wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so, enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu.
19 Drought and heat speedily consume the snow-waters: so doth the grave those who have sinned. (Sheol h7585)
Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no, saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ. (Sheol h7585)
20 The mother that bore such a one will forget him; the worm will feed sweetly on him; he will be no more remembered; and like a tree will wickedness be broken.
Awotwaa werɛ firi wɔn, na ɔsonsono di wɔn nam; nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn bio na mmom wɔbubu te sɛ dua.
21 He ill-treateth the barren that heareth not; and to the widow he acteth not well.
Wɔde ɔbaa bonini a ɔnni ba yɛ haboa, na wɔnhunu akunafoɔ mmɔbɔ.
22 But he also draweth down the mighty with his power: he riseth up, no one is sure of life.
Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ; ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ.
23 To such [God] granteth to be in safety, that he may find support; and His eyes are upon their ways.
Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu, nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
24 They are exalted; in but a little while they are no more; and they are brought down low: like all others are they gathered in, and like the top of the ear of corn are they cut off.
Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio; wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa; wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti.
25 But if it be not so, who will prove me a liar, and render nought my word?
“Sɛ yei nte saa a, hwan na ɔbɛtumi agye me akyinnyeɛ na ama deɛ maka ayɛ nsɛnhunu?”

< Job 24 >