< Exodus 38 >

1 And he made the altar of burnt-offering of shittim wood: five cubits was its length, and five cubits its breadth; it was foursquare, and three cubits was its height.
Ɔhyeɛ afɔrebukyia no nso, okuo na wɔde yɛeɛ. Wɔyii no ahinanan a ne fa biara susu anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
2 And he made its horns on its four corners, from itself were its horns; and he overlaid it with copper.
Ne ntweaso ɛnan no nyinaa na mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua a wɔde kɔbere adura ho.
3 And he made all the vessels of the altar, the pots, and the shovels, and the basins, and the forks, and the fire-pans: all its vessels made he of copper.
Wɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma te sɛ nkukuo, sofi, atam, adinam ne nkyɛnsee a wɔbɛnoa mu de kaa ho.
4 And he made for the altar a grating, a network of copper, under its compass beneath, even unto the half of it.
Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini.
5 And he cast four rings on the four corners of the grating of copper, as receptacles for the staves.
Wɔde nkawa ɛnan ɛnan sensɛnee otwidadeɛ no fa biara a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu.
6 And he made the staves of shittim wood, and overlaid them with copper.
Okuo nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.
7 And he put the staves into the rings on the sides of the altar, to bear it by means of them; hollow, of boards, made he it.
Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkawa no a ɛbobɔ afɔrebukyia no nkyɛn no mu. Ntaaboɔ na wɔde yɛeɛ. Na emu da ɛkwan nso.
8 And he made the laver of copper, and its foot of copper, of the mirrors of the assembled women who had assembled in troops at the door of the tabernacle of the congregation.
Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no.
9 And he made the court: on the south side, on the right, the hangings of the court were of twisted linen, of one hundred cubits;
Afei, wɔyɛɛ adihɔ. Fasuo a ɛwɔ nʼanafoɔ no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛeɛ.
10 Their pillars were twenty, with their twenty sockets of copper; the hooks of the pillars and their fillets were of silver.
Nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu na ɛsosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no nso sosɔ nsɛnanimu no mu.
11 And for the north side one hundred cubits; their pillars were twenty, with their twenty sockets of copper; the hooks of the pillars and their fillets were of silver.
Na atifi ɔfasuo no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinasoɔ a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho.
12 And for the west side were hangings of fifty cubits; their pillars were ten, and their sockets ten; the hooks of the pillars and their fillets were of silver.
Atɔeɛ fam ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nnurahotam na ɛyɛɛ ɔfasuo no. Nnua edu, ne nnyinasoɔ ne dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ntweaa na na ɛma saa ɔfasuo no gyina.
13 And for the front side, eastward, fifty cubits.
Apueeɛ fam nso, na ne trɛ yɛ anammɔn aduɔson enum.
14 Hangings of fifteen cubits, were on the one wing: their pillars were three, and their sockets three.
Na adihɔ hɔ ɛkwan no wɔ apueeɛ fam a wɔde nkatanimu mmienu akata hɔ. Na nkatanimu a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa. Na nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu na na ɛkura mu.
15 And for the other wing, on both sides of the gate of the court, were hangings of fifteen cubits; their pillars were three, and their sockets three.
Na nkatanimu a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu kura mu.
16 all the hangings of the court round about were of twisted linen.
Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwonoo nnurahotam a wɔde twaa adihɔ hɔ no ho.
17 And the sockets for the pillars were of copper; the hooks of the pillars and their fillets, of silver; and the overlaying of their tops was of silver; and all the pillars of the court were filleted with silver.
Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa.
18 And the hanging for the gate of the court was the work of the embroiderer, of blue, and purple, and scarlet yarn, and twisted linen; and twenty cubits was the length, and the height, in the breadth, was five cubits, answering to the hangings of the court.
Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no.
19 And the pillars for the same were four, with their four sockets of copper; their hooks were of silver, and the overlaying of their tops and their fillets, of silver.
Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.
20 And all the pins of the tabernacle, and of the court round about were of copper.
Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.
21 These are the accounts [of the articles furnished] for the tabernacle, even of the tabernacle of the testimony, which were counted, according to the order of Moses, the service of the Levites, by the hand of Ithamar, the son of Aaron, the priest.
Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so.
22 And Bezalel the son of Uri, the son of Chur, of the tribe of Judah, made all that the Lord had commanded Moses.
Na Hur ba Uri ba Besaleel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ Mose nyinaa.
23 And with him was Aholiab the son of Achissamach, of the tribe of Dan, an engraver, and a skilful weaver, and an embroiderer in blue, and in purple, and in scarlet yarn, and in linen thread.
Ne ɔboafoɔ ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfoɔ a ɔtumi twa atwerɛ gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwonofoɔ a ɔtumi de asaawatam tuntum, bibire ne koogyan di adwini gu ntoma mu.
24 All the gold that was applied to the work in all the work of the sanctuary, to wit, the gold of the offering, was twenty and nine talents, and seven hundred and thirty shekels, after the shekel of the sanctuary.
Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem baeɛ. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma.
25 And the silver of those that were numbered of the congregation was one hundred talents, and a thousand seven hundred and seventy and five shekels, after the shekel of the sanctuary:
Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de baeɛ yɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan.
26 A bekah for every head, that is, half a shekel, after the shekel of the sanctuary, for every one that went to be numbered, from twenty years old and upward, for six hundred thousand and three thousand and five hundred and fifty.
Saa dwetɛ yi firi ɛtoɔ a wɔtwa maa mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ a wɔkan wɔn no. Wɔgye firii mmarima mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum ne aduonum hɔ.
27 And the hundred talents of silver served to cast the sockets of the sanctuary, and the sockets of the vail: one hundred sockets to the hundred talents, a talent for every socket.
Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.
28 And of the thousand seven hundred and seventy and five shekels he made hooks for the pillars, and overlaid their tops and filleted them.
Dwetɛ kilogram aduonu a ɛkaeɛ no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampam, de bi yɛɛ mpomma no ne nkɔtɔkorɔ no.
29 And the copper of the offering was seventy talents, and two thousand and four hundred shekels.
Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde baeɛ no nso, na ɛyɛ kilogram mpem mmienu ne ahanan.
30 And he made therewith the sockets of the door of the tabernacle of the congregation, and the altar of copper, and the grating of copper for it, and all the vessels of the altar;
Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, kɔbere mfrafraeɛ otwidadeɛ,
31 And the sockets of the court round about, and the socket of the court gate, and all the pins of the tabernacle, and all the pins of the court round about.
afɔrebukyia no so nneɛma, adum no nnyinasodeɛ a ɛkura nnurahotam a ɛtwa adihɔ no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiaeɛ Ntomadan no de yɛɛ adihɔ hɔ adwuma nyinaa.

< Exodus 38 >