< Deuteronomy 30 >

1 And it shall come to pass, when all these things are come upon thee, the blessing and the curse, which I have set before thee, and thou reflectest on them in thy heart among all the nations, whither the Lord thy God hath driven thee,
Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so wɔ baabiara a Awurade mo Onyankopɔn bɛhwete mo akɔ wɔ aman no mu,
2 So that thou returnest unto the Lord thy God, and hearkenest unto his voice according to all that I command this day, thou and thy children, with all thy heart, and with all thy soul:
na mo ne mo mma sane ba Awurade, mo Onyankopɔn, nkyɛn, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa yɛ ɔsetie ma no sɛdeɛ merekyerɛ mo ɛnnɛ yi a,
3 That then the Lord thy God will restore thy captivity, and have mercy upon thee; and he will again gather thee from all the nations, whither the Lord thy God hath scattered thee.
ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio.
4 If thy outcasts be at the outmost parts of heaven, from there will the Lord thy God gather thee, and from there will he fetch thee:
Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri hɔ no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio.
5 And the Lord thy God will bring thee into the land which thy fathers possessed, and thou shalt possess it; and he will do thee good, and multiply thee above thy fathers.
Awurade Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom dea so, na moafa sɛ agyapadeɛ. Ɔbɛma mo adi yie na mo adɔɔso asene mo agyanom.
6 And the Lord thy God will circumcise thy heart, and the heart of thy seed, to love the Lord thy God with all thy heart, and with all thy soul, in order that thou mayest live.
Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena.
7 And the Lord thy God will put all these denunciations upon thy enemies, and on those that hate thee, who have persecuted thee.
Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so.
8 And thou wilt return and hearken unto the voice of the Lord, and thou wilt do all his commandments which I command thee this day.
Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so.
9 And the Lord thy God will make thee pre-eminent in every work of thy hand, in the fruit of thy body, and in the fruit of thy cattle, and in the fruit of thy land, for good; for the Lord will again rejoice over thee for good, as he rejoiced over thy fathers;
Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye sɛ ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no.
10 If thou wilt hearken unto the voice of the Lord thy God, to keep his commandments and his statutes which are written in this book of the law; if thou wilt return unto the Lord thy God with all thy heart, and with all thy soul.
Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra dɔ no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho.
11 For this commandment which I command thee this day, is not hidden from thee, nor is it far off.
Nokorɛm, saa mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi sodie nyɛ den, na ɛnyɛ adeɛ a morentumi nyɛ nso.
12 It is not in heaven; that thou shouldst say, Who will go up for us to heaven, and fetch it down unto us, and cause us to hear it, that we may do it?
Ɛnni soro a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ soro ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”
13 Neither is it beyond the sea; that thou shouldst say, Who will go over the sea for us, and fetch it unto us, and cause us to hear it, that we may do it!
Saa ara nso na ɛnni ɛpo agya a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛtwa akɔ ɛpo fa nohoa ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”
14 But the word is very nigh unto thee, in thy mouth, and in thy heart, that thou mayest do it.
Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano, na ɛwɔ wʼakoma mu. Ɛno enti, monni so.
15 See, I have set before thee this day life and the good, death and the evil;
Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne nkɔsoɔ, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim.
16 In that I command thee this day to love the Lord thy God, to walk in his ways, and to keep his commandments and his statutes and his ordinances; that thou mayest live and multiply; and that the Lord thy God may bless thee in the land whither thou goest to possess it.
Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.
17 But if thy heart turn away, so that thou wilt not hearken, and thou sufferest thyself to be drawn away, and thou bowest down to other gods, and servest them:
Nanso sɛ mo akoma dane, sɛ moanyɛ ɔsetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkoto anyame foforɔ, na mosom wɔn a,
18 I announce unto you this day, that ye shall surely perish; ye shall not remain many days upon the land, whither thou passest over the Jordan to go thither to possess it.
mepae mu ka kyerɛ mo ɛnnɛ sɛ, nokorɛm wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapadeɛ no so nkyɛ.
19 I call heaven and earth as witnesses against you this day, that I have set before you life and death, the blessing and the curse; therefore choose thou life, in order that thou mayest live, both thou and thy seed;
Nnɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ monyi deɛ mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ. Momfa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne mo asefoɔ bɛnya nkwa!
20 To love the Lord thy God, to hearken to his voice, and to cleave unto him; for he is thy life, and the length of thy days; that thou mayest dwell in the land which the Lord swore unto thy fathers, to Abraham, to Isaac, and to Jacob, to give unto them.
Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monyɛ ɔsetie mma no, na momfa mo ho mma no, ɛfiri sɛ, ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.

< Deuteronomy 30 >