< Amos 1 >

1 The words of 'Amos, who was among the herdmen of Tekoa, which he foresaw concerning Israel in the days of 'Uzziyah the king of Judah, and in the days of Jerobo'am the son of Joash the king of Israel, two years before the earthquake.
Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.
2 And he said, The Lord will cry aloud out of Zion, and from Jerusalem will he send forth his voice; and then shall mourn the pastures of the shepherds, and then shall dry up the top of Carmel.
Ɔkaa sɛ: “Awurade bobom firi Sion bepɔ so na ɔde aprannaa nnyegyeeɛ nso firi Yerusalem; nnwanhwɛfoɔ mmoa adidibea rehye na Karmel atifi nso kusa.”
3 Thus hath said the Lord, For three transgressions of Damascus, and for four, will I not turn away their punishment; because they have threshed [the inhabitants of] Gil'ad with threshing instruments of iron;
Deɛ Awurade seɛ nie: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɛfiri sɛ, ɔde ayuporeeɛ adeɛ a ɛwɔ dadeɛ se dwerɛɛ Gilead.
4 And I will send a fire into the house of Chazael, which shall devour the palaces of Ben-hadad.
Mede ogya bɛto Hasael efie na ahye Ben-Hadad aban no.
5 And I will break the bars of Damascus, and cut off the inhabitants from the valley of Aven, and him that holdeth the sceptre from the house of 'Eden: and the people of Syria shall be exiled unto Kir, saith the Lord.
Mɛbubu Damasko apono, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bɔnhwa no mu no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Bet Eden no. Na Aramfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Kir,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
6 Thus hath said the Lord, For three transgressions of Gazzah, and for four, will I not turn away their punishment; because they carried away exiles in full numbers, to deliver them up to Edom;
Deɛ Awurade seɛ nie: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ.
7 And I will send a fire against the wall of Gazzah, which shall devour her palaces;
Mede ogya bɛto Gasa afasuo mu, na ahye nʼaban no.
8 And I will cut off the inhabitants from Ashdod, and him that holdeth the sceptre from Ashkelon, and I will turn my hand against 'Ekron: and the remnant of the Philistines shall perish, saith the Lord Eternal.
Mɛsɛe Asdod ɔhene no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. Mɛdane me nsa atia Ekron, kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
9 Thus hath said the Lord, For three transgressions of Tyre, and for four, will I not turn away their punishment; because they delivered up the exiles in full numbers to Edom, and remembered not the brotherly covenant;
Deɛ Awurade seɛ nie: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔfaa ɔman mu no nnommum na ɔtɔnee wɔn maa Edomfoɔ, a wankae onuadɔ apam.
10 And I will send a fire against the walls of Tyre, which shall devour her palaces.
Mede ogya bɛto Tiro afasuo no mu, na ahye nʼaban.”
11 Thus hath said the Lord, For three transgressions of Edom, and for four, will I not turn away their punishment; because he pursued with the sword his brother, and disregarded his mercy, and his anger tore in pieces continually, and he kept his wrath for ever:
Deɛ Awurade seɛ nie: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena taataa ne nua, a wannya ayamhyehyeɛ biara. Ɛfiri sɛ ne bo kɔɔ so fuiɛ na obiara antumi annwodwo nʼabufuo no ano.
12 And I will send out a fire against Theman, which shall devour the palaces of Bozrah.
Mede ogya bɛto Teman mu, na ahye Bosra aban.”
13 Thus hath said the Lord, For three transgressions of the children of 'Ammon, and for four, will I not turn away their punishment; because they have ripped up the pregnant women of Gil'ad, in order to enlarge their own territory;
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu de trɛɛ nʼahyeɛ mu.
14 And I will kindle a fire within the walls of Rabbah, which shall devour her palaces, with shouting on the day of battle, with a storm on the day of the tempest;
Mede ogya bɛto Raba afasuo mu na ahye nʼaban wɔ ɔko da mu nteateam ne ahum da ntwaho mframa mu.
15 And their king shall go into exile, he and his princes together, saith the Lord.
Na ne ɔhene ne mmapɔmma bɛbom akɔ nnommumfa mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

< Amos 1 >