< Judges 8 >

1 And the men of Ephraim said to Gedeon, What [is] this [that] you have done to us, in that you did not call us when you went to fight with Madiam? and they chode with him sharply.
Afei, Efraimfoɔ no bisaa Gideon sɛ, “Adɛn enti na woyɛ yɛn saa? Adɛn enti na worekɔko atia Midian kane no, woamfrɛ yɛn?” Na wɔne Gideon kasaa anibereɛ so.
2 And he said to them, What have I now done in comparison of you? [is] not the gleaning of Ephraim better than the vintage of Abiezer?
Na Gideon buaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ a mede bɛtoto mo ho? Na Efraim bobe aba a ɛka wɔ twaberɛ akyi no nyɛ nsene Abieser bobe a wɔnteeɛ nyinaa?
3 The Lord has delivered into your hand the princes of Madiam, Oreb and Zeb; and what could I do in comparison of you? Then was their spirit calmed toward him, when he spoke this word.
Onyankopɔn ma modii Oreb ne Seeb a na wɔyɛ Midian asahene no so. Ɛdeɛn na matumi ayɛ a ɛsɛ yei?” Efraim mmarima no tee Gideon mmuaeɛ no, wɔn bo tɔɔ wɔn yam.
4 And Gedeon came to Jordan, and went over, himself and the three hundred with him, hungry, yet pursuing.
Gideon ne ne mmarima ahasa no twaa Asubɔnten Yordan, ɛwom sɛ na wɔabrɛ deɛ, nanso wɔtoaa so taa atamfoɔ no.
5 And he said to the men of Socchoth, Give, I pray you, bread to feed this people that follow me; because they are faint, and behold, I am following after Zebee and Salmana, kings of Madiam.
Wɔduruu Sukot no, Gideon ka kyerɛɛ ntuanofoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Momma mʼakofoɔ no aduane nni na wɔabrɛ. Meretaa Midian ahemfo Seba ne Salmuna.”
6 And the princes of Socchoth said, [Are] the hands of Zebee and Salmana now in your hand, that we should give bread to your host?
Na Sukot ntuanofoɔ no buaa sɛ, “Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ no aduane adi.”
7 And Gedeon said, Therefore when the Lord gives Zebee and Salmana into my hand, then will I tear your flesh with the thorns of the wilderness, and the Barkenim.
Gideon buaa sɛ, “Sɛ Awurade ma medi Seba ne Salmuna so nkonim a, mɛsane aba de ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ abɛsunsuane mo honam ani.”
8 And he went up thence to Phanuel, and spoke to them likewise: and the men of Phanuel answered him as the men of Socchoth [had] answered him.
Na Gideon firii hɔ kɔɔ Penuel kɔsrɛɛ aduane bio, na ɔnyaa mmuaeɛ korɔ no ara.
9 And Gedeon said to the men of Phanuel, When I return in peace, I will break down this tower.
Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no sɛ, “Sɛ mefiri nkonimdie mu ba a, mɛbubu saa abantenten yi.”
10 And Zebee and Salmana [were] in Carcar, and their host [was] with them, about fifteen thousand, all that were left of all the host of the aliens; and they that fell [were] a hundred and twenty thousand men that drew the sword.
Saa ɛberɛ yi na Seba ne Salmuna ne akofoɔ mpem dunum wɔ Karkor, aboafoɔ a wɔfiri apueeɛ fam a na emu ɔpeha aduonu atotɔ dada no nkaeɛfoɔ.
11 And Gedeon went up by the way of them that lived in tents, eastward of Nabai and Jegebal; and he struck the host, and the host was secure.
Gideon faa atutenafoɔ ɛkwan a ɛda Noba ne Yogbeha apueeɛ fam no ho hyiaeɛ, na wɔto hyɛɛ Midian akodɔm a na wɔn ani nna wɔn ho soɔ no so.
12 And Zebee and Salmana fled; and he pursued after them, and took the two kings of Madiam, Zebee and Salmana, and discomfited all the army.
Midian ahemfo baanu a wɔn din de Seba ne Salmuna no dwaneeɛ, nanso Gideon taa wɔn faa wɔn akofoɔ nyinaa nnommum.
13 And Gedeon the son of Joas returned from the battle, down from the battle of Ares.
Yei akyi no, Yoas ba Gideon faa Heres kwantempɔn so saneeɛ.
14 And he took prisoner a young lad of the men of Socchoth, and questioned him; and he wrote to him the names of the princes of Socchoth and of their elders, seventy-seven men.
Ɛhɔ na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔntwerɛ nnipa aduɔson nson a wɔyɛ sodifoɔ ne ntuanofoɔ a wɔwɔ kuro no mu no din mma no.
15 And Gedeon came to the princes of Socchoth, and said, Behold Zebee and Salmana, about whom you reproached me, saying, [Are] the hands of Zebee and Salmana now in your hand, that we should give bread to your men that are faint?
Afei, Gideon sane kɔɔ Sukot kɔka kyerɛɛ ɛhɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Seba ne Salmuna nie. Yɛbaa ha no modii me ho fɛ, kaa sɛ, ‘Kyere Seba ne Salmuna ansa na yɛama wʼakofoɔ a wɔabrɛ no aduane adi.’”
16 And he took the elders of the city with the thorns of the wilderness and the Barkenim, and with them he tore the men of the city.
Afei Gideon faa kuro no mu ntuanofoɔ kyerɛɛ wɔn nyansa. Ɔde ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ twee wɔn aso.
17 And he overthrew the tower of Phanuel, and killed the men of the city.
Ɔsane dwirii Penuel abantenten no guu fam, kunkumm kuro no mu mmarima nyinaa.
18 And he said to Zebee and Salmana, Where [are] the men whom you killed in Thabor? and they said, As you, so [were] they, according to the likeness of the son of a king.
Afei, ɔbisaa Seba ne Salmuna sɛ, “Mmarima a mokumm wɔn wɔ Tabor no, na wɔte sɛn?” Wɔbuaa sɛ, “Mmarima no te sɛ wo. Na wɔn mu biara te sɛ ɔheneba.”
19 And Gedeon said, They were my brethren and the sons of my mother: [as] the Lord lives, if you had preserved them alive, I would not have slain you.
Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Na wɔyɛ me nuanom. Sɛ Awurade te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenkum mo.”
20 And he said to Jether his firstborn, Rise and kill them; but the lad drew not his sword, for he was afraid, for he was yet very young.
Ɔdanee nʼani kyerɛɛ ne babarima panin Yeter sɛ, “Ku wɔn.” Nanso Yeter antwe nʼakofena, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ abarimaa enti na ɔsuro.
21 And Zebee and Salmana said, Rise you and fall upon us, for your power [is] as that of a man; and Gedeon arose, and killed Zebee and Salmana: and he took the round ornaments that were on the necks of their camels.
Seba ne Salmuna ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Mma abarimaa nyɛ ɔpanin adwuma! Wo ankasa yɛ!” Enti, Gideon kumm wɔn baanu, faa adehyeɛ agudeɛ a ɛsensɛn wɔn yoma kɔn mu no.
22 And the men of Israel said to Gedeon, Rule, [my] lord, over us, both you, and your son, and your son's son; for you have saved us out of the hand of Madiam.
Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Gideon sɛ, “Di yɛn so ɔhene. Wo ne wo babarima ne wo nana bɛyɛ yɛn ahemfo, ɛfiri sɛ, woagye yɛn afiri Midianfoɔ nsam.”
23 And Gedeon said to them, I will not rule, and my son shall not rule among you; the Lord shall rule over you.
Nanso, Gideon buaa sɛ, “Merenni mo so ɔhene na me babarima nso renni mo so ɔhene. Awurade na ɔbɛdi mo so.”
24 And Gedeon said to them, I will make a request of you, and do you give me every man an earring out of his spoils: for they had golden earrings, for they were Ismaelites.
Mmom Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ, mewɔ adebisa baako. “Mo mu biara mma me asomuadeɛ baako a mofa firii asadeɛ a monya firii mo atamfoɔ a modii wɔn so no nkyɛn.” (Atamfoɔ a na wɔyɛ Ismaelfoɔ no na obiara hyɛ sikakɔkɔɔ asomuadeɛ).
25 And they said, We will certainly give them: and he opened his garment, and each man cast therein an earring of his spoils.
Wɔbuaa sɛ, “Yɛpene so dodo.” Wɔde akatasoɔ sɛɛ fam. Na obiara de ne sikakɔkɔɔ asomuadeɛ a ɔnyaeɛ bɛguu so.
26 And the weight of the golden earrings which he asked, was a thousand and seven hundred pieces of gold, besides the crescents, and the chains, and the garments, and the purple cloths that were on the kings of Madiam, and besides the chains that were on the necks of their camels.
Na sikakɔkɔɔ asomuadeɛ dodoɔ a wɔnyaeɛ no karii kilogram aduonu a asrane nketewa ne kɔnmuadeɛ, Midian ahemfo adehyeɛ ahyehyɛdeɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu wɔn yoma kɔn mu nka ho.
27 And Gedeon made an ephod of it, an set it in his city in Ephratha; and all Israel went there a whoring after it, and it became a stumbling block to Gedeon and his house.
Gideon de yɛɛ asɔfotadeɛ kronkron na ɔde sii kuro Ofra, ne kurom, mu. Nanso, ankyɛre na Israelfoɔ no kɔsom no de guu wɔn ho fi na ɛdanee afidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.
28 And Madiam, was straitened before the children of Israel, and they did not lift up their head any more; and the land had rest forty years in the days of Gedeon.
Yei ne abasɛm a ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ dii Midianfoɔ so nkonim a wantumi ansɔre bio. Gideon nna a ɛtwa toɔ bɛyɛ mfeɛ aduanan mu no, na asomdwoeɛ wɔ asase no so.
29 And Jerobaal the son of Joas went and sat in his house.
Afei, Yoas babarima Yerub-Baal sane kɔɔ ne kurom.
30 And Gedeon had seventy sons begotten of his body, for he had many wives.
Na ɔwɔ yerenom bebree enti ɔwoo mmammarima aduɔson.
31 And his concubine was in Sychem, and she also bore him a son, and gave him the name Abimelech.
Na ɔwɔ mpena nso wɔ Sekem a ɔne no woo ɔbabarima, too ne din Abimelek.
32 And Gedeon son of Joas died in his city, and he was buried in the sepulchre of Joas his father in Ephratha of Abi-Esdri.
Gideon wuiɛ no na wanyini yie. Na wɔsiee no wɔ nʼagya Yoas damena mu wɔ Ofra wɔ Abieserfoɔ abusuasase so.
33 And it came to pass when Gedeon was dead, that the children of Israel turned, and went a whoring after Baalim, and made for themselves a covenant with Baal that he should be their god.
Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no kɔsom Baal ahoni, de bɔɔ wɔn ho ahohwi. Wɔnam so yɛɛ Baal-Berit wɔn nyame.
34 And the children of Israel remembered not the Lord their God who had delivered them out of the hand of all that afflicted them round about.
Wɔn werɛ firii Awurade, wɔn Onyankopɔn a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam no.
35 And they did not deal mercifully with the house of Jerobaal, (the same is Gedeon) according to all the good which he did to Israel.
Na mpo, wɔanni nokorɛ ankyerɛ Yerub-Baal (a ɔne Gideon) fiefoɔ wɔ nneɛma pa a ɔyɛ maa Israelfoɔ no ho.

< Judges 8 >