< Job 9 >

1 Then Job answered and said,
Na Hiob kasaa bio se:
2 I know of a truth that it is so: for how shall a mortal man be just before the Lord?
“Yiw, minim sɛ eyi yɛ nokware. Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani bɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim?
3 For if he would enter into judgment with him, [God] would not listen to him, so that he should answer to one of his charges of a thousand.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi ano a, ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.
4 For he is wise in mind, and mighty, and great: who has hardened himself against him and endured?
Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so. Hena na ɔne no adi asi na ne ho baabiara anti?
5 Who wears out the mountains, and [men] know it not: who overturns them in anger.
Otutu mmepɔw a wonnim ho hwee obubu wɔn fa so wɔ nʼabufuw mu.
6 Who shakes the [earth] under heaven from its foundations, and its pillars totter.
Ɔwosow asase fi ne sibea, na ɔma ne nnyinaso wosow biribiri.
7 Who commands the sun, and it rises not; and he seals up the stars.
Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn, na ɔsɔw nsoromma hyerɛn ano.
8 Who alone has stretched out the heavens, and walks on the sea as on firm ground.
Ɔno nko ara na ɔtrɛw ɔsoro mu, na ɔnantew po asorɔkye so.
9 Who makes Pleias, and Hesperus, and Arcturus, and the chambers of the south.
Ɔno ne Nyankrɛnte, Akokɔbeatan ne ne mma Yɛfo; anafo fam nsorommakuw no.
10 Who does great and unsearchable things; glorious also and excellent things, innumerable.
Ɔyɛ anwonwade a wontumi nte ase, nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan.
11 If ever he should go beyond me, I shall not see him: if he should pass by me, neither thus have I known [it].
Sɛ ɔnam me ho a, minhu no; sɛ ɔsen a, minhu no.
12 If he would take away, who shall turn him back? or who shall say to him, What have you done?
Sɛ ohwim kɔ a, hena na osiw no kwan? Hena na obetumi abisa no se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’
13 For [if] he has turned away [his] anger, the whales under heaven have stooped under him.
Onyankopɔn nkora nʼabufuw so; Rahab aboafo mpo ho popo wɔ nʼanim.
14 Oh then that he would listen to me, or judge my cause.
“Na me ne hena a mene no beyiyi ano? Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de begye akyinnye?
15 For though I be righteous, he will not listen to me: I will entreat his judgment.
Sɛ minnim ho hwee mpo a, merentumi nyi nʼano; ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔbɔ afi me temmufo nkyɛn.
16 And if I should call and he should not listen, I can’t believe that he has listened to my voice.
Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a, minnye nni sɛ obetie mʼasɛm.
17 Let him not crush me with a dark storm: but he has made by bruises many without cause.
Ɔde asorɔkye bɛhwe me ama mʼapirakuru adɔɔso kwa.
18 For he suffers me not to take breath, but he has filled me with bitterness.
Ɔremma minnya mʼahome, bio, ɔde awerɛhow bɛhyɛ me ma tɔ.
19 For indeed he is strong in power: who then shall resist his judgment?
Sɛ ɛyɛ ahoɔden asɛm a, ɔyɛ ɔhoɔdenfo! Na sɛ ɛba atɛntrenee nso a, hena na ɔne no bedi asi?
20 For though I should seem righteous, my mouth will be profane: and though I should seem blameless, I shall be proved perverse.
Sɛ midi bem mpo a, mʼano bebu me kumfɔ; sɛ me ho nni asɛm a, ebebu me fɔ.
21 For even if I have sinned, I know it not [in] my soul: but my life is taken away.
“Ɛwɔ mu sɛ midi bem de, nanso mimmu me ho; abrabɔ afono me.
22 Therefore I said, Wrath slays the great and mighty man.
Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno nti na meka se, ‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne omumɔyɛfo.’
23 For the worthless die, but the righteous are laughed to scorn.
Bere a amanehunu de owu aba no, ɔserew nea ne ho nni asɛm no abawpa.
24 For they are delivered into the hands of the unrighteous [man]: he covers the faces of the judges [of the earth]: but if it be not he, who is it?
Bere a asase akɔ amumɔyɛfo nsam no, ofura ɛso atemmufo ani. Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hena?
25 But my life is swifter than a post: [my days] have fled away, and they knew it not.
“Me nna ho yɛ hare sen ommirikatufo; ɛsen kɔ a anigye kakra mpo nni mu.
26 Or again, is there a trace of [their] path [left] by ships? or is there one of the flying eagle as it seeks [its] prey?
Etwa mu kɔ sɛ akorow a wɔde paparɔso ayɛ te sɛ akɔre a wɔretow akyere wɔn hanam.
27 And if I should say, I will forget to speak, I will bow down my face and groan;
Sɛ meka se, ‘Me werɛ mfi mʼanwiinwii, mɛsakra me nsɛnka, na maserew a,’
28 I quake in all my limbs, for I know that you will not leave me alone [as] innocent.
me yaw ahorow no bɔ me hu ara. Na minim sɛ, woremmu me bem.
29 But since I am ungodly, why have I not died?
Woabu me fɔ dedaw nti, adɛn na ɛsɛ sɛ mehaw me ho kwa?
30 For if I should wash myself with snow, and purge myself with pure hands,
Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina guare na mede samina hohoro me nsa ho a,
31 you had thoroughly plunged me in filth, and my garment had abhorred me.
wobɛtow me akyene dontori amoa mu, ama mʼatade mpo akyi me.
32 For you are not man like me, with whom I could contend, that we might come together to judgment.
“Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano, na yɛakogyina asennii abobɔ yɛn nkuro.
33 Would that [he] our mediator were [present], and a reprover, and one who should hear [the cause] between both.
Sɛ anka obi wɔ hɔ a obesiesie yɛn ntam na waka yɛn baanu abɔ mu,
34 Let him remove [his] rod from me, and let not his fear terrify me:
obi a obeyi Onyankopɔn abaa afi me so, na nʼahunahuna ammɔ me hu bio.
35 so shall I not be afraid, but I will speak: for I am not thus conscious [of guilt].
Anka mɛkasa a merensuro no, nanso saa tebea a mewɔ mu yi de, mintumi.

< Job 9 >