< Numbers 8 >
1 And the LORD spake unto Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 Speak unto Aaron, and say unto him, When thou lightest the lamps, the seven lamps shall give light over against the candlestick.
“Ka kyerɛ Aaron sɛ, sɛ ɔsɔ nkanea nson a ɛwɔ kaneadua no so no a, ɔnsɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛto ne hann no akɔ nʼanim.”
3 And Aaron did so; he lighted the lamps thereof over against the candlestick, as the LORD commanded Moses.
Enti, Aaron yɛɛ saa.
4 And this work of the candlestick [was of] beaten gold, unto the shaft thereof, unto the flowers thereof, [was] beaten work: according unto the pattern which the LORD had shewed Moses, so he made the candlestick.
Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no.
5 And the LORD spake unto Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
6 Take the Levites from among the children of Israel, and cleanse them.
“Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho.
7 And thus shalt thou do unto them, to cleanse them: Sprinkle water of purifying upon them, and let them shave all their flesh, and let them wash their clothes, and [so] make themselves clean.
Fa ahodwira nsuo pete wɔn so. Ma wɔnyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa, afei wɔn ho bɛte.
8 Then let them take a young bullock with his meat offering, [even] fine flour mingled with oil, and another young bullock shalt thou take for a sin offering.
Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra.
9 And thou shalt bring the Levites before the tabernacle of the congregation: and thou shalt gather the whole assembly of the children of Israel together:
Afei, frɛ Israelfoɔ no nyinaa hyia na fa Lewifoɔ no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano.
10 And thou shalt bring the Levites before the LORD: and the children of Israel shall put their hands upon the Levites:
Ɛhɔ, wɔ Awurade anim, mpanimfoɔ a wɔtuatua mmusuakuo no ano no de wɔn nsa bɛgu wɔn so
11 And Aaron shall offer the Levites before the LORD [for] an offering of the children of Israel, that they may execute the service of the LORD.
na Aaron ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ ɔde wɔn rema Awurade sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israel manfoɔ nyinaa nkyɛn. Lewifoɔ bɛsi nnipa no nyinaa anan asom Awurade.
12 And the Levites shall lay their hands upon the heads of the bullocks: and thou shalt offer the one [for] a sin offering, and the other [for] a burnt offering, unto the LORD, to make an atonement for the Levites.
“Afei, Lewifoɔ mpanimfoɔ no de wɔn nsa bɛgu nantwie mma no apampam na wɔde wɔn ama Awurade. Wɔde baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na wɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de ayɛ mpatadeɛ ama Lewifoɔ no.
13 And thou shalt set the Levites before Aaron, and before his sons, and offer them [for] an offering unto the LORD.
Afei, wɔde Lewifoɔ no bɛma Aaron ne ne mma te sɛ deɛ wɔde afɔrebɔdeɛ biara fa asɔfoɔ so de ma Awurade no.
14 Thus shalt thou separate the Levites from among the children of Israel: and the Levites shall be mine.
Monam saa ɛkwan yi so bɛyi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu ama me, na wɔayɛ me dea.
15 And after that shall the Levites go in to do the service of the tabernacle of the congregation: and thou shalt cleanse them, and offer them [for] an offering.
“Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma.
16 For they [are] wholly given unto me from among the children of Israel; instead of such as open every womb, [even instead of] the firstborn of all the children of Israel, have I taken them unto me.
Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ.
17 For all the firstborn of the children of Israel [are] mine, [both] man and beast: on the day that I smote every firstborn in the land of Egypt I sanctified them for myself.
Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea—nnipa ne mmoa nyinaa. Anadwo a mekumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfoɔ.
18 And I have taken the Levites for all the firstborn of the children of Israel.
Mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu.
19 And I have given the Levites [as] a gift to Aaron and to his sons from among the children of Israel, to do the service of the children of Israel in the tabernacle of the congregation, and to make an atonement for the children of Israel: that there be no plague among the children of Israel, when the children of Israel come nigh unto the sanctuary.
Na mede Lewifoɔ no bɛkyɛ Aaron ne ne mmammarima. Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama nkurɔfoɔ de ayɛ mpatadeɛ ama wɔn. Ɔyaredɔm biara renka Israelfoɔ no, nanso sɛ nnipa afoforɔ biara kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, wɔbɛyareyare.”
20 And Moses, and Aaron, and all the congregation of the children of Israel, did to the Levites according unto all that the LORD commanded Moses concerning the Levites, so did the children of Israel unto them.
Enti, Mose ne Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa faa ɛkwan a Awurade kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifoɔ no maa Awurade.
21 And the Levites were purified, and they washed their clothes; and Aaron offered them [as] an offering before the LORD; and Aaron made an atonement for them to cleanse them.
Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sii wɔn nneɛma ɛnna Aaron de wɔn hyɛɛ Awurade nsa. Ɔyɛɛ wɔn ho mpatadwuma de tee wɔn ho.
22 And after that went the Levites in to do their service in the tabernacle of the congregation before Aaron, and before his sons: as the LORD had commanded Moses concerning the Levites, so did they unto them.
Ɛno akyi, wɔkɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ Aaron ne ne mmammarima aboafoɔ. Wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no.
23 And the LORD spake unto Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
24 This [is it] that [belongeth] unto the Levites: from twenty and five years old and upward they shall go in to wait upon the service of the tabernacle of the congregation:
“Sɛ Lewini biara di mfeɛ aduonu enum a, ma no mfiri aseɛ nsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu,
25 And from the age of fifty years they shall cease waiting upon the service [thereof], and shall serve no more:
na wɔdi mfeɛ aduonum a, wɔapɔn wɔn ho.
26 But shall minister with their brethren in the tabernacle of the congregation, to keep the charge, and shall do no service. Thus shalt thou do unto the Levites touching their charge.
Sɛ wɔpɔn wɔn ho a, wɔtumi di dwuma nketenkete wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. Wɔrenyɛ nnwuma a daa ɛbɛgye wɔn berɛ.”