< Numbers 31 >

1 And the LORD spake unto Moses, saying,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 Avenge the children of Israel of the Midianites: afterward shalt thou be gathered unto thy people.
“Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.”
3 And Moses spake unto the people, saying, Arm some of yourselves unto the war, and let them go against the Midianites, and avenge the LORD of Midian.
Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no.
4 Of every tribe a thousand, throughout all the tribes of Israel, shall ye send to the war.
Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”
5 So there were delivered out of the thousands of Israel, a thousand of [every] tribe, twelve thousand armed for war.
Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no.
6 And Moses sent them to the war, a thousand of [every] tribe, them and Phinehas the son of Eleazar the priest, to the war, with the holy instruments, and the trumpets to blow in his hand.
Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ.
7 And they warred against the Midianites, as the LORD commanded Moses; and they slew all the males.
Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu.
8 And they slew the kings of Midian, beside the rest of them that were slain; [namely], Evi, and Rekem, and Zur, and Hur, and Reba, five kings of Midian: Balaam also the son of Beor they slew with the sword.
Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no.
9 And the children of Israel took [all] the women of Midian captives, and their little ones, and took the spoil of all their cattle, and all their flocks, and all their goods.
Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho.
10 And they burnt all their cities wherein they dwelt, and all their goodly castles, with fire.
Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa.
11 And they took all the spoil, and all the prey, [both] of men and of beasts.
Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho.
12 And they brought the captives, and the prey, and the spoil, unto Moses, and Eleazar the priest, and unto the congregation of the children of Israel, unto the camp at the plains of Moab, which [are] by Jordan [near] Jericho.
Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no.
13 And Moses, and Eleazar the priest, and all the princes of the congregation, went forth to meet them without the camp.
Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan.
14 And Moses was wroth with the officers of the host, [with] the captains over thousands, and captains over hundreds, which came from the battle.
Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no.
15 And Moses said unto them, Have ye saved all the women alive?
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no?
16 Behold, these caused the children of Israel, through the counsel of Balaam, to commit trespass against the LORD in the matter of Peor, and there was a plague among the congregation of the LORD.
Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa Awurade kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no.
17 Now therefore kill every male among the little ones, and kill every woman that hath known man by lying with him.
Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa.
18 But all the women children, that have not known a man by lying with him, keep alive for yourselves.
Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena.
19 And do ye abide without the camp seven days: whosoever hath killed any person, and whosoever hath touched any slain, purify [both] yourselves and your captives on the third day, and on the seventh day.
“Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so.
20 And purify all [your] raiment, and all that is made of skins, and all work of goats’ [hair], and all things made of wood.
Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”
21 And Eleazar the priest said unto the men of war which went to the battle, This [is] the ordinance of the law which the LORD commanded Moses;
Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose.
22 Only the gold, and the silver, the brass, the iron, the tin, and the lead,
Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no,
23 Every thing that may abide the fire, ye shall make [it] go through the fire, and it shall be clean: nevertheless it shall be purified with the water of separation: and all that abideth not the fire ye shall make go through the water.
ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho.
24 And ye shall wash your clothes on the seventh day, and ye shall be clean, and afterward ye shall come into the camp.
Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.”
25 And the LORD spake unto Moses, saying,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
26 Take the sum of the prey that was taken, [both] of man and of beast, thou, and Eleazar the priest, and the chief fathers of the congregation:
“Ɛsɛ sɛ wo ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua no mpanimfoɔ nyinaa twerɛ afodeɛ a nnipa ne mmoa ka ho a monyaa no ɔko no mu.
27 And divide the prey into two parts; between them that took the war upon them, who went out to battle, and between all the congregation:
Afei, monkyɛ afodeɛ no mu mmienu. Momfa ɛfa mma mmarima a wɔkɔɔ ɔko no na momfa ɛfa a aka no mma nnipa a aka no.
28 And levy a tribute unto the LORD of the men of war which went out to battle: one soul of five hundred, [both] of the persons, and of the beeves, and of the asses, and of the sheep:
Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ Awurade nya kyɛfa a ɛyɛ nneduafoɔ, anantwie, mfunumu, ne nnwan a ɛfiri akofoɔ no kyɛfa mu. Awurade kyɛfa no bɛyɛ ahanum biara mu baako.
29 Take [it] of their half, and give it unto Eleazar the priest, [for] an heave offering of the LORD.
Fa saa kyɛfa yi ma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔnhim no afɔrebukyia no anim mfa mma Awurade.
30 And of the children of Israel’s half, thou shalt take one portion of fifty, of the persons, of the beeves, of the asses, and of the flocks, of all manner of beasts, and give them unto the Levites, which keep the charge of the tabernacle of the LORD.
Afei Israelfoɔ a wɔaka no kyɛfa no, monyi aduonum biara mu baako. Momfa yei mma Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no so no.”
31 And Moses and Eleazar the priest did as the LORD commanded Moses.
Enti, Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.
32 And the booty, [being] the rest of the prey which the men of war had caught, was six hundred thousand and seventy thousand and five thousand sheep,
Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum;
33 And threescore and twelve thousand beeves,
anantwie mpem aduɔson mmienu;
34 And threescore and one thousand asses,
mfunumu mpem aduosia baako;
35 And thirty and two thousand persons in all, of women that had not known man by lying with him.
ne mmaayewa mpem aduasa mmienu.
36 And the half, [which was] the portion of them that went out to war, was in number three hundred thousand and seven and thirty thousand and five hundred sheep:
Nneɛma no fa a wɔde maa asraafoɔ no dodoɔ nie: Nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum
37 And the LORD’s tribute of the sheep was six hundred and threescore and fifteen.
a wɔde mu ahansia aduɔson enum maa Awurade;
38 And the beeves [were] thirty and six thousand; of which the LORD’s tribute [was] threescore and twelve.
Anantwie mpem aduasa nsia a wɔde mu aduɔson mmienu maa Awurade;
39 And the asses [were] thirty thousand and five hundred; of which the LORD’s tribute [was] threescore and one.
mfunumu mpem aduasa ne ahanum a emu aduosia baako yɛ Awurade kyɛfa;
40 And the persons [were] sixteen thousand; of which the LORD’s tribute [was] thirty and two persons.
mmaayewa mpem dunsia; wɔde wɔn mu aduasa mmienu maa Awurade.
41 And Moses gave the tribute, [which was] the LORD’s heave offering, unto Eleazar the priest, as the LORD commanded Moses.
Wɔde Awurade kyɛfa no nyinaa maa ɔsɔfoɔ Eleasa sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.
42 And of the children of Israel’s half, which Moses divided from the men that warred,
Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi:
43 (Now the half [that pertained unto] the congregation was three hundred thousand and thirty thousand [and] seven thousand and five hundred sheep,
nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum,
44 And thirty and six thousand beeves,
anantwie mpem aduasa nsia,
45 And thirty thousand asses and five hundred,
mfunumu Mpem aduasa ne ahanum ne
46 And sixteen thousand persons; )
mmaayewa mpem dunsia.
47 Even of the children of Israel’s half, Moses took one portion of fifty, [both] of man and of beast, and gave them unto the Levites, which kept the charge of the tabernacle of the LORD; as the LORD commanded Moses.
Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
48 And the officers which [were] over thousands of the host, the captains of thousands, and captains of hundreds, came near unto Moses:
Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ,
49 And they said unto Moses, Thy servants have taken the sum of the men of war which [are] under our charge, and there lacketh not one man of us.
“Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera.
50 We have therefore brought an oblation for the LORD, what every man hath gotten, of jewels of gold, chains, and bracelets, rings, earrings, and tablets, to make an atonement for our souls before the LORD.
Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”
51 And Moses and Eleazar the priest took the gold of them, [even] all wrought jewels.
Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn.
52 And all the gold of the offering that they offered up to the LORD, of the captains of thousands, and of the captains of hundreds, was sixteen thousand seven hundred and fifty shekels.
Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron.
53 ([For] the men of war had taken spoil, every man for himself.)
Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi.
54 And Moses and Eleazar the priest took the gold of the captains of thousands and of hundreds, and brought it into the tabernacle of the congregation, [for] a memorial for the children of Israel before the LORD.
Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Awurade sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea.

< Numbers 31 >