< John 7 >

1 After these things Jesus walked in Galilee: for he would not walk in Jewry, because the Jews sought to kill him.
Yei akyi no, Yesu tenaa Galilea a wampɛ sɛ ɔbɛsane akɔ Yudea, ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.
2 Now the Jews’ feast of tabernacles was at hand.
Ɛberɛ a Yudafoɔ Asese Afahyɛ no reyɛ aduru no,
3 His brethren therefore said unto him, Depart hence, and go into Judæa, that thy disciples also may see the works that thou doest.
Yesu nuanom ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wofiri ha sane kɔ Yudea sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wʼakyidifoɔ bɛhunu nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛeɛ no.
4 For [there is] no man [that] doeth any thing in secret, and he himself seeketh to be known openly. If thou do these things, shew thyself to the world.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔgye edin a, ɔmmfa ne nneyɛeɛ nsie. Ɛsɛ sɛ ɔma nnipa nyinaa hunu ne nneyɛeɛ.”
5 For neither did his brethren believe in him.
Na ne nuanom mpo nnye no nni.
6 Then Jesus said unto them, My time is not yet come: but your time is alway ready.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara yɛ ma mo.
7 The world cannot hate you; but me it hateth, because I testify of it, that the works thereof are evil.
Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn.
8 Go ye up unto this feast: I go not up yet unto this feast; for my time is not yet full come.
Mo deɛ, monni ɛkan nkɔ afahyɛ no, na me deɛ, mennya nkɔeɛ, ɛfiri sɛ, me berɛ nnuruiɛ.”
9 When he had said these words unto them, he abode [still] in Galilee.
Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea.
10 But when his brethren were gone up, then went he also up unto the feast, not openly, but as it were in secret.
Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhunu no.
11 Then the Jews sought him at the feast, and said, Where is he?
Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhunu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
12 And there was much murmuring among the people concerning him: for some said, He is a good man: others said, Nay; but he deceiveth the people.
Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.” Na afoforɔ nso se, “Ɔyɛ ɔdaadaafoɔ.”
13 Howbeit no man spake openly of him for fear of the Jews.
Yudafoɔ mpanin no ho hu enti, obiara antumi annyi nʼanim anka ne ho asɛm wɔ badwa mu.
14 Now about the midst of the feast Jesus went up into the temple, and taught.
Afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.
15 And the Jews marvelled, saying, How knoweth this man letters, having never learned?
Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee Yesu nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa na wɔbisaa sɛ, “Onipa yi nsuaa nwoma da, na ɛyɛɛ dɛn na ɔtumi kyerɛkyerɛ sɛɛ yi?”
16 Jesus answered them, and said, My doctrine is not mine, but his that sent me.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
17 If any man will do his will, he shall know of the doctrine, whether it be of God, or [whether] I speak of myself.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa.
18 He that speaketh of himself seeketh his own glory: but he that seeketh his glory that sent him, the same is true, and no unrighteousness is in him.
Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu.
19 Did not Moses give you the law, and [yet] none of you keepeth the law? Why go ye about to kill me?
Mose amma mo mmara anaa? Nanso, mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn enti na mopɛ sɛ mokum me?”
20 The people answered and said, Thou hast a devil: who goeth about to kill thee?
Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
21 Jesus answered and said unto them, I have done one work, and ye all marvel.
Yesu buaa wɔn sɛ, “Anwanwadeɛ baako pɛ a mayɛ enti na mo ho adwiri mo sɛɛ yi.
22 Moses therefore gave unto you circumcision; (not because it is of Moses, but of the fathers; ) and ye on the sabbath day circumcise a man.
Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nananom) nanso, motwa twetia homeda.
23 If a man on the sabbath day receive circumcision, that the law of Moses should not be broken; are ye angry at me, because I have made a man every whit whole on the sabbath day?
Sɛ motwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn enti na sɛ masa obi yadeɛ homeda a, mo bo fu me?
24 Judge not according to the appearance, but judge righteous judgment.
Mommmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a mohunu no yie ansa na moabu ho atɛn.”
25 Then said some of them of Jerusalem, Is not this he, whom they seek to kill?
Nnipa a na wɔwɔ Yerusalem no mu bi bisaa sɛ, “Ɛnyɛ saa onipa yi ne deɛ wɔpɛ sɛ wɔkum no no anaa?
26 But, lo, he speaketh boldly, and they say nothing unto him. Do the rulers know indeed that this is the very Christ?
Ɔno na ɔrekasa badwa mu a obiara nka hwee nkyerɛ no yi! Gyama afei deɛ mpanimfoɔ no agye no ato mu sɛ ɔne Agyenkwa no.
27 Howbeit we know this man whence he is: but when Christ cometh, no man knoweth whence he is.
Yɛnim sɛ Agyenkwa no nya ba a, obiara rentumi nkyerɛ faako a ɔfiri baeɛ, nanso saa onipa yi deɛ, yɛnim faako a ɔfiri.”
28 Then cried Jesus in the temple as he taught, saying, Ye both know me, and ye know whence I am: and I am not come of myself, but he that sent me is true, whom ye know not.
Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔteaa mu kaa sɛ, “Ɛwom sɛ monim me na monim faako nso a mefiri baeɛ, nanso, ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ, na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, nanso monnim no;
29 But I know him: for I am from him, and he hath sent me.
na me deɛ, menim no ɛfiri sɛ, mefiri ne nkyɛn na mebaeɛ na ɔno na ɔsomaa me.”
30 Then they sought to take him: but no man laid hands on him, because his hour was not yet come.
Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ.
31 And many of the people believed on him, and said, When Christ cometh, will he do more miracles than these which this [man] hath done?
Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?”
32 The Pharisees heard that the people murmured such things concerning him; and the Pharisees and the chief priests sent officers to take him.
Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra.
33 Then said Jesus unto them, Yet a little while am I with you, and [then] I go unto him that sent me.
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, “Nna kakra bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.
34 Ye shall seek me, and shall not find [me]: and where I am, [thither] ye cannot come.
Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”
35 Then said the Jews among themselves, Whither will he go, that we shall not find him? will he go unto the dispersed among the Gentiles, and teach the Gentiles?
Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn?
36 What [manner of] saying is this that he said, Ye shall seek me, and shall not find [me]: and where I am, [thither] ye cannot come?
Sɛ ɔka sɛ, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ sɛn?”
37 In the last day, that great [day] of the feast, Jesus stood and cried, saying, If any man thirst, let him come unto me, and drink.
Afahyɛ no da a ɛdi akyire a ɛyɛ da titire no, Yesu sɔre gyinaa hɔ kasaa denden sɛ, “Obiara a osukɔm de no no mmra me nkyɛn mmɛnom nsuo.
38 He that believeth on me, as the scripture hath said, out of his belly shall flow rivers of living water.
Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Obiara a ɔgye me di no, nsuo a ɛma nkwa bɛtene afiri ne mu.’”
39 (But this spake he of the Spirit, which they that believe on him should receive: for the Holy Ghost was not yet [given]; because that Jesus was not yet glorified.)
Yesu kaa saa asɛm yi faa Honhom Kronkron a wɔn a wɔgyee no diiɛ no nsa bɛka no ho. Saa ɛberɛ no, na ɔnnya mfaa Honhom Kronkron no mmaa wɔn, ɛfiri sɛ, na wɔnnya mmaa ne so nkɔɔ ɔsoro, nhyɛɛ no animuonyam.
40 Many of the people therefore, when they heard this saying, said, Of a truth this is the Prophet.
Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!”
41 Others said, This is the Christ. But some said, Shall Christ come out of Galilee?
Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɔno ne Kristo no!” Ebinom nso bisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo no bɛfiri Galilea?
42 Hath not the scripture said, That Christ cometh of the seed of David, and out of the town of Bethlehem, where David was?
Atwerɛsɛm no anka sɛ, saa Kristo no bɛfiri Dawid abusua mu, na wɔbɛwo no wɔ Betlehem kuro a Dawid tenaa mu no mu anaa?”
43 So there was a division among the people because of him.
Yesu enti, nnipa no mu kyekyɛeɛ.
44 And some of them would have taken him; but no man laid hands on him.
Ebinom pɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso obiara amfa ne nsa anka no.
45 Then came the officers to the chief priests and Pharisees; and they said unto them, Why have ye not brought him?
Asomfoɔ no sane kɔeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moamfa no amma?”
46 The officers answered, Never man spake like this man.
Asomfoɔ no buaa sɛ, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da.”
47 Then answered them the Pharisees, Are ye also deceived?
Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no sɛ, “Mo nso wadaadaa mo anaa?
48 Have any of the rulers or of the Pharisees believed on him?
Moahunu sɛ mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa?
49 But this people who knoweth not the law are cursed.
Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.”
50 Nicodemus saith unto them, (he that came to Jesus by night, being one of them, )
Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi.
51 Doth our law judge [any] man, before it hear him, and know what he doeth?
Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”
52 They answered and said unto him, Art thou also of Galilee? Search, and look: for out of Galilee ariseth no prophet.
Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.”
53 And every man went unto his own house.
Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.

< John 7 >