< Psalms 86 >

1 Bow down your ear, O LORD, hear me: for I am poor and needy.
Dawid mpaebɔ. Awurade, tie me na gye me so, efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.
2 Preserve my soul; for I am holy: O you my God, save your servant that trusts in you.
Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo. Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so.
3 Be merciful unto me, O Lord: for I cry unto you daily.
Awurade, hu me mmɔbɔ, na misu frɛ wo daa nyinaa.
4 Rejoice the soul of your servant: for unto you, O Lord, do I lift up my soul.
Ma wʼakoa ani nnye, na wo Awurade, wo nkyɛn na mema me kra so ba.
5 For you, Lord, are good, and ready to forgive; and abundant in mercy unto all them that call upon you.
Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.
6 Give ear, O LORD, unto my prayer; and attend to the voice of my supplications.
Awurade, tie me mpaebɔ; tie me mmɔborɔsu.
7 In the day of my trouble I will call upon you: for you will answer me.
Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, na wubegye me so.
8 Among the gods there is none like unto you, O Lord; neither are there any works like unto your works.
Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo de.
9 All nations whom you have made shall come and worship before you, O Lord; and shall glorify your name.
Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.
10 For you are great, and do wondrous things: you are God alone.
Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.
11 Teach me your way, O LORD; I will walk in your truth: unite my heart to fear your name.
Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnantew wo nokware mu; ma memfa me koma nyinaa mma wo na masuro wo din.
12 I will praise you, O Lord my God, with all my heart: and I will glorify your name for evermore.
Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.
13 For great is your mercy toward me: and you have delivered my soul from the low hell. (Sheol h7585)
Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afi owu amoa mu tɔnn. (Sheol h7585)
14 O God, the proud are risen against me, and the assemblies of violent men have sought after my soul; and have not set you before them.
Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so; basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.
15 But you, O Lord, are a God full of compassion, and gracious, long suffering, and abundant in mercy and truth.
Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn, wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.
16 O turn unto me, and have mercy upon me; give your strength unto your servant, and save the son of your handmaid.
Dan wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa.
17 Show me a token for good; that they which hate me may see it, and be ashamed: because you, LORD, have helped me, and comforted me.
Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne, na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase na wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.

< Psalms 86 >