< Jeremiah 46 >

1 The word of Yhwh which came to Jeremiah the prophet against the Gentiles;
Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
2 Against Egypt, against the army of Pharaoh–necho king of Egypt, which was by the river Euphrates in Carchemish, which Nebuchadnezzar king of Babylon smote in the fourth year of Jehoiakim the son of Josiah king of Judah.
Deɛ ɛfa Misraim ho no nie: Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no:
3 Order ye the buckler and shield, and draw near to battle.
“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa, na montu ntene nkɔ ɔsa!
4 Harness the horses; and get up, ye horsemen, and stand forth with your helmets; furbish the spears, and put on the brigandines.
Monsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Monyinagyina mo afa a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo! Monse mo mpea ano, na monhyɛ mo nkataboɔ.
5 Wherefore have I seen them dismayed and turned away back? and their mighty ones are beaten down, and are fled apace, and look not back: for fear was round about, saith Yhwh.
Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ.
6 Let not the swift flee away, nor the mighty man escape; they shall stumble, and fall toward the north by the river Euphrates.
Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane, na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase.
7 Who is this that cometh up as a flood, whose waters are moved as the rivers?
“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?
8 Egypt riseth up like a flood, and his waters are moved like the rivers; and he saith, I will go up, and will cover the earth; I will destroy the city and the inhabitants thereof.
Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ. Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’
9 Come up, ye horses; and rage, ye chariots; and let the mighty men come forth; the Ethiopians and the Libyans, that handle the shield; and the Lydians, that handle and bend the bow.
Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ! Montu ntene, Ao nnɔmmarima, Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm, Lidia mmarima a moto agyan.
10 For this is the day of the Lord Yhwh of Armies, a day of vengeance, that he may avenge him of his adversaries: and the sword shall devour, and it shall be satiate and made drunk with their blood: for the Lord Yhwh of Armies hath a sacrifice in the north country by the river Euphrates.
Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ. Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee, akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano. Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
11 Go up into Gilead, and take balm, O virgin, the daughter of Egypt: in vain shalt thou use many medicines; for thou shalt not be cured.
“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro Ao, Misraim Babaa Babunu. Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo.
12 The nations have heard of thy shame, and thy cry hath filled the land: for the mighty man hath stumbled against the mighty, and they are fallen both together.
Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ; wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
13 The word that Yhwh spake to Jeremiah the prophet, how Nebuchadnezzar king of Babylon should come and smite the land of Egypt.
Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:
14 Declare ye in Egypt, and publish in Migdol, and publish in Noph and in Tahpanhes: say ye, Stand fast, and prepare thee; for the sword shall devour round about thee.
“Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol; monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ, ‘Monnyinagyina na monyɛ krado, ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
15 Why are thy valiant men swept away? they stood not, because Yhwh did drive them.
Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei? Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
16 He made many to fall, yea, one fell upon another: and they said, Arise, and let us go again to our own people, and to the land of our nativity, from the oppressing sword.
Wɔbɛsuntisunti atoatoa so; wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so. Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn, na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’
17 They did cry there, Pharaoh king of Egypt is but a noise; he hath passed the time appointed.
Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ, ‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa; nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’
18 As I live, saith the King, whose name is Yhwh of Armies, Surely as Tabor is among the mountains, and as Carmel by the sea, so shall he come.
“Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ, “Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu, anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano.
19 O thou daughter dwelling in Egypt, furnish thyself to go into captivity: for Noph shall be waste and desolate without an inhabitant.
Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa, mo a motete Misraim, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro na ɛbɛda mpan a obiara rentena so.
20 Egypt is like a very fair heifer, but destruction cometh; it cometh out of the north.
“Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ, nanso kawere bi firi atifi fam reba ne so.
21 Also her hired men are in the midst of her like fatted bullocks; for they also are turned back, and are fled away together: they did not stand, because the day of their calamity was come upon them, and the time of their visitation.
Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ. Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom, wɔrentumi nnyina wɔn nan so, ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so, ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
22 The voice thereof shall go like a serpent; for they shall march with an army, and come against her with axes, as hewers of wood.
Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no; wɔde mmonnua bɛba ne so te sɛ mmarima a wɔbu nnua.
23 They shall cut down her forest, saith Yhwh, though it cannot be searched; because they are more than the grasshoppers, and are innumerable.
Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,” Awurade na ɔseɛ, “sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo. Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ, na wɔrentumi nkane wɔn.
24 The daughter of Egypt shall be confounded; she shall be delivered into the hand of the people of the north.
Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase, wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
25 Yhwh of Armies, the God of Israel, saith; Behold, I will punish the multitude of No, and Pharaoh, and Egypt, with their gods, and their kings; even Pharaoh, and all them that trust in him:
Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so.
26 And I will deliver them into the hand of those that seek their lives, and into the hand of Nebuchadnezzar king of Babylon, and into the hand of his servants: and afterward it shall be inhabited, as in the days of old, saith Yhwh.
Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.
27 But fear not thou, O my servant Jacob, and be not dismayed, O Israel: for, behold, I will save thee from afar off, and thy seed from the land of their captivity; and Jacob shall return, and be in rest and at ease, and none shall make him afraid.
“Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ; mma wʼaba mu mmu, Ao Israel. Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so. Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ, na obiara renhunahuna no.
28 Fear thou not, O Jacob my servant, saith Yhwh: for I am with thee; for I will make a full end of all the nations whither I have driven thee: but I will not make a full end of thee, but correct thee in measure; yet will I not leave thee wholly unpunished.
Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ; na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa, aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ, nanso merensɛe mo korakora. Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so; meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”

< Jeremiah 46 >