< Deuteronomy 12 >

1 These are the statutes and judgments, which ye shall observe to do in the land, which YHWH Elohim of thy fathers giveth thee to possess it, all the days that ye live upon the earth.
Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so.
2 Ye shall utterly destroy all the places, wherein the nations which ye shall possess served their elohim, upon the high mountains, and upon the hills, and under every green tree:
Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa.
3 And ye shall overthrow their altars, and break their pillars, and burn their groves with fire; and ye shall hew down the graven images of their elohim, and destroy the names of them out of that place.
Mommubu wɔn afɔrebukyia nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhye wɔn abosompɔ na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfiri mmeammea hɔ.
4 Ye shall not do so unto YHWH your Elohim.
Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Onyankopɔn.
5 But unto the place which YHWH your Elohim shall choose out of all your tribes to put his name there, even unto his habitation shall ye seek, and thither thou shalt come:
Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.
6 And thither ye shall bring your burnt offerings, and your sacrifices, and your tithes, and heave offerings of your hand, and your vows, and your freewill offerings, and the firstlings of your herds and of your flocks:
Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho.
7 And there ye shall eat before YHWH your Elohim, and ye shall rejoice in all that ye put your hand unto, ye and your households, wherein YHWH thy Elohim hath blessed thee.
Ɛhɔ na Awurade mo Onyankopɔn anim, mo ne mo abusuafoɔ bɛdidi na mo ani agye wɔ biribiara a mo nsa aka wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo.
8 Ye shall not do after all the things that we do here this day, every man whatsoever is right in his own eyes.
Ɛnnɛ yi, deɛ mopɛ biara na moyɛ, nanso, ɛnyɛ ne kwan ne no,
9 For ye are not as yet come to the rest and to the inheritance, which YHWH your Elohim giveth you.
ɛfiri sɛ, monnuruu ahomegyebea a Awurade mo Onyankopɔn de rebɛma mo no hɔ.
10 But when ye go over Jordan, and dwell in the land which YHWH your Elohim giveth you to inherit, and when he giveth you rest from all your enemies round about, so that ye dwell in safety;
Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a,
11 Then there shall be a place which YHWH your Elohim shall choose to cause his name to dwell there; thither shall ye bring all that I command you; your burnt offerings, and your sacrifices, your tithes, and the heave offering of your hand, and all your choice vows which ye vow unto YHWH:
momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no.
12 And ye shall rejoice before YHWH your Elohim, ye, and your sons, and your daughters, and your menservants, and your maidservants, and the Levite that is within your gates; forasmuch as he hath no part nor inheritance with you.
Mo ne mo mmammarima, mo mmammaa ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na monkae Lewifoɔ a wɔtete mo nkuro so no sɛ, wɔnni asase a ɛyɛ wɔn dea.
13 Take heed to thyself that thou offer not thy burnt offerings in every place that thou seest:
Monhwɛ yie na moammɔ mo hyeɛ afɔdeɛ wɔ baabiara kwa.
14 But in the place which YHWH shall choose in one of thy tribes, there thou shalt offer thy burnt offerings, and there thou shalt do all that I command thee.
Motumi yɛ saa wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afiri mo mmusua asase bi mu ama mo. Ɛhɔ na motumi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na moyɛ biribiara a mɛhyɛ mo sɛ monyɛ no.
15 Notwithstanding thou mayest kill and eat flesh in all thy gates, whatsoever thy soul lusteth after, according to the blessing of YHWH thy Elohim which he hath given thee: the unclean and the clean may eat thereof, as of the roebuck, and as of the hart.
Nanso, kuro biara a mopɛ so no, motumi kum mmoa we sɛdeɛ mokum atwe ne adabɔ no. Motumi we ɛnam dodoɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn, de bɛma mo. Mo nyinaa, sɛ mo ho te anaa mo ho nte no, motumi we bi.
16 Only ye shall not eat the blood; ye shall pour it upon the earth as water.
Mmara a ɛbata ho ara ne sɛ, monnni mogya no. Montwa ngu fam te sɛ nsuo.
17 Thou mayest not eat within thy gates the tithe of thy corn, or of thy wine, or of thy oil, or the firstlings of thy herds or of thy flock, nor any of thy vows which thou vowest, nor thy freewill offerings, or heave offering of thine hand:
Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi.
18 But thou must eat them before YHWH thy Elohim in the place which YHWH thy Elohim shall choose, thou, and thy son, and thy daughter, and thy manservant, and thy maidservant, and the Levite that is within thy gates: and thou shalt rejoice before YHWH thy Elohim in all that thou puttest thine hands unto.
Mmom, ɛsɛ sɛ modi no wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no a mo, mo mmammarima ne mo mmammaa mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifoɔ a wɔfiri mo nkuro mu ka mo ho. Monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho.
19 Take heed to thyself that thou forsake not the Levite as long as thou livest upon the earth.
Monhwɛ yie na moantwa Lewifoɔ no annya wɔ mmerɛ dodoɔ a mote mo asase so yi.
20 When YHWH thy Elohim shall enlarge thy border, as he hath promised thee, and thou shalt say, I will eat flesh, because thy soul longeth to eat flesh; thou mayest eat flesh, whatsoever thy soul lusteth after.
Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, trɛ mo asase mu sɛdeɛ wahyɛ mo ho bɔ no a, ɛnneɛ, mobɛtumi awe ɛnam mmerɛ biara a mopɛ.
21 If the place which YHWH thy Elohim hath chosen to put his name there be too far from thee, then thou shalt kill of thy herd and of thy flock, which YHWH hath given thee, as I have commanded thee, and thou shalt eat in thy gates whatsoever thy soul lusteth after.
Ɛtumi ba sɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mo fie kwan ware. Sɛ ɛba saa a, motumi kum mo anantwie anaa nnwan a Awurade de ama mo no bi we ɛnam no wɔ mo fie sɛdeɛ mahyɛ mo no.
22 Even as the roebuck and the hart is eaten, so thou shalt eat them: the unclean and the clean shall eat of them alike.
Obi a ne ho te anaa ne ho nte tumi we ɛnam no bi sɛdeɛ mowe ɔtwe ne ɔdabɔ no.
23 Only be sure that thou eat not the blood: for the blood is the life; and thou mayest not eat the life with the flesh.
Mmara a ɛwɔ ho ara ne sɛ, monnni mogya no, ɛfiri sɛ, mogya no yɛ nkwa enti ɛnsɛ sɛ modi nkwa no fra ɛnam no.
24 Thou shalt not eat it; thou shalt pour it upon the earth as water.
Mmom, monhwie mogya no ngu fam sɛ nsuo.
25 Thou shalt not eat it; that it may go well with thee, and with thy children after thee, when thou shalt do that which is right in the sight of YHWH.
Monnni mogya no, na asi mo ne mo mma yie, ɛfiri sɛ, moayɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
26 Only thy holy things which thou hast, and thy vows, thou shalt take, and go unto the place which YHWH shall choose:
Momfa mo akyɛdeɛ kronkron ne mo bɔhyɛ afɔrebɔdeɛ nkɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ.
27 And thou shalt offer thy burnt offerings, the flesh and the blood, upon the altar of YHWH thy Elohim: and the blood of thy sacrifices shall be poured out upon the altar of YHWH thy Elohim, and thou shalt eat the flesh.
Ɛsɛ sɛ mode ɛnam ne mogya a mode bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no gu Awurade mo Onyankopɔn no afɔrebukyia so. Mogya a ɛka mo afɔdeɛ foforɔ bi a mobɔ ho no, monhwie ngu Awurade, mo Onyankopɔn, afɔrebukyia no nkyɛn nanso motumi we ɛnam no.
28 Observe and hear all these words which I command thee, that it may go well with thee, and with thy children after thee for ever, when thou doest that which is good and right in the sight of YHWH thy Elohim.
Monhwɛ yie na monni me mmara so na biribiara bɛkɔ yie ama mo ne mo mma, ɛfiri sɛ, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade mo Onyankopɔn ani.
29 When YHWH thy Elohim shall cut off the nations from before thee, whither thou goest to possess them, and thou succeedest them, and dwellest in their land;
Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, sɛe aman no na mopam wɔn kɔtena wɔn asase no so a,
30 Take heed to thyself that thou be not snared by following them, after that they be destroyed from before thee; and that thou enquire not after their elohim, saying, How did these nations serve their elohim? even so will I do likewise.
mommma ɛkwan a wɔfa so som wɔn anyame no nyɛ afidie mma mo. Mommmisa sɛ “Ɛkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛdi wɔn akyi.”
31 Thou shalt not do so unto YHWH thy Elohim: for every abomination to YHWH, which he hateth, have they done unto their elohim; for even their sons and their daughters they have burnt in the fire to their elohim.
Mommfa saa ɛkwan yi so nsom Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔn anyame no som mu no, wɔyɛɛ akyiwadeɛ bebree a Awurade mpɛ. Mpo, wɔhyee wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa wɔ ogya a wɔde rebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame no mu.
32 What thing soever I command you, observe to do it: thou shalt not add thereto, nor diminish from it.
Monhwɛ sɛ, deɛ mahyɛ mo no nyinaa mobɛdi so; mommfa bi nka ho na monnyi bi nso mfiri mu.

< Deuteronomy 12 >