< Ephesians 3 >
1 For this cause I Paul, the prisoner of Jesus Christ for you Gentiles,
Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.
2 If you have heard of the dispensation of the grace of God which is given me to you-ward:
Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,
3 How that by revelation he made known to me the mystery; (as I wrote before in few words,
a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no.
4 Whereby, when you read, you may understand my knowledge in the mystery of Christ)
Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,
5 Which in other ages was not made known to the sons of men, as it is now revealed to his holy apostles and prophets by the Spirit;
deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no.
6 That the Gentiles should be fellow heirs, and of the same body, and partakers of his promise in Christ by the gospel:
Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.
7 Whereof I was made a minister, according to the gift of the grace of God given to me by the effectual working of his power.
Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ.
8 To me, who am less than the least of all saints, is this grace given, that I should preach among the Gentiles the unsearchable riches of Christ;
Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ,
9 And to make all men see what is the fellowship of the mystery, which from the beginning of the world has been hid in God, who created all things by Jesus Christ: (aiōn )
na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu. (aiōn )
10 To the intent that now to the principalities and powers in heavenly places might be known by the church the manifold wisdom of God,
Nʼatirimpɔ ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ,
11 According to the eternal purpose which he purposed in Christ Jesus our Lord: (aiōn )
sɛdeɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botaeɛ a ɛwɔ hɔ daa no. (aiōn )
12 In whom we have boldness and access with confidence by the faith of him.
Afei Kristo ma yɛn akokoɔduru ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim.
13 Why I desire that you faint not at my tribulations for you, which is your glory.
Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ.
14 For this cause I bow my knees to the Father of our Lord Jesus Christ,
Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim,
15 Of whom the whole family in heaven and earth is named,
ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so.
16 That he would grant you, according to the riches of his glory, to be strengthened with might by his Spirit in the inner man;
Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,
17 That Christ may dwell in your hearts by faith; that you, being rooted and grounded in love,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ
18 May be able to comprehend with all saints what is the breadth, and length, and depth, and height;
mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase,
19 And to know the love of Christ, which passes knowledge, that you might be filled with all the fullness of God.
na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.
20 Now to him that is able to do exceeding abundantly above all that we ask or think, according to the power that works in us,
Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so.
21 To him be glory in the church by Christ Jesus throughout all ages, world without end. Amen. (aiōn )
Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen. (aiōn )