< Psalms 99 >

1 The LORD reigneth; let the peoples tremble; He is enthroned upon the cherubim; let the earth quake.
Awurade di hene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam, ma asase nwosow.
2 The LORD is great in Zion; and He is high above all the peoples.
Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse; wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu.
3 Let them praise Thy name as great and awful; Holy is He.
Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, ɔyɛ ɔkronkron.
4 The strength also of the king who loveth justice — Thou hast established equity, Thou hast executed justice and righteousness in Jacob.
Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ nea eye na ɛteɛ wɔ Yakob mu.
5 Exalt ye the LORD our God, and prostrate yourselves at His footstool; Holy is He.
Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim; ɔyɛ ɔkronkron.
6 Moses and Aaron among His priests, and Samuel among them that call upon His name, did call upon the LORD, and He answered them.
Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ogyee wɔn so.
7 He spoke unto them in the pillar of cloud; they kept His testimonies, and the statute that He gave them.
Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.
8 O LORD our God, Thou didst answer them; a forgiving God wast Thou unto them, though Thou tookest vengeance of their misdeeds.
Awurade, yɛn Nyankopɔn, wugyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
9 Exalt ye the LORD our God, and worship at His holy hill; for the LORD our God is holy.
Momma Awurade yɛn Nyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so, na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.

< Psalms 99 >