< Job 26 >
1 Then Job answered and said:
Na Hiob kasaa bio sɛ,
2 How hast thou helped him that is without power! How hast thou saved the arm that hath no strength!
“Woaboa deɛ ɔnni tumi! Woagye basa a ɛnni ahoɔden!
3 How hast thou counselled him that hath no wisdom, and plentifully declared sound knowledge!
Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo! Na woada nhunumu pa ara adi!
4 With whose help hast thou uttered words? And whose spirit came forth from thee?
Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?
5 The shades tremble beneath the waters and the inhabitants thereof.
“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu, wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.
6 The nether-world is naked before Him, and Destruction hath no covering. (Sheol )
Asamando da adagya Onyankopɔn anim; Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ. (Sheol )
7 He stretcheth out the north over the empty space, and hangeth the earth over nothing.
Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so.
8 He bindeth up the waters in His thick clouds; and the cloud is not rent under them.
Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu, nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.
9 He closeth in the face of His throne, and spreadeth His cloud upon it.
Ɔtrɛ ne omununkum mu de kata ɔsrane ani.
10 He hath described a boundary upon the face of the waters, unto the confines of light and darkness.
Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.
11 The pillars of heaven tremble and are astonished at His rebuke.
Ɔsoro nnyinasoɔ woso, na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.
12 He stirreth up the sea with His power, and by His understanding He smiteth through Rahab.
Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.
13 By His breath the heavens are serene; His hand hath pierced the slant serpent.
Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ; na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.
14 Lo, these are but the outskirts of His ways; and how small a whisper is heard of Him! But the thunder of His mighty deeds who can understand?
Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho; ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn! Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.”