< Jeremiah 3 >

1 ...saying: If a man put away his wife, and she go from him, and become another man's, may he return unto her again? Will not that land be greatly polluted? But thou hast played the harlot with many lovers; and wouldest thou yet return to Me? saith the LORD.
“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa? Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa? Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman, na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?” Awurade na ɔseɛ.
2 Lift up thine eyes unto the high hills, and see: Where hast thou not been lain with? By the ways hast thou sat for them, as an Arabian in the wilderness; and thou hast polluted the land with thy harlotries and with thy wickedness.
“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so. Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa? Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ, wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so. Woagu asase no ho fi wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.
3 Therefore the showers have been withheld, and there hath been no latter rain; yet thou hadst a harlot's forehead, thou refusedst to be ashamed.
Enti wɔatwe obosuo asan, na osutɔberɛ nsuo antɔ. Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee; wʼani nwu hwee.
4 Didst thou not just now cry unto Me: 'My father, Thou art the friend of my youth.
Nanso, woka kyerɛ me sɛ: ‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,
5 Will He bear grudge for ever? Will He keep it to the end?' Behold, thou hast spoken, but hast done evil things, and hast had thy way.
wobo bɛfu biribiara anaa? Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’ Sei na wokasa, nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.”
6 And the LORD said unto me in the days of Josiah the king: 'Hast thou seen that which backsliding Israel did? she went up upon every high mountain and under every leafy tree, and there played the harlot.
Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ wɔ hɔ.
7 And I said: After she hath done all these things, she will return unto me; but she returned not. And her treacherous sister Judah saw it.
Mesusuu sɛ, anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ.
8 And I saw, when, forasmuch as backsliding Israel had committed adultery, I had put her away and given her a bill of divorcement, that yet treacherous Judah her sister feared not; but she also went and played the harlot;
Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu sɛ ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra.
9 and it came to pass through the lightness of her harlotry, that the land was polluted, and she committed adultery with stones and with stocks;
Esiane sɛ Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman.
10 and yet for all this her treacherous sister Judah hath not returned unto Me with her whole heart, but feignedly, saith the LORD —
Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
11 even the LORD said unto me — backsliding Israel hath proved herself more righteous than treacherous Judah.
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni.
12 Go, and proclaim these words toward the north, and say: Return, thou backsliding Israel, saith the LORD; I will not frown upon you; for I am merciful, saith the LORD, I will not bear grudge for ever.
Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ, ‘Me bo renfu afebɔɔ.
13 Only acknowledge thine iniquity, that thou hast transgressed against the LORD thy God, and hast scattered thy ways to the strangers under every leafy tree, and ye have not hearkened to My voice, saith the LORD.
Gye wo afɔdie to mu, woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn, woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame wɔ dua biara a adendan ase, na woanyɛ ɔsetie amma me,’” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
14 Return, O backsliding children, saith the LORD; for I am a lord unto you, and I will take you one of a city, and two of a family, and I will bring you to Zion;
“Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion.
15 and I will give you shepherds according to My heart, who shall feed you with knowledge and understanding.
Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan.
16 And it shall come to pass, when ye are multiplied and increased in the land, in those days, saith the LORD, they shall say no more: The ark of the covenant of the LORD; neither shall it come to mind; neither shall they make mention of it; neither shall they miss it; neither shall it be made any more.
Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso.
17 At that time they shall call Jerusalem The throne of the LORD; and all the nations shall be gathered unto it, to the name of the LORD, to Jerusalem; neither shall they walk any more after the stubbornness of their evil heart.
Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio.
18 In those days the house of Judah shall walk with the house of Israel, and they shall come together out of the land of the north to the land that I have given for an inheritance unto your fathers.'
Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so.
19 But I said: 'How would I put thee among the sons, and give thee a pleasant land, the goodliest heritage of the nations!' And I said: 'Thou shalt call Me, My father; and shalt not turn away from following Me.'
“Mʼankasa mekaa sɛ, ‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma na mama mo asase a ɛyɛ, agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’ Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’ na monnane mo ho mfiri mʼakyi.
20 Surely as a wife treacherously departeth from her husband, so have ye dealt treacherously with Me, O house of Israel, saith the LORD.
Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no, saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
21 Hark! upon the high hills is heard the suppliant weeping of the children of Israel; for that they have perverted their way, they have forgotten the LORD their God.
Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so, ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.
22 Return, ye backsliding children, I will heal your backslidings. — 'Here we are, we are come unto Thee; for Thou art the LORD our God.
“Monsane mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.” “Aane, yɛbɛba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn.
23 Truly vain have proved the hills, the uproar on the mountains; truly in the LORD our God is the salvation of Israel.
Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa; nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ.
24 But the shameful thing hath devoured the labour of our fathers from our youth; their flocks and their herds, their sons and their daughters.
Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nnwankuo ne anantwie, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.
25 Let us lie down in our shame, and let our confusion cover us; for we have sinned against the LORD our God, we and our fathers, from our youth even unto this day; and we have not hearkened to the voice of the LORD our God.'
Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam na yɛn ahohora nkata yɛn so. Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn, yɛn ne yɛn agyanom; ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.”

< Jeremiah 3 >