< Hosea 10 >

1 Israel was a luxuriant vine, which put forth fruit freely: as his fruit increased, he increased his altars; the more goodly his land was, the more goodly were his pillars.
Israel yɛɛ bobe a ɛretrɛtrɛ; ɔsoo aba maa ne ho. Ɛberɛ a nʼaba redɔɔso no, ɔsisii afɔrebukyia bebree; nʼasase rekɔ so yɛ yie no ɔsiesie nʼabosom dum kronkron no.
2 Their heart is divided; now shall they bear their guilt; He will break down their altars, He will spoil their pillars.
Nnaadaasɛm wɔ wɔn akoma mu, enti ɛsɛ sɛ wɔnya wɔn afɔdie so asotwe. Awurade bɛbubu wɔn afɔrebukyia, na wasɛe wɔn abosom dum kronkron no.
3 Surely now shall they say: 'We have no king; for we feared not the LORD; and the king, what can he do for us?'
Afei, wɔbɛka sɛ, “Yɛnni ɔhene, ɛfiri sɛ, yɛamfa anidie amma Awurade. Mpo sɛ na yɛwɔ ɔhene kora a, ɛdeɛn na anka ɔbɛtumi ayɛ ama yɛn?”
4 They speak words, they swear falsely, they make covenants; thus judgment springeth up as hemlock in the furrows of the field.
Wɔhyɛ bɔ ahodoɔ bebree, Wɔka ntam hunu na wɔyɛ apam ahodoɔ; ɛno enti mansotwe sɔresɔre te sɛ wira a borɔ wɔ mu a afifiri asase a wɔafuntum so.
5 The inhabitants of Samaria shall be in dread for the calves of Beth-aven; for the people thereof shall mourn over it, and the priests thereof shall tremble for it, for its glory, because it is departed from it.
Nnipa a wɔte Samaria no suro ma Bet Awen nantwie ba ohoni no. Ne nkurɔfoɔ bɛsu. Saa ara na nʼabosomfoɔ nso bɛyɛ, wɔn a wɔgyee wɔn ani wɔ nʼanimuonyam ho no. Ɛfiri sɛ wɔafa no afiri wɔn nkyɛn kɔ nnommumfa mu.
6 It also shall be carried unto Assyria, for a present to King Contentious; Ephraim shall receive shame, and Israel shall be ashamed of his own counsel.
Wɔde no bɛkɔ Asiria, de akɔhyɛ ɔhene kɛseɛ no animuonyam. Ɛbɛgu Efraim anim ase; na Israel ani bɛwu wɔ ne nnua ahoni ho.
7 As for Samaria, her king is cut off, as foam upon the water.
Samaria na ne ɔhene bɛsene akɔ te sɛ dua sini a ɛtɛ nsuo ani.
8 The high places also of Aven shall be destroyed, even the sin of Israel. The thorn and the thistle shall come up on their altars; and they shall say to the mountains: 'Cover us', and to the hills: 'Fall on us.'
Wɔbɛsɛe abosonnan a wɔdi awurukasɛm ne bɔne wɔ mu no. Nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse bɛfifiri hɔ, na akata wɔn afɔrebukyia so. Afei wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ, “Mommɛkata yɛn so!” na wase nkokoɔ sɛ, “Monnwiri ngu yɛn so!”
9 From the days of Gibeah thou hast sinned, O Israel; there they stood; no battle was to overtake them in Gibeah, nor the children of arrogancy.
“Ɛfiri Gibea berɛ so, woayɛ bɔne, Ao, Israel, na ɛhɔ na woaka. Na ɔko rentwi amfa amumuyɛfoɔ ɛwɔ Gibea no so anaa?
10 When it is My desire, I will chastise them; and the peoples shall be gathered against them, when they are yoked to their two rings.
Ɛberɛ a mepɛ no, mɛtwe wɔn aso; aman bɛboaboa wɔn ho ano atia wɔn. Wɔde mpokyerɛ bɛgu wɔn wɔ wɔn bɔne dodoɔ ho.
11 And Ephraim is a heifer well broken, that loveth to thresh, and I have passed over upon her fair neck; I will make Ephraim to ride, Judah shall plow, Jacob shall break his clods.
Efraim yɛ nantwie ba a wɔayɛn no, a ɔpɛ ayuporeeɛ adwuma, enti mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ mu. Mɛkyerɛ Efraim ɛkwan, ɛsɛ sɛ Yuda funtum asase no, na Yakob nso siesie so.
12 Sow to yourselves according to righteousness, reap according to mercy, break up your fallow ground; for it is time to seek the LORD, till He come and cause righteousness to rain upon you.
Dua tenenee aba ma wo ho, twa ɔdɔ aba a ɛtena hɔ daa, siesie wʼasase a wɔmfuntum so no; na ɛberɛ aduru sɛ wohwehwɛ Awurade, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛpete tenenee agu wo so.
13 Ye have plowed wickedness, ye have reaped iniquity, ye have eaten the fruit of lies; for thou didst trust in thy way, in the multitude of thy mighty men.
Nanso, woadua atirimuɔden aba, na woatwa aba bɔne. Woadi nnaadaa aba. Ɛfiri sɛ wode wo ho ato wʼahoɔden ne wʼakodɔm bebrebe no so,
14 Therefore shall a tumult arise among thy hosts, and all thy fortresses shall be spoiled, as Shalman spoiled Beth-arbel in the day of battle; the mother was dashed in pieces with her children.
ɔko mu hooyɛ bɛsɔre atia wo nkurɔfoɔ, na wʼaban nyinaa bɛsɛe, sɛdeɛ Salman sɛee Bet Arbel ɔko da no, da a wɔde maamenom ne wɔn mma hwehwee fam no.
15 So hath Beth-el done unto you because of your great wickedness; at daybreak is the king of Israel utterly cut off.
Saa ara na ɛbɛba wo so Ao, Bet-El, ɛfiri sɛ wʼatirimuɔdensɛm no dɔɔso. Sɛ ɛda no duru a, Wɔbɛsɛe Israelhene no koraa.

< Hosea 10 >