< Ecclesiastes 6 >
1 There is an evil which I have seen under the sun, and it is heavy upon men:
Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie:
2 a man to whom God giveth riches, wealth, and honour, so that he wanteth nothing for his soul of all that he desireth, yet God giveth him not power to eat thereof, but a stranger eateth it; this is vanity, and it is an evil disease.
Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.
3 If a man beget a hundred children, and live many years, so that the days of his years are many, but his soul have not enough of good, and moreover he have no burial; I say, that an untimely birth is better than he;
Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no.
4 for it cometh in vanity, and departeth in darkness, and the name thereof is covered with darkness;
Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so.
5 moreover it hath not seen the sun nor known it; this hath gratification rather than the other;
Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya.
6 yea, though he live a thousand years twice told, and enjoy no good; do not all go to one place?
Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?
7 All the labour of man is for his mouth, and yet the appetite is not filled.
Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.
8 For what advantage hath the wise more than the fool? or the poor man that hath understanding, in walking before the living?
Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea? Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim a mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
9 Better is the seeing of the eyes than the wandering of the desire; this also is vanity and a striving after wind.
Deɛ aniwa hunu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Ɛte sɛ wotaa mframa.
10 Whatsoever cometh into being, the name thereof was given long ago, and it is foreknown what man is; neither can he contend with Him that is mightier than he.
Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada, na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada; onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.
11 Seeing there are many words that increase vanity, what is man the better?
Nsɛm dɔɔso a, emu aba yɛ kakraa bi, na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa?
12 For who knoweth what is good for man in his life, all the days of his vain life which he spendeth as a shadow? for who can tell a man what shall be after him under the sun?
Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.