< 2 Chronicles 28 >

1 Ahaz was twenty years old when he began to reign; and he reigned sixteen years in Jerusalem; and he did not that which was right in the eyes of the LORD, like David his father;
Ahas dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Wanyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.
2 but he walked in the ways of the kings of Israel, and made also molten images for the Baalim.
Mmom, ɔyɛɛ deɛ Israel ahemfo yɛeɛ no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal.
3 Moreover he offered in the valley of the son of Hinnom, and burnt his children in the fire, according to the abominations of the heathen, whom the LORD cast out before the children of Israel.
Ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ Hinom babarima bɔnhwa mu, na mpo ɔde ne mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu. Ɔsuaa akyiwadeɛ a abosonsom aman no yɛeɛ a enti Awurade pamoo wɔn firii asase no so ansa na Israelfoɔ rekɔduru hɔ.
4 And he sacrificed and offered in the high places, and on the hills, and under every leafy tree.
Ɔbɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ abosomfie, mmepɔ so ne dua frɔmfrɔm biara ase.
5 Wherefore the LORD his God delivered him into the hand of the king of Aram; and they smote him, and carried away of his a great multitude of captives, and brought them to Damascus. And he was also delivered into the hand of the king of Israel, who smote him with a great slaughter.
Ɛno enti na Awurade, ne Onyankopɔn, maa Aramhene kwan dii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfoɔ bebree asuo kɔɔ Damasko no. Israel akodɔm bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkumm nʼakodɔm no bebree nso.
6 For Pekah the son of Remaliah slew in Judah a hundred and twenty thousand in one day, all of them valiant men; because they had forsaken the LORD, the God of their fathers.
Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkumm Yuda akodɔm no nnipa ɔpeha aduonu, ɛfiri sɛ, na wɔapo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.
7 And Zichri, a mighty man of Ephraim, slew Maaseiah the king's son, and Azrikam the ruler of the house, and Elkanah that was next to the king.
Afei, Sikri, ɔkofoɔ kɛseɛ a ɔfiri Efraim, kunkumm Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfie so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abadiakyire no.
8 And the children of Israel carried away captive of their brethren two hundred thousand women, sons, and daughters, and took also away much spoil from them, and brought the spoil to Samaria.
Israelfoɔ akodɔm kyekyeree mmaa ne Yuda mmɔfra ɔpehanu, faa asadeɛ bebree, de kɔɔ Samaria.
9 But a prophet of the LORD was there, whose name was Oded; and he went out to meet the host that came to Samaria, and said unto them: 'Behold, because the LORD, the God of your fathers, was wroth with Judah, He hath delivered them into your hand, and ye have slain them in a rage which hath reached up unto heaven.
Na Awurade odiyifoɔ a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ wɔ ɛberɛ a Israel akodɔm sane baa efie no. Ɔkɔhyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, bo fuu Yuda, na ɔmaa modii wɔn so nkonim. Nanso, moayɛ ma aboro so dodo sɛ mode atirimuɔden akunkum wɔn, ama aha ɔsoro nyinaa.
10 And now ye purpose to bring the children of Judah and Jerusalem into subjection for bondmen and bondwomen unto you; but are there not even with you acts of guilt of your own against the LORD your God?
Na seesei, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wɔfiri Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa Awurade, mo Onyankopɔn no, ho asɛm te sɛn?
11 Now hear me therefore, and send back the captives, that ye have taken captive of your brethren; for the fierce wrath of the LORD is upon you.'
Montie me, na monnyaa saa nneduafoɔ a wɔwɔ mo nsam no, ɛfiri sɛ, wɔyɛ mo ankasa mo abusuafoɔ. Monhwɛ no yie, ɛfiri sɛ, seesei, wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba mo so!”
12 Then certain of the heads of the children of Ephraim, Azariah the son of Jehohanan, Berechiah the son of Meshillemoth, and Jehizkiah the son of Shallum, and Amasa the son of Hadlai, stood up against them that came from the war,
Na Israel ntuanofoɔ bi a wɔn ne Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee yei so, na wɔne mmarima a wɔfiri akono reba no kaa sɛ,
13 and said unto them: 'Ye shall not bring in the captives hither; for ye purpose that which will bring upon us guilt against the LORD, to add unto our sins and to our guilt; for our guilt is great, and there is fierce wrath against Israel.'
“Mommfa nneduafoɔ no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdie ho. Yɛn afɔdie so dada, na wɔadane Awurade abufuhyeɛ no aba Israel so dada.”
14 So the armed men left the captives and the spoil before the princes and all the congregation.
Enti, akofoɔ no gyaee nneduafoɔ no de asadeɛ no maeɛ, wɔ ɔmanfoɔ no ne ntuanofoɔ no anim.
15 And the men that have been mentioned by name rose up, and took the captives, and with the spoil clothed all that were naked among them, and arrayed them, and shod them, and gave them to eat and to drink, and anointed them, and carried all the feeble of them upon asses, and brought them to Jericho, the city of palm-trees, unto their brethren; then they returned to Samaria.
Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntadeɛ a ɛwɔ asadeɛ no mu no maa nneduafoɔ a wɔda adagya no. Wɔmaa wɔn ntadeɛ ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuane pii ne nsuo, de ngo guguu wɔn apirakuro mu. Wɔde wɔn a wɔyɛ mmrɛ no tenatenaa mfunumu so, de nneduafoɔ no nyinaa sane baa wɔn asase Yeriko, mmɛkuro, no so. Afei, wɔsane kɔɔ Samaria.
16 At that time did king Ahaz send unto the kings of Assyria to help him.
Saa ɛberɛ no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfoɔ.
17 For again the Edomites had come and smitten Judah, and carried away captives.
Bio, na Edom akodɔm adi Yuda so nkonim, akyekyere binom nnommum.
18 The Philistines also had invaded the cities of the Lowland, and of the South of Judah, and had taken Beth-shemesh, and Aijalon, and Gederoth, and Soco with the towns thereof, and Timnah with the towns thereof, Gimzo also and the towns thereof; and they dwelt there.
Na Filistifoɔ ato ahyɛ nkuro a ɛwɔ Yuda mmepɔ ayaase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurotoɔ ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurotoɔ no. Na Filistifoɔ no tenatenaa saa nkuro yi so.
19 For the LORD brought Judah low because of Ahaz king of Israel; for he had cast away restraint in Judah, and acted treacherously against the LORD.
Na Awurade rebrɛ Yuda ase, ɛsiane Yudahene Ahas enti, ɛfiri sɛ, na ɔboa ne nkurɔfoɔ ma wɔyɛ bɔne, na na ɔnni Awurade nokorɛ korakora nso.
20 And Tillegath-pilneser king of Assyria came unto him, and distressed him, but strengthened him not.
Enti, ɛberɛ a Asiriahene Tilgat-Pilneser bɛduruiɛ no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhyɛɛ no so mmom.
21 For Ahaz stripped the house of the LORD, and the house of the king and the princes, and gave thereof unto the king of Assyria; but it helped him not.
Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo firii Awurade asɔredan no mu, ahemfie hɔ ne ne mpanimfoɔ afie mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne toɔ. Nanso, yei mpo, ammoa no.
22 And in the time of his distress did he act even more treacherously against the LORD, this same king Ahaz.
Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden ma Awurade.
23 For he sacrificed unto the gods of Damascus, which smote him; and he said: 'Because the gods of the kings of Aram helped them, therefore will I sacrifice to them, that they may help me.' But they were the ruin of him, and of all Israel.
Ɔbɔɔ afɔdeɛ maa Damasko anyame a wɔdii ne so nkonim no, na ɔkaa sɛ, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo enti, sɛ mebɔ afɔdeɛ ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso, wɔmaa no sɛeeɛ, ma Israel nyinaa sɛeeɛ.
24 And Ahaz gathered together the vessels of the house of God, and cut in pieces the vessels of the house of God, and shut up the doors of the house of the LORD; and he made him altars in every corner of Jerusalem.
Ɔhene no tasee nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa, bubuu mu asinasini. Ɔtotoo Awurade asɔredan no apono mu, sɛdeɛ obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Ɔsisii afɔrebukyia maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɛtwɛwa so baabiara.
25 And in every city of Judah he made high places to offer unto other gods, and provoked the LORD, the God of his fathers.
Ɔyɛɛ abosonsom asɔreeɛ wɔ Yuda nkuro nyinaa so a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ ma anyame foforɔ no. Ɔnam saa ɛkwan yi so, hyɛɛ Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn, abufuo.
26 Now the rest of his acts, and all his ways, first and last, behold, they are written in the book of the kings of Judah and Israel.
Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu.
27 And Ahaz slept with his fathers, and they buried him in the city, even in Jerusalem; for they brought him not into the sepulchres of the kings of Israel; and Hezekiah his son reigned in his stead.
Ɔhene Ahas wuiɛ no, wɔsiee no wɔ Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehyeɛ amusieeɛ. Ne babarima Hesekia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

< 2 Chronicles 28 >