< 2 Chronicles 25 >

1 Amaziah was twenty and five years old when he began to reign; and he reigned twenty and nine years in Jerusalem; and his mother's name was Jehoaddan of Jerusalem.
Amasia dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne maame din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem.
2 And he did that which was right in the eyes of the LORD, but not with a whole heart.
Amasia yɛɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani, nanso na ɛmfiri nʼakoma nyinaa mu.
3 Now it came to pass, when the kingdom was established unto him, that he slew his servants who had killed the king his father.
Ɛberɛ a Amasia timiiɛ wɔ nʼahennie mu yie no, ɔkunkumm mmarima a wɔkumm nʼagya no.
4 But he put not their children to death, but did according to that which is written in the law in the book of Moses, as the LORD commanded, saying: 'The fathers shall not die for the children, neither shall the children die for the fathers; but every man shall die for his own sin.'
Nanso, wankunkum awudifoɔ no mma, ɛfiri sɛ, ɔtiee Awurade ahyɛdeɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkunkum awofoɔ wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ enti, anaa wɔkunkum mma wɔ awofoɔ bɔne a wɔayɛ enti. Wɔn a wɔsɛ owuo no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn nnebɔne enti.
5 Moreover Amaziah gathered Judah together, and ordered them according to their fathers' houses, under captains of thousands and captains of hundreds, even all Judah and Benjamin; and he numbered them from twenty years old and upward, and found them three hundred thousand chosen men, able to go forth to war, that could handle spear and shield.
Ade foforɔ a Amasia yɛeɛ ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛeɛ foforɔ wɔ akodɔm no mu, de ntuanofoɔ tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkanee wɔn hunuu sɛ nʼakodɔm no dodoɔ ano si mmarima ɔpehasa a ɛyɛ wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ, na wɔatete wɔn nyinaa wɔ peatoɔ ne nkataboɔkura mu.
6 He hired also a hundred thousand mighty men of valour out of Israel for a hundred talents of silver.
Ɔsane tuaa dwetɛ tɔno 3.4 sɛ apaabɔdeɛ maa Israel mmarima ɔpeha a wɔnim akodie yie.
7 But there came a man of God to him, saying: 'O king, let not the army of Israel go with thee; for the LORD is not with Israel, even with all the children of Ephraim.
Nanso, Onyankopɔn onipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkaa sɛ, “Ao ɔhene, ntua sika mfa akodɔm mfiri Israel, ɛfiri sɛ, Awurade nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wɔfiri Efraim no.
8 But if thou wilt go, and do engage never so valiantly in battle, God will cast thee down before the enemy; for God hath power to help, and to cast down.'
Sɛ woma wɔkɔka wʼakodɔm ho kɔ ɔko, na moko sɛ ɛdeɛn ara a, wɔbɛdi mo so nkonim. Onyankopɔn bɛtu mo agu, ɛfiri sɛ, ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.”
9 And Amaziah said to the man of God: 'But what shall we do for the hundred talents which I have given to the army of Israel?' And the man of God answered: 'The LORD is able to give thee much more than this.'
Amasia bisaa Onyankopɔn onipa no sɛ, “Na dwetɛ a metua kɔbɔɔ Israel akodɔm paa no nso menyɛ no ɛdeɛn?” Onyankopɔn onipa no buaa sɛ, “Awurade bɛtumi ama wo deɛ ɛsene sei koraa.”
10 Then Amaziah separated them, to wit, the army that was come to him out of Ephraim, to go back home; wherefore their anger was greatly kindled against Judah, and they returned home in fierce anger.
Enti, Amasia pɔnn akodɔm a ɔbɔɔ wɔn paa no, maa wɔsane kɔɔ Efraim. Yei maa wɔn bo fuu Yuda, na wɔsane de abufuhyeɛ kɔɔ efie.
11 And Amaziah took courage, and led forth his people, and went to the Valley of Salt, and smote of the children of Seir ten thousand.
Na Amasia sii ne bo, dii nʼakodɔm anim, kɔɔ Nkyene Bɔnhwa no mu. Ɛhɔ na wɔkumm Edomfoɔ akodɔm a wɔfiri Seir no ɔpedu.
12 And other ten thousand did the children of Judah carry away alive, and brought them unto the top of the Rock, and cast them down from the top of the Rock, that they all were broken in pieces.
Wɔkyekyeree ɔpedu bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kɔsunsumm wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔ no ase no so, tetee pasapasa.
13 But the men of the army whom Amaziah sent back, that they should not go with him to battle, fell upon the cities of Judah, from Samaria even unto Beth-horon, and smote of them three thousand, and took much spoil.
Na akodɔm a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsane kɔeɛ no tohyɛɛ Yuda nkuro bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wɔkunkumm nnipa mpensa, tasee asadeɛ bebree.
14 Now it came to pass, after that Amaziah was come from the slaughter of the Edomites, that he brought the gods of the children of Seir, and set them up to be his gods, and prostrated himself before them, and offered unto them.
Ɛberɛ a ɔhene Amasia dii Edomfoɔ so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase firii Seirfoɔ nkyɛn kaa ne ho baeɛ. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotoo wɔn anim, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn.
15 Wherefore the anger of the LORD was kindled against Amaziah, and He sent unto him a prophet, who said unto him: 'Why hast thou sought after the gods of the people, which have not delivered their own people out of thy hand?'
Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie enti, ɔsomaa odiyifoɔ sɛ ɔnkɔbisa sɛ, “Adɛn enti na wosom anyame a mpo wɔntumi nnye wɔn ankasa nkurɔfoɔ nkwa mfiri wɔn nsam?”
16 And it came to pass, as he talked with him, that the king said unto him: 'Have we made thee of the king's counsel? forbear; why shouldest thou be smitten?' Then the prophet forbore, and said: 'I know that God hath determined to destroy thee, because thou hast done this, and hast not hearkened unto my counsel.'
Nanso, ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkaa sɛ, “Da bɛn na mebisaa wo afotuo? Mua wʼano na mankum wo!” Enti, ansa na odiyifoɔ no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Menim sɛ ɛsiane sɛ woayɛ saa enti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ, woantie mʼafotuo.”
17 Then Amaziah king of Judah took advice, and sent to Joash, the son of Jehoahaz the son of Jehu, king of Israel, saying: 'Come, let us look one another in the face.'
Akyire a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufoɔ nkyɛn kɔbisaa afotuo no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nana nso anim sɛ, “Bra na yɛnni ako.”
18 And Joash king of Israel sent to Amaziah king of Judah, saying: 'The thistle that was in Lebanon sent to the cedar that was in Lebanon, saying: Give thy daughter to my son to wife; and there passed by the wild beasts that were in Lebanon, and trod down the thistle.
Na Israelhene Yoas de abasɛm buaa Yudahene Amasia sɛ, “Nkasɛɛ a ɛwɔ Lebanon mmepɔ so somaa abɔfoɔ kɔɔ dutan ntweneduro nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Fa wo babaa ma me babarima awadeɛ.’ Ɛhɔ ara na aboa bi firi wiram bɛtiatiaa nkasɛɛ no so sɛee no.
19 Thou sayest — lo, thou hast smitten Edom; will thy heart therefore lift thee up to glory therein? abide now at home; why shouldest thou meddle with evil, that thou shouldest fall, even thou, and Judah with thee?'
Nokorɛm, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdie no, na tena wo fie. Adɛn enti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafoɔ nyinaa so yi?”
20 But Amaziah would not hear; for it was of God, that He might deliver them into the hand of their enemies, because they had sought after the gods of Edom.
Amasia yɛɛ asoɔden, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn resiesie ɛkwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsomm Edom anyame no enti.
21 So Joash king of Israel went up; and he and Amaziah king of Judah looked one another in the face at Beth-shemesh, which belongeth to Judah.
Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakodɔm ano kɔtiaa Yudahene Amasia. Akodɔm mmienu no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda.
22 And Judah was put to the worse before Israel; and they fled every man to his tent.
Israel akodɔm dii Yuda so nkonim, maa wɔbɔɔ ahweteɛ, dwane kɔɔ wɔn kurom.
23 And Joash king of Israel took Amaziah king of Judah, the son of Joash, the son of Jehoahaz, at Beth-shemesh, and brought him to Jerusalem, and broke down the wall of Jerusalem from the gate of Ephraim unto the corner gate, four hundred cubits.
Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsane de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakodɔm sɛ, wɔnsɛe Yerusalem ɔfasuo no anammɔn ahansia a ɛfiri Efraim ɛpono ano, kɔsi Twɛtwɛwa Ɛpono no ano.
24 And he took all the gold and silver, and all the vessels that were found in the house of God with Obed-edom, and the treasures of the king's house, the hostages also, and returned to Samaria.
Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahodoɔ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfie hɔ mu nneɛma kaa nnommumfoɔ no ho, na ɔsane kɔɔ Samaria.
25 And Amaziah the son of Joash king of Judah lived after the death of Joash son of Jehoahaz king of Israel fifteen years.
Israelhene Yoas owuo akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfirinhyia dunum.
26 Now the rest of the acts of Amaziah, first and last, behold, are they not written in the book of the kings of Judah and Israel?
Amasia ahennie ho nsɛm nkaeɛ a ɛfiri ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nwoma mu.
27 Now from the time that Amaziah did turn away from following the LORD they made a conspiracy against him in Jerusalem; and he fled to Lachish; but they sent after him to Lachish, and slew him there.
Amasia danee ne ho firii Awurade akyi no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem. Ɛno enti, ɔdwane kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfoɔ somaa awudifoɔ, tii no kɔkumm no wɔ hɔ.
28 And they brought him upon horses, and buried him with his fathers in the city of Judah.
Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem bɛsiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom.

< 2 Chronicles 25 >