< 1 Samuel 14 >

1 Now it fell upon a day, that Jonathan the son of Saul said unto the young man that bore his armour: 'Come and let us go over to the Philistines' garrison, that is on yonder side. But he told not his father.
Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya.
2 And Saul tarried in the uttermost part of Gibeah under the pomegranate-tree which is in Migron; and the people that were with him were about six hundred men,
Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase.
3 and Ahijah, the son of Ahitub, Ichabod's brother, the son of Phinehas, the son of Eli, the priest of the LORD in Shiloh, wearing an ephod. And the people knew not that Jonathan was gone.
(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu.
4 And between the passes, by which Jonathan sought to go over unto the Philistines' garrison, there was a rocky crag on the one side, and a rocky crag on the other side; and the name of the one was Bozez, and the name of the other Seneh.
Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam.
5 The one crag rose up on the north in front of Michmas, and the other on the south in front of Geba.
Ɔbotan a ɛtwere hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no nso, na ɛkyerɛ Geba anim.
6 And Jonathan said to the young man that bore his armour: 'Come and let us go over unto the garrison of these uncircumcised; it may be that the LORD will work for us; for there is no restraint to the LORD to save by many or by few.'
Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔyɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Ma yɛntwam nkɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn. Ebia, Awurade bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, biribiara ntumi nsi Awurade kwan. Ɔbɛtumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakodɔm dɔɔso anaa wɔsua.”
7 And his armour-bearer said unto him: 'Do all that is in thy heart; turn thee, behold I am with thee according to thy heart.'
Aberanteɛ no kaa sɛ, “Yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara. Gyinaeɛ biara a wobɛsie no, metaa wʼakyi pintinn.”
8 Then said Jonathan: 'Behold, we will pass over unto the men, and we will disclose ourselves unto them.
Yonatan kaa sɛ, “Ɛyɛ, yɛbɛtwam akɔ hɔ, na yɛama wɔahunu yɛn.
9 If they say thus unto us: Tarry until we come to you; then we will stand still in our place, and will not go up unto them.
Na sɛ wɔka sɛ, ‘Monnyina baabi a moaduru hɔ ara na anyɛ saa a, yɛbɛkum mo’ a, ɛnneɛ, yɛbɛgyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn.
10 But if they say thus: Come up unto us; then we will go up; for the LORD hath delivered them into our hand; and this shall be the sign unto us.'
Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛnneɛ, yɛbɛforo akɔ ɔsoro. Ɛbɛyɛ Awurade nsɛnkyerɛnneɛ sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
11 And both of them disclosed themselves unto the garrison of the Philistines; and the Philistines said: 'Behold Hebrews coming forth out of the holes where they hid themselves.'
Ɛberɛ a Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔreba no, wɔteam sɛ, “Monhwɛ o! Hebrifoɔ no na wɔreweawea afiri wɔn abɔn mu no!”
12 And the men of the garrison spoke to Jonathan and his armour-bearer, and said: 'Come up to us, and we will show you a thing.' And Jonathan said unto his armour-bearer: 'Come up after me; for the LORD hath delivered them into the hand of Israel.'
Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”
13 And Jonathan climbed up upon his hands and upon his feet, and his armour-bearer after him; and they fell before Jonathan; and his armour-bearer slew them after him.
Enti, wɔde wɔn nsa mmienu ne wɔn nan foroeɛ, na Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no kunkumm Filistifoɔ no benkum ne nifa, ma wɔtete kɔguiɛ.
14 And that first slaughter, which Jonathan and his armour-bearer made, was about twenty men, within as it were half a furrow's length in an acre of land.
Wɔkunkumm mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase no bɛyɛ sɛ eka fa so.
15 And there was a trembling in the camp in the field, and among all the people; the garrison, and the spoilers, they also trembled; and the earth quaked; so it grew into a terror from God.
Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifoɔ nsraadɔm no wɔ sraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa ntohyɛsofoɔ no mpo. Ɛhɔ ara asase wosoeɛ, maa obiara akoma tuiɛ.
16 And the watchmen of Saul in Gibeath-benjamin looked; and, behold, the multitude melted away, and they went hither and thither.
Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea no hunuu biribi a ɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifoɔ akodɔm no abɔ ahwete mmaa nyinaa.
17 Then said Saul unto the people that were with him: 'Number now, and see who is gone from us.' And when they had numbered, behold, Jonathan and his armour-bearer were not there.
Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no sɛ, “Monhwɛ akodɔm no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ anaa.” Wɔhwehwɛeɛ hunuu sɛ Yonatan ne nʼakodeɛsoafoɔ no na na wɔnni hɔ.
18 And Saul said unto Ahijah: 'Bring hither the ark of God.' For the ark of God was there at that time with the children of Israel.
Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa ɛberɛ no na ɛwɔ Israelfoɔ nkyɛn.)
19 And it came to pass, while Saul talked unto the priest, that the tumult that was in the camp of the Philistines went on and increased; and Saul said unto the priest: 'Withdraw thy hand.'
Ɛberɛ a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfoɔ no, na basabasa a asi Filistifoɔ sraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti, Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ, “Gyae! Ma yɛnkɔ.”
20 And Saul and all the people that were with him were gathered together, and came to the battle; and, behold, every man's sword was against his fellow, and there was a very great discomfiture.
Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so, firii akono hɔ kɔhunuu sɛ, Filistifoɔ no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasayɛ nko ara.
21 Now the Hebrews that were with the Philistines as beforetime, and that went up with them into the camp round about; even they also turned to be with the Israelites that were with Saul and Jonathan.
Mpo, Hebrifoɔ a na wɔdɔm Filistifoɔ akodɔm no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfoɔ nkaeɛ no.
22 Likewise all the men of Israel that had hid themselves in the hill-country of Ephraim, when they heard that the Philistines fled, even they also followed hard after them in the battle.
Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛ wɔ mmepɔ mu no hunuu sɛ Filistifoɔ no redwane no, kaa wɔn so bi.
23 So the LORD saved Israel that day; and the battle passed on as far as Beth-aven.
Enti, Awurade gyee Israel ɛda no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen.
24 And the men of Israel were distressed that day; but Saul adjured the people, saying: 'Cursed be the man that eateth any food until it be evening, and I be avenged on mine enemies.' So none of the people tasted food.
Afei, saa ɛda no na Israelfoɔ no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ, na Saulo ama wɔaka ntam sɛ, “Nnome mmra obiara a ɔbɛdidi ansa na onwunu atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfoɔ no so were.” Enti, obiara amfa hwee anka nʼano ɛda mu no nyinaa,
25 And all the people came into the forest; and there was honey upon the ground.
ɛwom, wɔhunuu sɛ ɛwoɔ kyɛm da fam wɔ kwaeɛ no ase.
26 And when the people were come unto the forest, behold a flow of honey; but no man put his hand to his mouth; for the people feared the oath.
Wɔamfa wɔn nsa ansɔ ɛwoɔ no mu mpo, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no.
27 But Jonathan heard not when his father charged the people with the oath; and he put forth the end of the rod that was in his hand, and dipped it in the honeycomb, and put his hand to his mouth; and his eyes brightened.
Nanso, na Yonatan deɛ, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwoɔ kyɛm no mu, dii ɛwoɔ no bi. Ɔdi wieeɛ no, ne ho baee no.
28 Then answered one of the people, and said: 'Thy father straitly charged the people with an oath, saying: Cursed be the man that eateth food this day; and the people are faint.'
Nanso, mmarima no mu baako hunuu no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wʼagya maa asraafoɔ no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a ɔbɛdidi ɛnnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno enti, na obiara ahodwo no.”
29 Then said Jonathan: 'My father hath troubled the land; see, I pray you, how mine eyes are brightened, because I tasted a little of this honey.
Na Yonatan teaam sɛ, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte seyie no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwoɔ kakra a mediiɛ yi, me ho asisi me ho so.
30 How much more, if haply the people had eaten freely to-day of the spoil of their enemies which they found? had there not been then a much greater slaughter among the Philistines?'
Sɛ mmarima no nyaa ɛkwan dii nnuane a wɔhunuu wɔ yɛn atamfoɔ no nkyɛn a, anka mo ara mobɛhunu wɔn dodoɔ a yɛbɛkum aka ho.”
31 And they smote of the Philistines that day from Michmas to Aijalon; and the people were very faint.
Nanso, ɛkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifoɔ no ɛda mu no nyinaa firi Mikmas, kɔsii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso.
32 And the people flew upon the spoil, and took sheep, and oxen, and calves, and slew them on the ground; and the people did eat them with the blood.
Anwummerɛ no, wɔto guu asadeɛ no so, faa nnwan, anantwie ne anantwie mma. Wɔkunkumm wɔn, wee wɔn ɛnam ne wɔn mogya nyinaa fraeɛ.
33 Then they told Saul, saying: 'Behold, the people sin against the LORD, in that they eat with the blood.' And he said: 'Ye have dealt treacherously; roll a great stone unto me this day.'
Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia Awurade, ɛfiri sɛ, wɔrewe ɛnam a mogya fra mu.” Na Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mompire ɛboɔ kɛseɛ bi mmɛto ha.
34 And Saul said: 'Disperse yourselves among the people, and say unto them: Bring me hither every man his ox, and every man his sheep, and slay them here, and eat; and sin not against the LORD in eating with the blood.' And all the people brought every man his ox with him that night, and slew them there.
Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Momfa anantwie no ne nnwan no mmra ha mmɛkum wɔn na monsɔne wɔn mogya mfiri wɔn mu. Monnnwe ɛnam a mogya da so wɔ mu mmfa so nnyɛ bɔne nntia Awurade.’” Enti anadwo no, asraafoɔ no de wɔn anantwie baeɛ, bɛkunkumm wɔn wɔ hɔ.
35 And Saul built an altar unto the LORD; the same was the first altar that he built unto the LORD.
Na Saulo sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de maa Awurade, deɛ ɛdi ɛkan a ɔsiiɛ.
36 And Saul said: 'Let us go down after the Philistines by night, and spoil them until the morning light, and let us not leave a man of them.' And they said: 'Do whatsoever seemeth good unto thee.' Then said the priest: 'Let us draw near hither unto God.'
Na Saulo kaa sɛ, “Momma yɛnkɔ Filistifoɔ no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkɔsi ahemadakye a yɛrennya wɔn mu baako koraa.” Na wɔbuaa sɛ, “Biribiara a wogye di sɛ ɛyɛ no, yɛbɛyɛ.” Nanso, ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Momma yɛnni ɛkan mmisa Awurade ansa.”
37 And Saul asked counsel of God: 'Shall I go down after the Philistines? wilt Thou deliver them into the hand of Israel?' But He answered him not that day.
Enti, Saulo bisaa Awurade sɛ, “Menkɔ so ntaa Filistifoɔ no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so anaa?” Nanso, Awurade amma wɔn mmuaeɛ biara saa ɛda no.
38 And Saul said: 'Draw nigh hither, all ye chiefs of the people; and know and see wherein this sin hath been this day.
Enti, Saulo ka kyerɛɛ ntuanofoɔ no sɛ, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛhunu bɔne a yɛayɛ ɛnnɛ.
39 For, as the LORD liveth, who saveth Israel, though it be in Jonathan my son, he shall surely die.' But there was not a man among all the people that answered him.
Mede Awurade a ɔyii Israel din ka ntam sɛ deɛ woayɛ bɔne no bɛwu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarimma no mu baako mpo antumi anka hwee.
40 Then said he unto all Israel: 'Be ye on one side, and I and Jonathan my son will be on the other side.' And the people said unto Saul: 'Do what seemeth good unto thee.'
Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Monnyina nohoa; me ne me babarima Yonatan nso bɛgyina ha.” Nnipa no penee so.
41 Therefore Saul said unto the LORD, the God of Israel: 'Declare the right.' And Jonathan and Saul were taken by lot; but the people escaped.
Enti, Saulo bɔɔ Awurade, Israel Onyankopɔn, mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade Israel Onyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn deɛ ɔdi fɔ ne deɛ ɔdi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfoɔ no mu? Mfomsoɔ no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.”
42 And Saul said: 'Cast lots between me and Jonathan my son.' And Jonathan was taken.
Na Saulo kaa sɛ, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ ɔdi fɔ.
43 Then Saul said to Jonathan: 'Tell me what thou hast done.' And Jonathan told him, and said: 'I did certainly taste a little honey with the end of the rod that was in my hand; here am I: I will die.'
Saulo bisaa Yonatan sɛ, “Ka deɛ woayɛ kyerɛ me.” Yonatan gye too mu sɛ, “Mede ɛwoɔ kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakra bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na yei yɛ owuo asɛm?”
44 And Saul said: 'God do so and more also; thou shalt surely die, Jonathan.'
Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.”
45 And the people said unto Saul: 'Shall Jonathan die, who hath wrought this great salvation in Israel? Far from it; as the LORD liveth, there shall not one hair of his head fall to the ground; for he hath wrought with God this day.' So the people rescued Jonathan, that he died not.
Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teaam ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Enti, ɛfata sɛ Yonatan a ɔgyee Israel ɛnnɛ no owuo anaa? Onyame mpa ngu. Ɛberɛ dodoɔ no a Awurade te aseɛ yi, ne tirinwi baako koraa ho nka, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwanwadeɛ ɛnnɛ.” Enti, nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no.
46 Then Saul went up from following the Philistines; and the Philistines went to their own place.
Na Saulo frɛɛ akodɔm no sɛ wɔnntaa Filistifoɔ no so bio. Enti, Filistifoɔ no sane kɔɔ efie.
47 So Saul took the kingdom over Israel, and fought against all his enemies on every side, against Moab, and against the children of Ammon, and against Edom, and against the kings of Zobah, and against the Philistines; and whithersoever he turned himself, he put them to the worse.
Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim.
48 And he did valiantly, and smote the Amalekites, and delivered Israel out of the hands of them that spoiled them.
Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfoɔ so, gyee Israelfoɔ firii wɔn afomfafoɔ nyinaa nsam.
49 Now the sons of Saul were Jonathan, and Ishvi, and Malchi-shua; and the names of his two daughters were these: the name of the first-born Merab, and the name of the younger Michal;
Na Saulo mmammarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmammaa baanu nso ne Merab a ɔyɛ panin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa.
50 and the name of Saul's wife was Ahinoam the daughter of Ahimaaz; and the name of the captain of his host was Abner, the son of Ner, Saul's uncle.
Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima.
51 And Kish was the father of Saul, and Ner the father of Abner was the son of Abiel.
Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma.
52 And there was sore war against the Philistines all the days of Saul; and when Saul saw any mighty man, or any valiant man, he took him unto him.
Ɛberɛ a Saulo dii adeɛ nyinaa, na Filistifoɔ taa ne Israelfoɔ di ako. Enti ɛberɛ biara a Saulo bɛhunu aberanteɛ biara a ne bo yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼakodɔm mu.

< 1 Samuel 14 >