< Titus 3 >
1 REMIND them to be subject to princes and those invested with authority, to obey magistrates, to be ready for every good work,
Kae wo nkurɔfoɔ na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpaninnie ne tumi ase na wɔntie wɔn na wɔnsiesie wɔn ho mma nnwuma pa biara.
2 to slander no man, to be inoffensive, gentle, shewing all meekness to all men.
Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛmmɔne mfa obi ho na mmom, wɔnnwo brɛoo na daa wɔnyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.
3 For we ourselves also in time past were thoughtless, disobedient, erroneous, enslaved by various passions and pleasures, living in malice and envy, hateful, hating one another.
Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn.
4 But even then the kindness and love of God our Saviour to man shone forth,
Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne dɔ daa adi no,
5 not for works of righteousness which we had done, but according to his mercy he saved us, by the laver of regeneration, and by renovation of the Holy Spirit;
ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ.
6 which he poured out upon us richly through Jesus Christ our Saviour;
Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so
7 that justified by his grace, we might become heirs in hope of eternal life. (aiōnios )
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. (aiōnios )
8 Faithful is the saying, and of these things I wish thee firmly to testify, that they who have believed in God be careful to be pre-eminent in good works. These are becoming and advantageous to men.
Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa.
9 But foolish disquisitions, and genealogies, and disputes, and contentions about the law avoid; for they are unprofitable and vain.
Nanso, monnnye nkwasea akyinnyeɛ. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfasoɔ biara.
10 An heretical person after a first and second admonition reject;
Obi a ɔde mpaapaemu ba no, bɔ no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho.
11 knowing that such a one is perverted, and sinneth, being self-condemned.
Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.
12 When I shall send Artemas unto thee, or Tychicus, hasten to come to me unto Nicopolis: for there I have determined to pass the winter.
Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔberɛ no.
13 Send forward diligently Zenas the lawyer and Apollos, that nothing may be wanting for them.
Bɔ mmɔden gya mmaranimfoɔ Sena ne Apolo ɛkwan yie na anhia wɔn hwee.
14 And let those who belong to us learn also to be pre-eminent in good works for all necessary calls, that they be not without fruits.
Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.
15 All that are with me salute thee. Salute those who love us with fidelity. Grace be with you all. Amen. This epistle was written to Titus appointed by suffrage first bishop of the church of Crete, from Nicopolis in Macedonia.
Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo. Kyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie mu ma yɛn. Adom nka mo nyinaa.