< Revelation 6 >
1 AND I saw when the lamb opened one of the seals, and I heard one of the four living beings, saying, as with a voice of thunder, Come, and see.
Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, “Bra!”
2 And I looked, and lo! a white horse; and he who sat on it held a bow, and a crown was given to him, and he went forth conquering and to conquer.
Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔeɛ sɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim.
3 And when he opened the second seal, I heard the second living being say, Come and see.
Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka sɛ, “Bra!”
4 And there went out another horse flame-coloured; and to him who sat thereon there was power given to take peace from the earth, and that men should kill each other; and there was given to him a great sword.
Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi.
5 And when he opened the third seal, I heard the third living being say, Come and see. And I saw, and lo! a black horse; and he that sat upon it had a pair of scales in his hand.
Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kura nsania mmienu.
6 And I heard a voice from amidst the four living beings saying, A choenix of wheat for a denarius, and three choenixs of barley for a denarius; yet to the oil and the wine do no injury.
Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!”
7 And when he opened the fourth seal, I heard the voice of the fourth living being saying, Come and see.
Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka sɛ, “Bra!”
8 And I looked, and lo! a pale coloured horse, and one sat on it, whose name was Death, and the grave followed after him: and power was given to them to kill the fourth part of the earth with the sword, and with famine, and with death, and with the wild beasts of the earth. (Hadēs )
Mehwɛeɛ na mehunuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefoɔ no din “Owuo”, na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu nan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, yadeɛ ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. (Hadēs )
9 And when he opened the fifth seal I saw underneath the altar the souls of those who had been slain for the word of God, and for the testimony which they maintained.
Afei Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so enum no ano. Mehunuu afɔrebukyia bi, na aseɛ na wɔn a wɔkumm wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidie dii adanseɛ no akra wɔ.
10 And they cried with a loud voice, How long will it be, O sovereign, the holy one and the true, ere thou judge and avenge our blood on those who dwell on the earth?
Wɔde nne a ano yɛ den kaa sɛ, “Otumfoɔ Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ! Woretwɛn akɔsi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wɔkunkum yɛn?”
11 And to each of them were given white robes, and it was told them that they should wait yet a little longer space, until the number of their fellow-servants and their brethren, who should be slain as well as they, should be completed.
Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra kɔsi sɛ wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho.
12 And I saw when he opened the sixth seal, and lo! there was a great earthquake, and the sun became black as sackcloth of hair, and the moon became as blood;
Na mehunuu sɛ Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano yɛ den baeɛ maa owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ sɛ mogya.
13 and the stars of heaven fell to the earth, as the fig-tree sheddeth her early ripe figs when shaken by a mighty wind:
Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ.
14 and the heaven was removed away as a volume rolled up and every mountain and island were removed out of their places:
Ɔsoro yeraeɛ te sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ.
15 and the kings of the earth, and the grandees, and the rich, and the military commanders, and the men in power, and every slave, and every free man, hid themselves in the caves, and in the rocks of the mountains;
Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.
16 and said to the mountains and to the rocks, Fall on us, and hide us from the face of him who sitteth on the throne, and from the wrath of the Lamb:
Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no sɛ, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔte ahennwa no so no ani renhunu yɛn, na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano.
17 for the great day of his wrath is come, and who is able to stand?
Wɔn abufuo no ɛda kɛseɛ aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”