< Acts 18 >

1 AND after these transactions, Paul departing from Athens, came to Corinth;
Yeinom akyi no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.
2 and finding a certain Jew named Aquila, a native of Pontus, lately arrived from Italy, with Priscilla his wife, (because Claudius had issued an order that all Jews should depart from Rome, ) he turned in to them.
Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔne ne yere Priskila firi Italia baa hɔ a na ɛnkyɛreɛ. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma ɔhempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so.
3 And as he was of the same occupation, he abode with them, and worked, (for by trade they were tent-makers: )
Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa nwono ntomadan.
4 and he discoursed in the synagogue every sabbath-day, and persuaded both the Jews and the Greek proselytes.
Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛɛ sɛ anka ɔdane Yudafoɔ ne Helafoɔ no adwene ma wɔgye di.
5 And when Silas and Timothy were come from Macedonia, Paul felt a strong impulse on his spirit, and forcibly testified to the Jews, that Jesus was the Messiah.
Ɛberɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no.
6 But as they continued opposing and blaspheming, he shook his garments, and said unto them, Your blood be upon your own heads; I am pure from it: from this moment will I go to the Gentiles.
Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.”
7 And departing thence, he came to the house of a person, called Justus, one who worshipped God, whose house was contiguous to the synagogue.
Ɔfirii hɔ kɔtenaa aman amanmuni Nyamesomfoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn.
8 But Crispus, the ruler of the synagogue, believed in the Lord with all his house: and many of the Corinthians hearing, believed, and were baptised.
Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu.
9 Then spake the Lord in a vision by night to Paul, Fear not, but speak; and hold not thy peace:
Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no,
10 for I am with thee, and no man shall set himself against thee to do thee harm; because I have much people in this city.
ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.”
11 And he sat down there a year and six months, teaching among them the word of God.
Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.
12 But when Gallio was the proconsul of Achaia, the Jews, with one accord, rose up against Paul, and brought him to the judgment-seat,
Ɛberɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ,
13 saying, This is the fellow that earnestly persuades men to worship God contrary to the law.
kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.”
14 Then Paul being about to open his mouth, Gallio said to the Jews,
Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka.
15 If indeed this was now a matter of injustice, or wicked knavery, with reason I should hear you patiently; but if it be merely a controversy about the word, and names, and a law peculiar to yourselves, settle it yourselves: for I will be no judge of these matters.
Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho enti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufoɔ.”
16 And he drove them from the judgment-seat.
Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ.
17 Then all the Greeks laid hold on Sosthenes the ruler of the synagogue, and beat him before the tribunal. And Gallio paid no regard to any of these things.
Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee.
18 Then Paul abode there yet many days, and taking leave of the disciples, he set sail for Syria, and with him Priscilla and Aquila; having cut off his hair at Cenchrea: for he had a vow.
Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refiri hɔ akɔ Siria. Esiane ɛbɔ a na wahyɛ no enti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔmaa wɔyii ne ti wɔ Kenkrea.
19 And he came to Ephesus, and left them there: but he himself went into the synagogue, and discoursed with the Jews.
Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ.
20 But when they were importunate with him to prolong his stay among them, he consented not;
Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɛtumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so.
21 but took his leave of them, saying, I must by any means keep the approaching feast at Jerusalem: but I mean to return to you again, if God so please. So he sailed from Ephesus.
Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso.
22 And landing at Cesarea, he went up, and having saluted the church at Jerusalem, he went down to Antioch.
Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia.
23 And after making some stay, he departed, passing in regular order through the Galatian district, and Phrygia, confirming all the disciples.
Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den.
24 Now a certain Jew named Apollos, an Alexandrian by birth, a man of eloquence, who was powerful in the Scriptures, had come to Ephesus.
Saa ɛberɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie.
25 He was instructed in the way of the Lord: and being fervent in spirit, he spake and taught very diligently the things concerning the Lord, though knowing only the baptism of John.
Esiane sɛ na wɔnam Awurade ɛkwan so akyerɛkyerɛ no enti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim.
26 So this man began to speak with great boldness in the synagogue: but when Aquila and Priscilla heard him, they took him home with them, and more accurately expounded to him the way of the Lord.
Ɔhyɛɛ aseɛ de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Ɛberɛ a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ efie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yie.
27 And when he wished to pass over to Achaia, the brethren wrote, exhorting the disciples to receive him; who arriving, contributed much to confirm those who believed through grace.
Ɛberɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Ɛberɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom enti, wɔabɛyɛ agyidifoɔ no yie.
28 For he strenuously argued with the Jews in public, demonstrating by the Scriptures that Jesus is the Messiah.
Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.

< Acts 18 >