< Joshua 24 >

1 And Ioshua assembled againe all the tribes of Israel to Shechem, and called the Elders of Israel, and their heades, and their iudges, and their officers, and they presented themselues before God.
Na Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa, wɔn mpanimfoɔ, ntuanofoɔ, atemmufoɔ ne adwumayɛfoɔ kɔɔ Sekem. Na wɔn nyinaa baa Onyankopɔn anim.
2 Then Ioshua said vnto all the people, Thus saith the Lord God of Israel, Your fathers dwelt beyond the flood in olde time, euen Terah the father of Abraham, and the father of Nachor, and serued other gods.
Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Mo tete agyanom, Tera a ɔyɛ Abraham agya ne Nahor tenaa Asubɔnten Eufrate agya nohoa na wɔsomm anyame foforɔ.
3 And I tooke your father Abraham from beyond the flood, and brought him through all the land of Canaan, and multiplied his seede, and gaue him Izhak.
Nanso, mefaa mo agya Abraham firii asase a ɛda Eufrate agya hɔ de no baa Kanaan asase so. Mefaa ne ba Isak so maa nʼasefoɔ dɔɔso.
4 And I gaue vnto Izhak, Iaakob and Esau: and I gaue vnto Esau mount Seir, to possesse it: but Iaakob and his children went downe into Egypt.
Mede Yakob ne Esau maa Isak. Mede Seir bepɔman no maa Esau, ɛnna Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.
5 I sent Moses also and Aaron, and I plagued Egypt: and when I had so done among them, I brought you out.
“Na mesomaa Mose ne Aaron, na mede ɔyaredɔm a ɛyɛ hu baa Misraimfoɔ no so na akyire yi, meyii mo firii hɔ ma monyaa ahofadie.
6 So I brought your fathers out of Egypt, and ye came vnto the Sea, and the Egyptians pursued after your fathers with charets and horsemen vnto the red sea.
Ɛberɛ a mo agyanom duruu Ɛpo Kɔkɔɔ ho no, Misraimfoɔ no de wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔkafoɔ taa wɔn.
7 Then they cryed vnto the Lord, and he put a darkenesse betweene you and the Egyptians, and brought the sea vpon them, and couered them: so your eyes haue seene what I haue done in Egypt also ye dwelt in the wildernesse a long season.
Mosu frɛɛ Awurade no, mede esum bɛtoo mo ne Misraimfoɔ no ntam, memaa Ɛpo no bu faa wɔn so kataa wɔn so. Mo ankasa mode mo ani hunuu deɛ meyɛeɛ. Afei motenaa ɛserɛ so mfeɛ bebree.
8 After, I brought you into the land of the Amorites, which dwelt beyond Iorden, and they fought with you: but I gaue them into your hand, and ye possessed their countrey, and I destroyed them out of your sight.
“Mede mo baa Amorifoɔ asase so wɔ Yordan apueeɛ fam. Wɔne mo koeɛ, nanso memaa modii wɔn so nkonim na mofaa wɔn asase.
9 Also Balak the sonne of Zippor King of Moab arose and warred against Israel, and sent to call Balaam the sonne of Beor for to curse you,
Na Moabhene Sipor babarima Balak hyɛɛ aseɛ ko tiaa Israel. Ɔka kyerɛɛ Beor babarima Balaam sɛ ɔnnome mo.
10 But I would not heare Balaam: therefore he blessed you, and I deliuered you out of his hand.
Nanso, mantie no, na mmom mema ɔhyiraa mo, na megyee mo firii Balak nsam.
11 And ye went ouer Iorden, and came vnto Iericho, and the men of Iericho fought against you, the Amorites, and the Perizzites, and the Canaanites, and the Hittites, and the Girgashites, the Hiuites and the Iebusites, and I deliuered them into your hand.
“Na motwaa Asubɔnten Yordan baa Yeriko no, Yeriko mmarima ko tiaa mo. Na nkurɔfoɔ pii nso ko tiaa mo a Amorifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ ka ho. Nanso, mema modii wɔn so nkonim.
12 And I sent hornets before you, which cast them out before you, euen the two kings of the Amorites, and not with thy sword, nor with thy bow.
Afei, mesomaa nnowa dii mo anim ma wɔkɔpamoo Amorifoɔ ahemfo baanu no. Ɛnyɛ mo akofena anaa mo agyan na ɛma modii nkonim.
13 And I haue giuen you a land, wherein ye did not labour, and cities which ye built not, and yee dwell in them, and eate of the vineyards and oliue trees, which yee planted not.
Memaa mo asase a ɛnyɛ mo na modii ho dwuma, maa mo nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ, nkuropɔn a mote mu seesei no. Memaa mo bobe nturo ne ngo dua mfuo sɛ mobɛnya aduane, a mpo ɛnyɛ mo na moduaeɛ.
14 Nowe therefore feare the Lord, and serue him in vprightnesse and in trueth, and put away the gods, which your fathers serued beyonde the flood and in Egypt, and serue the Lord.
“Enti, monni Awurade ni, na momfa mo akoma nyinaa nsom no. Monto ahoni a mo agyanom somee no wɔ ɛberɛ a na wɔte Asubɔnten Eufrate agya ne Misraim no nyinaa ngu korakora. Monsom Awurade nko ara.
15 And if it seeme euill vnto you to serue the Lord, choose you this day whome yee will serue, whether the gods which your fathers serued (that were beyond the flood) or the gods of the Amorites, in whose land ye dwel: but I and mine house will serue the Lord.
Sɛ nso mompɛ sɛ mosom Awurade a, ɛnnɛ yi ara, monkyerɛ deɛ mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somm wɔn wɔ ɛberɛ a na wɔwɔ Eufrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifoɔ a mote wɔn asase so seesei no anyame? Na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom Awurade.”
16 Then the people answered and saide, God forbid, that we shoulde forsake the Lord, to serue other gods.
Na ɔman no buaa sɛ, “Yɛrempa Awurade akyi nkɔsom anyame foforɔ.
17 For the Lord our God, he brought vs and our fathers out of the lande of Egypt, from the house of bondage, and he did those great miracles in our sight, and preserued vs in all the way that we went, and among all the people through whome we came.
Ɛfiri sɛ, Awurade, yɛn Onyankopɔn na ɔgyee yɛn ne yɛn agyanom firii nkoasom mu wɔ Misraim. Ɔyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ wɔ yɛn anim. Na yɛfaa ɛserɛ so wɔ yɛn atamfoɔ mu no, ɔbɔɔ yɛn ho ban.
18 And the Lord did cast out before vs all the people, euen the Amorites which dwelt in the lande: therefore will we also serue the Lord, for he is our God.
Ɛyɛ Awurade na ɔpamoo Amorifoɔ ne aman foforɔ a na wɔte asase yi so no. Enti yɛn nso, yɛbɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔno nko ne yɛn Onyankopɔn.”
19 And Ioshua saide vnto the people, Ye can not serue the Lord: for he is an holie God: he is a ielous God: hee will not pardon your iniquitie nor your sinnes.
Na Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Morentumi nsom Awurade, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron ne ninkunfoɔ Onyankopɔn. Ɔremfa mo atuateɛ ne mo bɔne nkyɛ mo.
20 If yee forsake the Lord and serue strange gods, then he will returne and bring euill vpon you, and consume you, after that hee hath done you good.
Sɛ mopa Awurade akyi na mosom anyame foforɔ a, ɔbɛdane atia mo, asɛe mo a ɛmfa ho sɛ ɔne mo adi no yie.”
21 And the people saide vnto Ioshua, Nay, but we will serue the Lord.
Nnipa no buaa Yosua sɛ, “Dabi, yɛasi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛsom Awurade.”
22 And Ioshua saide vnto the people, Yee are witnesses against your selues, that yee haue chosen you the Lord, to serue him: and they sayd, We are witnesses.
Yosua nso kaa sɛ, “Mobɛbu saa gyinaeɛ yi ho akonta. Moaka sɛ mobɛsom Awurade.” Wɔbuaeɛ sɛ, “Aane, yɛbɛbu ho akonta.”
23 Then put away nowe, saide he, the strange gods which are among you, and bowe your hearts vnto the Lord God of Israel.
Yosua kaa sɛ, “Ɛyɛ, monsɛe ahoni a mowɔ nyinaa na momfa mo akoma nto Awurade, Israel Onyankopɔn so.”
24 And ye people saide vnto Ioshua, The Lord our God wil we serue, and his voyce wil we obey.
Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom Awurade, yɛn Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama ɔno nko ara.”
25 So Ioshua made a couenant with the people the same day, and gaue them an ordinance and lawe in Shechem.
Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam.
26 And Ioshua wrote these woordes in the booke of the Lawe of God, and tooke a great stone, and pitched it there vnder an oke that was in the Sanctuarie of the Lord.
Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ.
27 And Ioshua saide vnto all the people, Beholde, this stone shall be a witnesse vnto vs: for it hath heard all the wordes of the Lord which he spake with vs: it shall be therefore a witnesse against you, lest yee denie your God.
Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.”
28 Then Ioshua let the people depart, euery man vnto his inheritance.
Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.
29 And after these things Ioshua the sonne of Nun, the seruaunt of the Lord died, being an hundreth and ten yeeres olde.
Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne edu.
30 And they buried him in ye border of his inheritance in Timnath-serah, which is in mount Ephraim, on the Northside of mount Gaash.
Wɔsiee no wɔ nʼagyapadeɛ asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, wɔ Gaas Bepɔ atifi fam.
31 And Israel serued the Lord all the daies of Ioshua, and all the daies of the Elders that ouerliued Ioshua, and which had knowen all the workes of the Lord that he had done for Israel.
Na Israel somm Awurade wɔ Yosua, ne mpanimfoɔ a wɔanyinyini sene noɔ a wɔhunuu deɛ Awurade yɛ maa Israel wɔn nkwa nna nyinaa mu.
32 And the bones of Ioseph, which the children of Israel brought out of Egypt, buried they in Shechem in a parcell of ground which Iaakob bought of the sonnes of Hamor the father of Shechem, for an hundreth pieces of siluer, and the children of Ioseph had them in their inheritance.
Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firi Misraim baeɛ no, wɔsiee wɔ Sekem wɔ asasetam bi a Yakob tɔɔ no dwetɛ mpɔ ɔha firii Hamor mmammarima nkyɛn no so. Na saa asase yi wɔ Efraim ne Manase mmusuakuo a wɔyɛ Yosef asefoɔ asase kyɛfa a wɔde maa wɔn no so.
33 Also Eleazar the sonne of Aaron died, whome they buried in the hill of Phinehas his sonne, which was giuen him in mount Ephraim.
Aaron babarima Eleasa nso wuiɛ. Wɔsiee no wɔ Efraim bepɔ asase no so wɔ Gibea kuro no a na wɔde ama ne babarima Pinehas no mu.

< Joshua 24 >