< Genesis 40 >
1 And after these things, the butler of the King of Egypt and his baker offended their lorde the King of Egypt.
Mmerɛ tiawa bi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene Farao nsãhyɛfoɔ panin ne ne burodotofoɔ panin fom no.
2 And Pharaoh was angrie against his two officers, against the chiefe butler, and against the chiefe baker.
Farao bo fuu ne nsãhyɛfoɔ panin no ne ne burodotofoɔ panin no yie.
3 Therefore he put them in ward in his chiefe stewardes house, in the prison and place where Ioseph was bound.
Enti, ɔde wɔn too afiase wɔ ɔwɛmfoɔ panin Potifar no fie, baabi korɔ no ara a wɔde Yosef kɔtoeɛ hɔ.
4 And the chiefe steward gaue Ioseph charge ouer them, and he serued them: and they continued a season in warde.
Ɔwɛmfoɔ panin Potifar de wɔn hyɛɛ Yosef nsa sɛ, ɔnhwɛ na ɔnyɛ deɛ ɛhia wɔn nyinaa mma wɔn. Wɔdaa afiase hɔ kyɛɛ kakraa no,
5 And they both dreamed a dreame, eyther of them his dreame in one night, eche one according to the interpretation of his dreame, both the butler and the baker of the King of Egypt, which were bounde in the prison.
nnipa baanu no nyinaa a na wɔyɛ ɔhene Farao burodotofoɔ panin ne nsãhyɛfoɔ panin a na wɔgu afiase hɔ no sosoo daeɛ anadwo korɔ no ara. Na saa daeɛ mmienu no mu biara wɔ ne nkyerɛaseɛ.
6 And when Ioseph came in vnto them in the morning, and looked vpon them, beholde, they were sad.
Adeɛ kyeeɛ a Yosef baa nneduafoɔ baanu no nkyɛn no, ɔhunuu sɛ wɔn nyinaa ayeyɛ mosomosoo.
7 And he asked Pharaohs officers, that were with him in his masters warde, saying, Wherefore looke ye so sadly to day?
Enti, ɔbisaa Farao fie mpanimfoɔ nneduafoɔ a na wɔne no gu afiase hɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɛnnɛ deɛ, mo werɛ aho mo ho sɛɛ?”
8 Who answered him, We haue dreamed, eche one a dreame, and there is none to interprete the same. Then Ioseph saide vnto them, Are not interpretations of God? tell them me nowe.
Nneduafoɔ no buaa Yosef sɛ, “Anadwo yi, yɛn baanu nyinaa sosoo daeɛ, nanso yɛnnya obiara wɔ ha nkyerɛ yɛn aseɛ.” Yosef nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛwom sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase deɛ, nanso monka mo daeɛ a mososoeɛ no nkyerɛ me.”
9 So the chiefe butler tolde his dreame to Ioseph, and said vnto him, In my dreame, behold, a vine was before me,
Enti, Farao nsãhyɛfoɔ panin no dii ɛkan kaa ne daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me daeɛ mu no, mehunuu bobe dua.
10 And in the vine were three branches, and as it budded, her flowre came foorth: and the clusters of grapes waxed ripe.
Na saa bobe dua no apan mman mmiɛnsa. Ɛguu nhyerɛnne, hyehyɛeɛ, nyiniiɛ, yɛɛ siaka bereeɛ.
11 And I had Pharaohs cup in mine hande, and I tooke the grapes, and wrung the into Pharaohs cup, and I gaue the cup into Pharaohs hand.
Na mekura ɔhene Farao nsã kuruwa. Metetee bobe aba no, kyikyi guu ɔhene Farao nsã kuruwa no mu, de maa no sɛ ɔnnom.”
12 Then Ioseph sayde vnto him, This is the interpretation of it: The three braunches are three dayes.
Yosef ka kyerɛɛ nsãhyɛfoɔ panin deduani no sɛ, “Wo daeɛ no ase nie: mman mmiɛnsa a wohunuiɛ no kyerɛ nnansa.
13 Within three dayes shall Pharaoh lift vp thine head, and restore thee vnto thine office, and thou shalt giue Pharaohs cup into his hand after the olde maner, when thou wast his butler.
Nnansa ntam no, Farao bɛyi wo, ama woakɔdi wo dibea sɛ ɔhene nsãhyɛfoɔ panin. Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsa sɛdeɛ na woyɛ no kane no.
14 But haue me in remembrance with thee, when thou art in good case, and shew mercie, I pray thee, vnto me, and make mention of me to Pharaoh, that thou mayest bring me out of this house.
Na sɛ ɛsi wo yie a, kae me. Mesrɛ wo, ɛyɛ a, ka me ho asɛm kyerɛ ɔhene Farao, na ɔmma wɔmmɛyi me mfiri afiase ha.
15 For I was stollen away by theft out of the land of the Ebrewes, and here also haue I done nothing, wherefore they should put mee in the dungeon.
Ɛfiri sɛ, nokorɛ ni, manyɛ bɔne biara na wɔkyeree me firii me manfoɔ Hebrifoɔ asase so de mebaa ha. Na ɛha nso mpo a meda yi, manyɛ afɔdisɛm biara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so de me to afiase.”
16 And when the chiefe baker sawe that the interpretation was good, hee saide vnto Ioseph, Also mee thought in my dreame that I had three white baskets on mine head.
Ɛberɛ a burodotofoɔ panin deduani no hunuu sɛ Yosef akyerɛ nsãhyɛfoɔ panin no daeɛ no ase, ama atɔ asom no, ɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Me nso, mesoo daeɛ bi. Me daeɛ no mu, na mesoso nkɛntɛn mmiɛnsa a burodo gugu mu.
17 And in the vppermost basket there was of all maner baken meates for Pharaoh: and the birdes did eate them out of the basket vpon mine head.
Kɛntɛn a ɛsi ɛsoro pɛɛ no, na nnuane ahodoɔ a wɔato a mede rekɔma Farao gu mu a na nnomaa sisi aduane no so wɔ mʼatifi, redi.”
18 Then Ioseph answered, and saide, This is the interpretation thereof: The three baskets are three dayes:
Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo daeɛ a wosoeɛ no asekyerɛ ni. Nkɛntɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma nnansa.
19 Within three dayes shall Pharaoh take thine head from thee, and shall hang thee on a tree, and the birdes shall eate thy flesh from off thee.
Nnansa ntam no, Farao bɛma wɔabɛyi wo afiri afiase ha, atwa wo ti, de wo kuntunsini no akɔsɛn dua so, ama nnomaa asosɔ wo ɛnam.”
20 And so the third day, which was Pharaohs birthday, hee made a feast vnto all his seruants: and hee lifted vp the head of the chiefe butler, and the head of the chiefe baker among his seruants.
Ne nnansa so no, na Farao redi nʼawoda. Enti, ɔtoo ɛpono kɛseɛ bi maa ne mpanimfoɔ ne ne fiefoɔ nyinaa. Ɔsoma ma wɔkɔyii ne burodotofoɔ panin ne ne nsãhyɛfoɔ panin nneduafoɔ no firii afiase hɔ baa nʼanim.
21 And he restored the chiefe butler vnto his butlershippe, who gaue the cup into Pharaohs hande,
Ɔhene Farao sane de ne nsãhyɛfoɔ panin no sii ne siberɛ, ma ɔhyɛɛ ɔhene Farao nsã.
22 But he hanged the chiefe baker, as Ioseph had interpreted vnto them.
Nanso, ne burodotofoɔ panin no deɛ, Farao ma wɔkɔsɛn no sɛdeɛ Yosef kyerɛɛ ne daeɛ no ase kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ.
23 Yet the chiefe butler did not remember Ioseph, but forgate him.
Nsãhyɛfoɔ panin no nso werɛ firii Yosef a wankae no koraa.