< Ezekiel 31 >

1 And in the eleuenth yeere, in the third moneth, and in the first day of the moneth the worde of the Lord came vnto me, saying,
Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 Sonne of man, speake vnto Pharaoh King of Egypt, and to his multitude, Whom art thou like in thy greatnesse?
“Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ: “‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?
3 Beholde, Asshur was like a cedar in Lebanon with faire branches, and with thicke shadowing boughes, and shot vp very hye, and his toppe was among the thicke boughes.
Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so nyini kɔɔ ɔsoro yie, ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.
4 The waters nourished him, and the deepe exalted him on hie with her riuers running round about his plants, and sent out her litle riuers vnto all the trees of the fielde.
Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.
5 Therefore his height was exalted aboue all the trees of the fielde, and his boughes were multiplied, and his branches were long, because of the multitude of the waters, which the deepe sent out.
Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro senee mfuo no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyini yɛɛ atentene, na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.
6 All the foules of the heauen made their nestes in his boughes, and vnder his branches did all the beastes of the fielde bring foorth their yong, and vnder his shadowe dwelt all mightie nations.
Ewiem nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu, wiram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase.
7 Thus was he faire in his greatnesse, and in the length of his branches: for his roote was neere great waters.
Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adendan no enti, na ne nhini nyini kɔɔ fam kɔduruu nsuo bebree mu.
8 The cedars in the garden of God coulde not hide him: no firre tree was like his branches, and the chessenut trees were not like his boughes: all the trees in the garden of God were not like vnto him in his beautie.
Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
9 I made him faire by the multitude of his branches: so that all the trees of Eden, that were in the garden of God, enuied him.
Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
10 Therefore thus sayeth the Lord God, Because he is lift vp on high, and hath shot vp his toppe among the thicke boughes, and his heart is lift vp in his height,
“‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti,
11 I haue therefore deliuered him into the handes of the mightiest among the heathen: he shall handle him, for I haue cast him away for his wickednesse.
mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no,
12 And the strangers haue destroyed him, euen the terrible nations, and they haue left him vpon the mountaines, and in all the valleis his branches are fallen, and his boughes are broken by all the riuers of the land: and all the people of the earth are departed from his shadowe, and haue forsaken him.
na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ.
13 Vpon his ruine shall all the foules of the heauen remaine, and all the beastes of the fielde shall be vpon his branches,
Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
14 So that none of all the trees by the waters shalbe exalted by their height, neither shall shoote vp their toppe among the thicke boughes, neither shall their leaues stand vp in their height, which drinke so much water: for they are all deliuered vnto death in the nether partes of the earth in the middes of the children of men among them that goe downe to the pit.
Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn.
15 Thus saith the Lord God, In the day when he went downe to hell, I caused them to mourne, and I couered the deepe for him, and I did restreine the floods thereof, and the great waters were stayed: I caused Lebanon to mourne for him, and all the trees of the fielde fainted. (Sheol h7585)
“‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. (Sheol h7585)
16 I made the nations to shake at the sound of his fall, when I cast him downe to hell with them that descend into the pit, and all the excellent trees of Eden, and the best of Lebanon: euen all that are nourished with waters, shall be comforted in the nether partes of the earth. (Sheol h7585)
Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. (Sheol h7585)
17 They also went downe to hell with him vnto them that be slaine with the sworde, and his arme, and they that dwelt vnder his shadowe in the middes of the heathen. (Sheol h7585)
Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho. (Sheol h7585)
18 To whom art thou thus like in glorie and in greatnesse among the trees of Eden? yet thou shalt be cast downe with the trees of Eden vnto the nether partes of the earth: thou shalt sleepe in the middes of the vncircumcised, with them that be slaine by the sworde: this is Pharaoh and all his multitude, sayth the Lord God.
“‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”

< Ezekiel 31 >