< 2 Corinthians 4 >
1 Therefore, seeing that we haue this ministerie, as we haue receiued mercy, we faint not:
Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno enti, ɛmma yɛn akoma ntu.
2 But haue cast from vs ye clokes of shame, and walke not in craftines, neither handle we the worde of God deceitfully: but in declaration of the trueth we approue our selues to euery mans conscience in the sight of God.
Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwudeyɛ nyinaa. Yɛnnaadaa na yɛntwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma ɔnnye deɛ Atwerɛsɛm no nkaeɛ nni. Yɛgyae saa aniwudeɛ no nyinaa. Yɛgyina Onyankopɔn anim kasa enti yɛka nokorɛ ma wɔn a wɔnim yɛn no nyinaa gye di.
3 If our Gospell bee then hid, it is hid to them that are lost.
Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera.
4 In whom the God of this world hath blinded the mindes, that is, of the infidels, that the light of the glorious Gospell of Christ, which is the image of God, should not shine vnto them. (aiōn )
Wɔnnye nni, ɛfiri sɛ, ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn firi hann a ɛto gu wɔn so no ho; hann a ɛfiri Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn animuonyam no ho no. (aiōn )
5 For we preach not our selues, but Christ Iesus the Lord, and our selues your seruaunts for Iesus sake.
Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu enti, yɛyɛ mo asomfoɔ.
6 For God that commanded the light to shine out of darknesse, is he which hath shined in our hearts, to giue the light of the knowledge of the glory of God in the face of Iesus Christ.
Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.
7 But we haue this treasure in earthen vessels, that the excellencie of that power might be of God, and not of vs.
Yɛte sɛ nkukuo a wɔde agyapadeɛ asie mu. Tumi ankasa no firi Onyankopɔn na ɛmfiri yɛn.
8 Wee are afflicted on euery side, yet are we not in distresse: we are in doubt, but yet wee despaire not.
Yɛtaa hunu amane, nanso wɔnnsɛee yɛn. Mpo sɛ yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛmpa aba.
9 We are persecuted, but not forsaken: cast downe, but we perish not.
Amaneɛ mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio.
10 Euery where we beare about in our bodie the dying of the Lord Iesus, that the life of Iesus might also be made manifest in our bodies.
Mmerɛ nyinaa yɛn onipadua no soa Yesu wu a ɔwuiɛ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu.
11 For we which liue, are alwaies deliuered vnto death for Iesus sake, that the life also of Iesus might be made manifest in our mortal flesh.
Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu enti, yɛte hɔ ma owuo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn onipadua a ɛwu no mu.
12 So then death worketh in vs, and life in you.
Yei kyerɛ sɛ owuo di ne dwuma wɔ yɛn mu ɛnna nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu.
13 And because we haue the same spirite of faith, according as it is written, I beleeued, and therefore haue I spoken, we also beleeue, and therefore speake,
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mekasaeɛ, ɛfiri sɛ, na megye di.” Saa honhom mu gyidie no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, ɛfiri sɛ, yɛgye di.
14 Knowing that he which hath raised vp the Lord Iesus, shall raise vs vp also by Iesus, and shall set vs with you.
Yɛnim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre firii awufoɔ mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim.
15 For all thinges are for your sakes, that that most plenteous grace by the thankesgiuing of many, may redound to the praise of God.
Mo enti na yeinom bɛba mu; na sɛdeɛ Onyankopɔn adom no reduru nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpaeɛ ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no animuonyam.
16 Therefore we faint not, but though our outward man perish, yet the inward man is renewed daily.
Esiane yei enti, yɛn bo ntu. Ɛwom sɛ yɛn onipadua no reporɔ nkakrankakra deɛ, nanso yɛn honhom no deɛ, ɛsesa yɛ foforɔ da biara da.
17 For our light affliction which is but for a moment, causeth vnto vs a farre most excellent and an eternall waight of glorie: (aiōnios )
Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de animuonyam a ɛnni awieeɛ a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. (aiōnios )
18 While we looke not on the thinges which are seene, but on the things which are not seene: for the things which are seene, are temporall: but the things which are not seene, are eternall. (aiōnios )
Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yɛhunu so, na mmom, nneɛma a yɛnhunu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Deɛ wɔtumi hunu no ntena hɔ nkyɛ, nanso deɛ yɛntumi nhunu no tena hɔ daa. (aiōnios )