< 1 Kings 12 >
1 And Rehoboam went to Shechem: for al Israel were come to Sheche, to make him king
Rehoboam kɔɔ Sekem, ɛfiri sɛ, na Israelfoɔ nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekɔsi no ɔhene.
2 And whe Ieroboam ye sonne of Nebat heard of it (who was yet in Egypt, whither Ieroboam had fled from king Salomon, and dwelt in Egypt)
Ɛberɛ a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awuo no, ɔfiri Misraim baeɛ, ɛfiri sɛ ɔdwane firii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim.
3 Then they sent and called him: and Ieroboam and all the Congregation of Israel came, and spake vnto Rehoboam, saying,
Enti, Israel mpanimfoɔ soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na Israel nnipadɔm no nyinaa kɔɔ Rehoboam nkyɛn, ne no kɔkasaeɛ sɛ,
4 Thy father made our yoke grieuous: now therefore make thou the grieuous seruitude of thy father, and his sore yoke which he put vpon vs, lighter, and we will serue thee.
“Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, te saa adwumaden ne apeatoɔ adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokorɛ mu.”
5 And he said vnto them, Depart yet for three dayes, then come againe to me. And the people departed.
Rehoboam buaa sɛ, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmɛgye me mmuaeɛ.” Enti, nnipa no sane kɔeɛ.
6 And King Rehoboam tooke counsell with the olde men that had stande before Salomon his father, while he yet liued, and sayde, What counsell giue ye, that I may make an answere to this people?
Na ɔhene Rehoboam ne ne mpanimfoɔ a wɔsom nʼagya Salomo ɛberɛ a ɔte ase no tuu asɛm no ho agyina. Ɔbisaa mpanimfoɔ no sɛ, “Moka asɛm no ho ɛdeɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
7 And they spake vnto him, saying, If thou be a seruant vnto this people this day, and serue them, and answere them, and speake kinde wordes to them, they will be thy seruants for euer.
Wɔbuaa no sɛ, “Sɛ ɛnnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfoɔ ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuaeɛ pa a, ɛnneɛ, daa wɔbɛsom wo nokorɛ mu.”
8 But he forsooke the counsell that the olde men had giuen him, and asked counsell of the yong men that had bene brought vp with him, and waited on him.
Nanso Rehoboam amfa afotuo a mpanimfoɔ no tuu no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfoɔ mmabunu bi a ɔne wɔn sii so a na wɔtu no fo no nkyɛn.
9 And he said vnto them, What counsell giue ye, that we may answere this people, which haue spoken to me, saying, Make the yoke, which thy father did put vpon vs, lighter?
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso mo adwene ne sɛn? Mmuaeɛ bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ mete adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”
10 Then the yong men that were brought vp with him, spake vnto him, saying, Thus shalt thou say vnto this people, that haue spoken vnto thee, and said, Thy father hath made our yoke heauie, but make thou it lighter vnto vs: euen thus shalt thou say vnto them, My least part shalbe bigger then my fathers loynes.
Nʼatipɛnfoɔ mmabunu buaa no sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’
11 Now where as my father did burden you with a grieuous yoke, I will yet make your yoke heauier: my father hath chastised you with rods, but I will correct you with scourges.
Aane, mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
12 Then Ieroboam and all the people came to Rehoboam the third day, as the king had appointed, saying, Come to me againe ye thirde day.
Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no.
13 And the king answered the people sharpely, and left the old mens counsell that they gaue him,
Ɔhene no buaa nnipa no abufuo so. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo no;
14 And spake to them after the counsell of the yong men, saying, My father made your yoke grieuous, and I will make your yoke more grieuous: my father hath chastised you with rods, but I will correct you with scourges.
ɔfaa mmabunu no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me deɛ mede anyanyankyerɛ bɛkeka mo.”
15 And the King hearkened not vnto the people: for it was the ordinance of the Lord, that he might perfourme his saying, which the Lord had spoken by Ahiiah the Shilonite vnto Ieroboam the sonne of Nebat.
Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
16 So when all Israel sawe that the King regarded them not, the people answered the King thus, saying, What portion haue we in Dauid? we haue none inheritance in the sonne of Ishai. To your tents, O Israel: nowe see to thine owne house, Dauid. So Israel departed vnto their tents.
Ɛberɛ a Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ! Yɛne Yisai babarima no nni hwee yɛ! Israel, momma yɛnkɔ yɛn nkyi! Dawid, hwɛ wʼankasa wo fie so!” Enti, Israelfoɔ no sane kɔɔ wɔn fie.
17 Howbeit ouer the children of Israel, which dwelt in the cities of Iudah, did Rehoboam reigne still.
Na Rehoboam toaa so dii Israelfoɔ a wɔtenaa Yuda nkuro so no nyinaa so ɔhene.
18 Nowe the King Rehoboam sent Adoram the receiuer of the tribute, and all Israel stoned him to death: then King Rehoboam made speede to get him vp to his charet, to flee to Ierusalem.
Na ɔhene Rehoboam somaa Adoram a na ɔtua adwumayɛfoɔ ano no sɛ ɔnkɔhwɛ, na asomdwoeɛ mmra, nanso Israel nyinaa sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm yi no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem.
19 And Israel rebelled against the house of Dauid vnto this day.
Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni bɛdi wɔn so, de bɛsi ɛnnɛ.
20 And when all Israel had heard that Ieroboam was come againe, they sent and called him vnto the assemblie, and made him King ouer all Israel: none followed the house of Dauid, but the tribe of Iudah onely.
Ɛberɛ a Israelfoɔ tee sɛ Yeroboam firi Misraim asane aba no, wɔyɛɛ nhyiamu, sii no ɔhene wɔ Israel nyinaa so. Enti, Yuda abusuakuo no nko ara na wɔkaeɛ, somm Dawid fie nokorɛ mu.
21 And when Rehoboam was come to Ierusalem, he gathered all the house of Iudah with the tribe of Beniamin an hundreth and foure score thousand of chosen men (which were good warriours) to fight against the house of Israel, and to bring the kingdome againe to Rehoboam the sonne of Salomon.
Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm ano. Ɔyii akofoɔ mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wɔafa ahemman no adi so.
22 But the worde of God came vnto Shemaiah the man of God, saying,
Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Semaia, Onyankopɔn onipa no sɛ,
23 Speake vnto Rehoboam the sonne of Salomon King of Iudah, and vnto all the house of Iudah and Beniamin, and the remnant of the people, saying,
“Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam, Yudahene ne nnipa a wɔfiri Yuda ne Benyamin sɛ,
24 Thus saith the Lord, Ye shall not go vp, nor fight against your brethren the children of Israel: returne euery man to his house: for this thing is done by me. They obeyed therefore the worde of the Lord and returned, and departed, according to the worde of the Lord.
‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, Mo ne mo nuanom Israelfoɔ nntwa mo ho nko. Monsane nkɔ mo akyi, na deɛ asi no nyinaa firi me!’” Enti, wɔtiee Awurade asɛm no, sane kɔɔ wɔn fie sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
25 Then Ieroboam built Shechem in mount Ephraim, and dwelt therein, and went from thence, and built Penuel.
Yeroboam kyekyeree Sekem kuro wɔ Efraim bepɔ asase so, ma ɛbɛyɛɛ ne kuropɔn. Akyire yi, ɔkɔkyekyeree kuro Penuel.
26 And Ieroboam thought in his heart, Nowe shall the kingdome returne to the house of Dauid.
Yeroboam dwenee ho dinn, see nʼakomam sɛ, “Sɛ manhwɛ yie a, ahemman no bɛsane akɔ Dawid fiefoɔ adedifoɔ nsam.
27 If this people goe vp and doe sacrifice in the house of the Lord at Ierusalem, then shall the heart of this people turne againe vnto their lorde, euen to Rehoboam King of Iudah: so shall they kill me and goe againe to Rehoboam King of Iudah.
Na sɛ wɔkɔ Yerusalem, kɔbɔ afɔdeɛ wɔ Awurade Asɔredan mu nso a, wɔbɛsom Yudahene Rehoboam. Ɛba saa a, wɔbɛkum me, de ɔno mmom asi wɔn so ɔhene.”
28 Whereupon the King tooke counsell, and made two calues of golde, and saide vnto them, It is too much for you to goe vp to Ierusalem: beholde, O Israel, thy gods, which brought thee vp out of the lande of Egypt.
Enti, ɔtiee deɛ nʼafotufoɔ ka, na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ anantwie mma mmienu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛyɛ ɔbrɛ bebree sɛ mobɛforo akɔ Yerusalem akɔsom. Ɛno enti, Israel, yeinom ne anyame a wɔyii mo firii Misraim!”
29 And he set the one in Beth-el, and the other set he in Dan.
Ɔde nantwie mma ahoni yi sisii Israel anafoɔ ne atifi, wɔ Bet-El ne Dan.
30 And this thing turned to sinne: for the people went (because of the one) euen to Dan.
Yei bɛyɛɛ bɔne kɛseɛ, ɛfiri sɛ, nnipa no somm ahoni no, a na mpo wɔtwa ɛkwan kɔ Dan.
31 Also he made an house of hie places, and made Priestes of the lowest of the people, which were not of the sonnes of Leui.
Yeroboam sisii abosonnan wɔ nkokoɔ so, na ɔpaa asɔfoɔ firii nnipa no mu a na wɔmfiri Lewi asɔfoɔ abusua mu.
32 And Ieroboam made a feast the fifteenth day of the eight moneth, like vnto the feast that is in Iudah, and offred on the altar. So did he in Beth-el and offered vnto the calues that he had made: and he placed in Beth-el the Priestes of the hie places, which he had made.
Yeroboam hyehyɛɛ nyamesom dapɔnna wɔ Bet-El a na wɔdi saa nna no Bul bosome (bɛyɛ Ahinime) mu a na ɛte sɛ Yuda Dwanekɔbea Afahyɛ no ara. Bet-El hɔ na ɔno ankasa bɔɔ afɔdeɛ maa anantwie mma ahoni a wayɛ no. Na Bet-El hɔ ara nso, na ɔpaa asɔfoɔ, maa abosomfie a ɔsisiiɛ no.
33 And he offered vpon the altar, which he had made in Beth-el, the fifteenth day of the eight moneth, (euen in the moneth which he had forged of his owne heart) and made a solemne feast vnto the children of Israel: and he went vp to the altar, to burne incense.
Na ɔno ankasa yii da bi too hɔ, Bul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mfimfini mu hɔ, na Yeroboam kɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so wɔ Bet-El. Ɔhyɛɛ anyamesom afahyɛ ase maa Israel, na ɔforo kɔɔ afɔrebukyia no so kɔhyee aduhwam.