< Zechariah 14 >
1 Watch out! For the day of the Lord is coming when what has been plundered from you will be divided up right in front of you.
Awurade ɛda bi reba a, wɔbɛkyɛ mo afodeɛ wɔ mo mu.
2 I will bring together all the nations to attack Jerusalem. The city will be captured, the houses looted, and the women raped. Half the population will be taken into exile, but the rest of the people will not be removed from the city.
Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wɔbɛwia afie mu nneɛma, na wɔato mmaa no monnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkaeɛfoɔ no bɛka kuropɔn no mu.
3 Then the Lord will go out to fight against the nations as he fights in times of war.
Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛdeɛ ɔko ɔko da no.
4 On that day his feet will stand on the Mount of Olives which faces Jerusalem to the east. The Mount of Olives will split apart, with half moving north and half moving south, creating a wide valley from east to west.
Saa ɛda no, ɔde nʼanammɔn bɛsisi Ngo Bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no so, na Ngo Bepɔ no mu bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam na ayɛ bɔnhwa kɛseɛ. Ɛbɛma bepɔ no fa akɔ atifi fam, na ɛfa nso akɔ anafoɔ fam.
5 You will run away through this mountain valley for it will reach as far as Azal. You will run away like people did at the time of the earthquake during the reign of Uzzah, king of Judah. Then the Lord will come, accompanied by all his holy ones.
Mobɛdwane afa me bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ, ɛkɔsi Asel. Mobɛdwane, sɛdeɛ moyɛɛ no ɛberɛ a asase wosooɛ wɔ Yudahene Usia berɛ so no. Afei, Awurade, me Onyankopɔn bɛba a ahotefoɔ nyinaa ka ne ho.
6 On that day there will be no longer cold and frost.
Saa ɛda no, hann, awɔ ne nsukyeneeɛ remma.
7 It will be one continuous day (only the Lord knows how this could happen). It won't be day or night, because in the evening it will still be light.
Ɛbɛyɛ ɛda soronko a ɛnni awiaberɛ anaa anadwo, ɛda a Awurade na ɔnim. Onwunu bɛdwoɔ no na hann wɔ hɔ.
8 On that day living waters will flow out of Jerusalem, half of it going east to the Dead Sea and half going west to the Mediterranean Sea, flowing in summer and winter alike.
Saa ɛda no, nkwa nsuo bɛtene afiri Yerusalem. Ɛfa bɛkɔ apueeɛ ɛpo mu, na ɛfa akɔ atɔeɛ ɛpo mu, ahuhuro ne awɔ berɛ mu.
9 The Lord will be king over all the earth. On that day there will be one true Lord, and his name the only one.
Awurade bɛdi ɔhene wɔ asase nyinaa so. Saa ɛda no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.
10 The whole land will be transformed into a plain, from Geba to Rimmon, south of Jerusalem. But Jerusalem will be raised up to where it was, and people will live there from the Benjamin Gate to where the old gate was, to the Corner Gate, and from the Tower of Hananel to the king's winepresses.
Asase a ɛfiri Geba kɔsi Rimon a ɛda Yerusalem anafoɔ fam nyinaa bɛyɛ asase tamaa sɛ Araba. Nanso, wɔbɛma Yerusalem so ama nnipa atena hɔ afiri Benyamin Ɛpono akɔsi Ɛpono A Ɛdi Ɛkan, de akɔsi Ntweasoɔ Ɛpono ne Hananel Abantenten de akɔsi ɔhene no nsakyimena no ho.
11 It will be inhabited and never again condemned to destruction again—people will be able to live in safety in Jerusalem.
Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem bɛnya asomdwoeɛ.
12 This will be the plague that the Lord will use to strike all the nations that attacked Jerusalem. Their flesh shall rot while they are still standing on their feet; their eyes will rot in their sockets; their tongues will rot in their mouths.
Yei ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu.
13 On that day the Lord will strike them with a terrible panic, and they will seize one another, and fight hand-to-hand.
Saa ɛda no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wɔbɛtwa wɔn ho ako.
14 Even Judah will fight in Jerusalem. The wealth of the surrounding nations shall be collected: lots of gold, silver, and clothes.
Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyadeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne aduradeɛ bebree.
15 A similar plague will strike the horses, mules, camels, donkeys, and all other animals that may be in their camps.
Saa ɔyaredɔm korɔ yi ara bɛka apɔnkɔ, mfunumpɔnkɔ, nyoma, mfunumu ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfoɔ nsraban mu nyinaa.
16 After this every one of the survivors from the nations that attacked Jerusalem will go there to worship the King, the Lord Almighty, and to celebrate the Festival of Shelters.
Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no.
17 If any of the peoples of the world refuse to go to Jerusalem to worship the King, the Lord Almighty, they will have no rain.
Sɛ ewiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osuo rentɔ mma wɔn.
18 If the Egyptian people refuse to go and attend, then the Lord will inflict on them the same plague as on the other nations who will not go celebrate the Festival of Shelters.
Sɛ Misraimfoɔ ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osuo rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn.
19 This will be the punishment on Egypt and all the nations if they do not go to Jerusalem and celebrate.
Yei bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.
20 On that day the bells worn by horses will be engraved with the words “Holy to the Lord.” The household cooking pots used in the Lord's Temple will be as holy as the bowls used on the altar in the presence of the Lord.
Saa ɛda no, wɔbɛkrukyire asɛm a ɛka sɛ: KRONKRON MA Awurade wɔ adɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkukuo a wɔde noa aduane wɔ Awurade fie no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a ɛsisi afɔrebukyia anim.
21 Every pot in Jerusalem and in Judah will be holy to the Lord Almighty, so that everyone who comes to sacrifice can take them and cook their sacrificial meat in them. On that day there will no longer be traders in the Lord's Temple.
Kukuo biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ deɛ wɔate ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛfa nkukuo yi bi anoa mu. Na saa ɛda no, wɔrenhunu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fie bio.