< Psalms 132 >

1 A song for pilgrims going up to Jerusalem. Lord, remember David, and all that he went through.
Ɔsoroforo dwom. Awurade kae Dawid ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.
2 He made a promise to the Lord, a vow to the Mighty One of Jacob:
Ɔkaa Awurade ntam, na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se,
3 “I will not go home, I will not go to bed,
“Merenhyɛn me fi na merenkɔda me mpa so,
4 I will not go to sleep, I will not take a nap,
meremma nna mmfa me na meremma mʼani nkum,
5 until I find a place where the Lord can live, a home for the Mighty One of Jacob.”
kosi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.”
6 In Ephrathah we received information about the Ark of Agreement, and we found it in fields near Jaar.
Yɛtee wɔ Efrata, yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.
7 Let's go to the place where the Lord lives and bow down at his feet in worship.
“Momma yɛnkɔ nʼatenae; momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ.
8 Come, Lord, and enter your home, together with your Ark of your power.
‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea, wo ne wo tumi adaka no.
9 May your priests wear goodness like clothing; may your faithful people shout for joy.
Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo; ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’”
10 For the sake of your servant David, don't reject the king you have chosen.
Wo somfo Dawid nti, nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.
11 The Lord made a solemn promise to David, one he will never cancel—“I will put one of your descendants on your throne.
Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid, nokware ntam a ɔntwe nsan se, “Wʼasefo no mu baako na mede no bɛtena wʼahengua so.
12 If your sons keep to my agreement and my laws that I will teach them, then their sons will always occupy your throne.”
Sɛ wo mmabarima di mʼapam so na wotie me nkyerɛkyerɛ a, ɛno de wɔn mmabarima bɛtena wʼahengua so afebɔɔ.”
13 For the Lord has chosen Zion, wanting to make his home there, saying:
Awurade ayi Sion, ɔde hɔ ayɛ nʼatenae:
14 “This will always be my home; this is where I want to live.
“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,
15 I will provide the people of the city with all they need; I will feed the poor.
mede nneɛma pa bebree behyira no na mama nʼahiafo adidi amee.
16 I will clothe its priests with salvation; and its faithful people will shout for joy.
Mede nkwagye befura nʼasɔfo, na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.
17 I will make the line of David even more powerful. I have prepared a lamp for my chosen king.
“Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu, na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no.
18 I will humiliate his enemies, but the crown he wears will shine brightly.”
Mede aniwu befura nʼatamfo, nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”

< Psalms 132 >