< Luke 1 >

1 As you know, many others have attempted to put down in writing the things that have been fulfilled that involve us.
Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.
2 They based their accounts on evidence from the earliest eyewitnesses and ministers of the Word,
Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho.
3 and so I also decided that since I have followed these things very carefully from the beginning, it would be a good idea to write out an accurate account of all that happened.
Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye.
4 I have done this dear Theophilus so you can be certain that what you were taught is completely reliable.
Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.
5 During the time when Herod was king of Judea, there was a priest called Zechariah, who came from the Abijah priestly division. He was married to Elizabeth, who was also descended from Aaron the priest.
Mede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase wɔ Yudeahene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.
6 They both did what was right before God, being careful to follow all the Lord's commandments and regulations.
Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
7 They had no children because Elizabeth wasn't able to have any, and they were both growing old.
Na wonni ɔba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.
8 While Zechariah was serving as a priest before God, on behalf of his priestly division,
Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,
9 he was chosen by lot according to priestly custom to enter the Temple of the Lord and burn incense.
wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so.
10 During the time of offering incense a large crowd of people were praying outside.
Saa bere no ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.
11 An angel of the Lord appeared to Zechariah, standing to the right of the altar of incense.
Sakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so.
12 When Zechariah saw the angel, he was startled and became terrified.
Sakaria huu no no, ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe.
13 But the angel told him, “Don't be afraid, Zechariah. Your prayer has been heard, and your wife Elizabeth will bear you a son, and you shall call him John.
Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.
14 He will bring you joy and gladness, and many will celebrate his birth.
Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.
15 He will be great in the sight of the Lord. He will refuse to drink wine or other alcoholic drink. He will be filled with the Holy Spirit even before he's born.
Ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam.
16 He will turn many Israelites back to the Lord their God.
Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.
17 He will go ahead of the Lord in the spirit and power of Elijah, to turn the fathers back to thinking about their children, and to turn those who are rebellious back to a right understanding—to prepare a people ready for the Lord.”
Obenya Odiyifo Elia honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
18 “How can I be sure about this?” Zechariah asked the angel. “I'm an old man, and my wife is getting old too.”
Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
19 “I am Gabriel,” the angel replied. “I stand in God's presence, and I was sent to speak to you and give you this good news.
Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.
20 But since you didn't believe what I told you, you'll become dumb, unable to speak, until the appointed time when my words come true.”
Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”
21 Outside the people were waiting for Zechariah, wondering why he was taking so long in the Temple.
Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa.
22 When eventually he came out, he wasn't able to speak to them. They realized he'd seen a vision in the Temple, for though he could make gestures, he was completely dumb.
Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ.
23 After he'd finished his time of service, he went back home.
Owiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie.
24 Some time later his wife Elizabeth became pregnant. She stayed at home for five months.
Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee asram anum.
25 “The Lord has done this for me,” she said, “now that he's taken away my disgrace in the eyes of others.”
Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”
26 In the sixth month of her pregnancy God sent the angel Gabriel to a young girl called Mary who lived in the town of Nazareth in Galilee.
Elisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase
27 She was engaged to a man named Joseph.
se, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn.
28 The angel greeted her. “You are very privileged,” he told her. “The Lord is with you.”
Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
29 Mary was very puzzled at what he said, and wondered what this greeting meant.
Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi ase ne dɛn?”
30 “Don't worry, Mary,” the angel went on, “for God has shown his graciousness to you.
Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo.
31 You will become pregnant and give birth to a son. You shall call him Jesus.
Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.
32 He will be very great, and he will be called the Son of the Most High. The Lord God will give him the throne of David his father,
Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no.
33 and he will reign over the house of Jacob forever. His kingdom will never come to an end.” (aiōn g165)
Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.” (aiōn g165)
34 “How is this possible?” Mary asked. “I'm still a virgin.”
Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ bere a ɔbarima nhuu me da?”
35 He replied, “The Holy Spirit will come upon you, and the power of the Most High will cover you. The baby who is to be born is holy, and will be called the Son of God.
Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.
36 And Elizabeth, your relative, even she is pregnant in her old age. The woman that people said couldn't have children is already six months pregnant.
Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonin anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu.
37 Nothing is impossible for God.”
Efisɛ Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”
38 “Here I am, ready to be the Lord's servant,” said Mary. “May it happen to me just as you said.” Then the angel left her.
Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Afei, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.
39 A little while later, Mary got herself ready and hurried up into the hills of Judea, to the town where
Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu.
40 Zechariah's house was. She called out to Elizabeth as she went in.
Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no.
41 As soon as Elizabeth heard Mary's voice, the baby jumped for joy inside her. Elizabeth was filled with the Holy Spirit,
Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.
42 and cried out in a loud voice, “How blessed you are among women, and how blessed will be the child born to you!
Elisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse.
43 Why am I so honored that the mother of my Lord should visit me?
Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me?
44 As soon as I heard you call out in greeting, my baby jumped for joy inside me.
Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho.
45 How fortunate you are, because you are convinced that the Lord will do what he has promised you!”
Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ nea Onyankopɔn aka no ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”
46 Mary replied, “How I praise the Lord!
Maria kae se, “Me kra kamfo Awurade.
47 I am so happy with God my Savior,
Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;
48 because he decided that I, his servant, was worthy of his consideration, despite my humble background. From now on every generation will say I was blessed.
efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ, na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.
49 God Almighty has done great things for me; his name is holy.
Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;
50 His mercy lasts for generation after generation to those who respect him.
nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.
51 With his power he has broken to pieces those who arrogantly think they're so clever.
Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.
52 He tears the powerful down from their thrones, and elevates those who are humble.
Watu abirɛmpɔn ade so ama ahobrɛasefo so.
53 He fills the hungry with good things to eat, and he sends the rich away empty-handed.
Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafo kwan nsapan.
54 He has helped his servant Israel, remembering him in mercy,
Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
55 just as he promised our fathers, to Abraham and his descendants for ever.” (aiōn g165)
a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da.” (aiōn g165)
56 Mary stayed with her for three months and then returned home.
Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.
57 The time came for Elizabeth to have her baby and she gave birth to a son.
Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima.
58 Her neighbors and relatives heard how the Lord had showed her great kindness, and they celebrated together with her.
Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.
59 Eight days later they came to circumcise the boy. They planned to call him Zechariah after his father.
Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria.
60 “No,” Elizabeth said. “He shall be called John.”
Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
61 “But there's nobody among your relatives who has this name,” they told her.
Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
62 Through gestures they asked Zechariah, the boy's father, what he wanted to call his son.
Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no.
63 Zechariah motioned for something to write on. To everyone's surprise he wrote, “His name is John.”
Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.
64 Immediately he could speak again, and he started praising God.
Amono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ.
65 All those living nearby were in awe at what had happened, and the news spread throughout the hill country of Judea.
Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa.
66 Everyone who heard the news wondered what it meant. “What will the little boy grow up to be?” they asked, for it was clear he was very special to God.
Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
67 Zechariah, his father, filled with the Holy Spirit, spoke this prophecy:
Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,
68 “The Lord, the God of Israel, he is wonderful, for he has come to his people and set them free.
“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ waba abegye ne manfo.
69 He has given us a great Savior from the line of his servant David,
Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,
70 as he promised through his holy prophets long ago. (aiōn g165)
sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ (aiōn g165)
71 He promised to save us from our enemies, from those who hate us.
sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,
72 He was merciful to our fathers, remembering his holy agreement—
sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ na wakae nʼapam kronkron no,
73 the promise that he made to our father Abraham.
ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:
74 He gives us freedom from fear and rescues us from our enemies,
sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.
75 so we can serve him by doing what is good and right for our whole lives.
Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.
76 Even though you are only a small child, you will be called the prophet of the Most High, for you will go ahead of the Lord to prepare his way,
“Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,
77 providing knowledge of salvation to his people through the forgiveness of their sins.
na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;
78 Through God's caring kindness to us, heaven's dawn will break upon us
na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
79 to shine on those who live in darkness and under the shadow of death, and to guide us along the path of peace.”
na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so, na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”
80 The boy John grew and became spiritually strong. He lived in the desert until the time came for his public ministry to Israel.
Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.

< Luke 1 >