< Leviticus 26 >

1 “Don't make yourselves idols anywhere in your land and bow down to worship them, whether they are images or sacred pillars or stone sculptures. For I am the Lord your God.
“‘Monnyɛ abosom. Munnsisi ahoni anaa abo mma mo ho. Mommfa abo a wɔatwa nsisi mo asase so sɛ morebɛkotow wɔn. Mene Awurade mo Nyankopɔn no.
2 Keep my Sabbaths and show respect for my sanctuary. I am the Lord.
“‘Ɛsɛ sɛ mudi me Homeda, na mode nidi ma me kronkronbea. Mene Awurade.
3 If you follow my rules and keep my regulations,
“‘Sɛ mudi me mmara no nyinaa so a,
4 I will make sure it rains at the right time so that the ground will grow good crops and the fruit trees will be productive.
daa mɛtɔ osu ama mo ama mo nnɔbae ayɛ yiye abu so, na mo nnua nso bɛsow aba a ɛbɛkyɛ wɔ nnua no so.
5 Your time of threshing will last right up to the grape harvest, and the grape harvest until the time you have to sow again. You will have more than enough to eat and you will live in safety in your land.
Na sɛ edu odua bere so bio koraa a, mo borɔdɔma bɛkɔ so abere. Mubedidi amee na moatena asase no so asomdwoe mu.
6 I will make sure your land is at peace. You will be able to sleep without being afraid of anything. I will get rid of dangerous animals from the land, and you will not suffer from any violent enemy attacks.
“‘Mɛma mo asomdwoe, na mɛma mo ada a munnsuro hwee. Mɛpam mmoa bɔne afi mo ho.
7 You will chase your enemies, and kill them with the sword.
Mobɛtaa mo atamfo; na wobewuwu wɔ mo afoa ano.
8 Five of you will kill one hundred, and one hundred of you will kill ten thousand. You will destroy your enemies.
Mo mu baanum bɛka ɔha agu, na mo mu ɔha aka mpem du agu! Mo atamfo bɛtotɔ wɔ afoa ano wɔ mo anim.
9 I will come to help you, so you will reproduce and increase in numbers, and I will confirm my agreement with you.
“‘Mɛhwɛ mo so na mama mo adɔ, na madi apam a me ne mo pamee no so.
10 You'll still be eating your old stock of grain when you need to get rid of it so you can store the new grain.
Mo nnɔbae bebu so a sɛ otwabere foforo du so a, morenhu nea mode bɛyɛ.
11 I will come and live with you—I certainly won't reject you.
Na mɛtena mo mu, na merenkyi mo.
12 I shall always be right there with you. I will be your God, and you will be my people.
Me ne mo bɛnantew, na mayɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo.
13 I am the Lord your God, who led you out of Egypt so you wouldn't have to be slaves to the Egyptians any longer. I smashed the yoke that kept you bent down and helped you to stand up straight.
Mene Awurade mo Nyankopɔn a ɔde mo fi Misraim asase so bae sɛnea morenyɛ Misraimfo nkoa bio no. Mibubuu mo konnua nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛma mo anantew anuonyam so.
14 But if you don't pay attention to me and do what I tell you;
“‘Na sɛ moantie me, anni mʼasɛm so,
15 if you reject my laws, hate my regulations, and refuse to follow my commandments, and consequently break my agreement,
na mopo mʼahyɛde ne me mmara na moanni so, bu mʼapam so a,
16 then this is what I am going to do to you: I will make you panic, and suffer from diseases like tuberculosis and fever that make you blind and drain your life away. It will be pointless for you to sow seed in your fields because your enemies will eat the harvest.
nea mɛyɛ mo ni: Mɛma mo koma atutu na mama nsamanwaw ayɛ mo, na atiridiinini abɔ mo. Mo ani betutu, na mo nkwa so ahuan. Mubedua nnɔbae agu kwa, efisɛ mo atamfo na wobedi.
17 I will turn against you, and you'll be defeated by your enemies. People who hate you will rule over you, and you'll run away even when there's no one chasing you!
Meyi mʼani afi mo so, na moaguan afi mo atamfo anim. Wɔn a wɔtan mo no bedi mo so. Mubeguan bere a obiara ntaa mo mpo.
18 If after all this you still refuse to obey me, I will move to punishing you seven times over for your sins.
“‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a, mɛtwe mo bɔne no so aso mmɔho ason.
19 I will break your self-reliant strength you're so proud of, and make your sky hard as iron and your land hard as bronze.
Mɛsɛe mo ahantan tumi no na mayɛ mo soro sɛ dade ne mo fam sɛ kɔbere.
20 Your strength will be completely wasted because your land won't produce crops, and your trees won't produce fruit.
Mobɛsɛe mo ahoɔden kwa, na mo asase rennya nnɔbae biara, na ɛso nnua nso rensow aba.
21 If you go on opposing me and refusing to do what I tell you, I will make your punishments seven times worse, based on your sins.
“‘Na sɛ tie ara na morentie me a, mo bɔne nti, mede ɔyaredɔm mmɔho ason a ɛfata mo bɔne no begu mo so.
22 I will send wild animals to kill your children, wipe out your livestock, and make you so few in number that there won't be anyone on your roads.
Mɛma nkekaboa abekunkum mo mma na wɔakunkum mo anantwi, na matew mo dodow so, na mo akwan bɛda mpan a obi mfa so bio.
23 However, if in spite of all this correction you still don't change but go on opposing me,
“‘Na sɛ eyi antumi ansakra mo, na mokɔ so tia mʼapɛde a,
24 then I will take action against you. I will punish you seven times over for your sins.
me nso, metia mo apɛde, na me ara mʼankasa mɛtwe mo aso mpɛn ason wɔ mo bɔne ho.
25 I will send enemies with swords to attack you in retaliation for breaking the agreement. Even though you retreat into your towns for defense, I will plague you with disease, and you will be handed over to your enemies.
Menam ɔko so bebu mʼapam so ako atia mo de atua mo so ka. Mubeguan akɔ mo nkurow mu, na mede nyarewa bɛtoa mo wɔ hɔ. Na mo atamfo bedi mo so.
26 I will send a famine so bread is in short supply. One oven will serve the needs of ten women baking bread. It will be distributed by weight so that you'll eat but won't have enough.
Mɛsɛe mo nnuan a mubenya nyinaa akosi sɛ mpo, fononoo baako brodo a ɛbɛto no na mmusuakuw du bedi. Aduan kakra a mubedi no akyi, ɔkɔm bɛde mo.
27 However, if in spite of all this you don't obey me, but go on opposing me,
“‘Na sɛ mokɔ so yɛ asoɔden a,
28 then I will take action against you in a rage of fury, and I will punish you myself seven times over for your sins.
mo bɔne nti, me bo befuw mo na matwe mo aso a emu yɛ den mmɔho ason.
29 You will eat the bodies of your own sons and daughters.
Mobɛwe mo mmabarima ne mo mmabea nam.
30 I will destroy your high places of worship, smash your altars of incense, and pile up your dead bodies on what remains of your idols, which also have no life at all. I will really despise you.
Mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea. Metwitwa mo aduhuam afɔremuka agu, na mahyehyɛ mo afunu wɔ mo ahoni a enni nkwa no so; na mɛpo mo.
31 I will demolish your towns and destroy your pagan sanctuaries, and I will refuse to accept your sacrifices.
Mɛma mo nkurow ayɛ amamfo na masɛe baabi a mosom nyinaa, na mapo mo ohuam afɔrebɔ no.
32 I will devastate your land myself, so that your enemies who come and live in it will be horrified at what has happened.
Ampa ara, mɛma mo asase so ada mpan na mo atamfo atena so, na nea mɛyɛ mo no ayɛ mo nwonwa.
33 I'm going to scatter you among the nations. You will be chased out by armies with swords as your land is ruined and your towns are destroyed.
Mɛbɔ mo apete aman no a morekɔ so nyinaa so, na mede ɔko asɛe mo. Mo asase bɛda mpan na wɔasɛe mo nkurow.
34 At least then the land will be able to enjoy its Sabbaths all the time it's abandoned while you are in exile in the land of your enemies. The land will finally be able to rest and enjoy its Sabbaths.
Akyiri no, asase no bɛda hɔ ahome de asi mfe dodow a moamma anhome no anan; ɛbɛda hɔ wɔ mmere a mowɔ atamfo nsam wɔ wɔn nsase so no nyinaa. Na asase no ahome, na anya ne home nna nso.
35 The whole time it's abandoned the land will observe the Sabbaths of rest that it wasn't able to do while you were living there.
Bere a asase no da mpan nyinaa, ebenya home a moamma annya wɔ Homeda dodow a motenaa so no.
36 I will make those of you who survive so discouraged that as you live in the lands of your enemies even the sound of a leaf blowing in the wind will scare you into running away! You'll run away like you're being chased by someone with a sword, and fall down even though no one is after you.
“‘Wɔn a wogyaw wɔn hɔ a wonwui no nso, mɛma wɔatwe wɔn akɔ akyirikyiri nsase so sɛ ɔko mu nneduafo ne nkoa. Ɛhɔ na wɔbɛtena daa wɔ ehu mu. Wɔte sɛ mframa rebɔ ahaban koraa a, wobeguan te sɛ nea obi a okura afoa repam wɔn; wɔbɛhwehwe ase wɔ bere a obi ntaa wɔn.
37 You'll trip over each other as you run away from the attack, then though no one's there. You'll have no power to resist your enemies.
Obiara rentaa wɔn nanso ehu nti, wobehintihintiw wɔn ho wɔn ho te sɛnea wɔreguan afi akono a wonni tumi biara a wɔde begyina wɔn atamfo anim no.
38 You'll die in exile and you'll be buried in a foreign country.
Mobɛyera wɔ aman mu, na mo atamfo asɛe mo.
39 Those of you who do manage to survive in the countries of your enemies will wither away because of their guilt, decaying as they share the sins of their fathers.
Wɔn a wɔbɛka no, wɔn bɔne nti, wɔn ho bɛyeraw wɔn wɔ atamfo nsase so, bɔne a wɔn agyanom yɛe no nti.
40 They need to confess their sins and those of their fathers, acting in such an unfaithful way towards me, opposing me.
“‘Nanso akyiri no, me nkurɔfo bɛka wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne. Wɔbɛka sɛnea wodii me huammɔ na wotiaa me no.
41 Because of this I took action against them and exiled them in the countries of their enemies. However, if they humbly give up their stubborn attitude and accept their punishment for their sins,
Sɛ me nso mitia wɔn sɛ nea ɛsɛ na mede wɔn kɔ wɔn atamfo asase so a, afei, wɔn komaden no ano bɛbrɛ ase, na wobetua wɔn bɔne so ka.
42 then I will fulfill the agreement I made with Jacob, Isaac, and Abraham, and I will not forget my promise about the land.
Afei, mɛkae apam a mene Yakob, Isak ne Abraham ayɛ, na mɛkae asase no.
43 For the land will be left empty by them, and it will enjoy its Sabbaths being abandoned. They will pay for their sins, because they rejected my rules and regulations.
Asase no da hɔ dinn no, ebedi ne homeda. Nanso akyiri no, wobenya wɔn asotwe sɛ wɔanni me nhyehyɛe so na wɔpoo mʼahyɛde.
44 But despite all this, even while they are living in land of their enemies, I will not reject or hate them so much as to destroy them and break my agreement with them, because I am the Lord their God.
Na nea wɔyɛɛ no nyinaa akyi no, merensɛe wɔn ne mʼapam no korakora, efisɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn.
45 Because of them I will renew the agreement I made with their fathers, those I led out of Egypt as the other nations watched, in order that I might be their God. I am the Lord.”
Mɛkae tete apam a me ne wɔn agyanom a miyii wɔn fii Misraim, bere a amanaman nyinaa rehwɛ no yɛe no. Me Awurade ne wɔn Nyankopɔn.’”
46 These are the rules, regulations, and laws that the Lord set up between himself and the Israelites through Moses on Mount Sinai.
Eyinom ne mmara ne ahyɛde a Awurade nam Mose so de maa Israelfo no wɔ Sinai Bepɔw so no.

< Leviticus 26 >