< Leviticus 11 >

1 The Lord told Moses and Aaron,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
2 “Give these instructions to the Israelites. These are the animals you are allowed to eat:
“Monka nkyerɛ Israelfo no se, ‘eyi ne mmoa a mubetumi awe wɔ asase so mmoa no mu.
3 any animal that both has a divided hoof and also chews the cud.
Mutumi we aboa biara a ne tɔte mu apae kosi nea opuw wosaw so.
4 However, if it either chews the cud, or has a divided hoof, then you may not eat it. These include: the camel, which though it chews the cud doesn't have a divided hoof, so it is unclean for you.
“‘Monnnwe mmoa a wodidi so yi. Yoma, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.
5 The rock hyrax, which though it chews the cud doesn't have a divided hoof, so it is unclean for you.
Atwaboa, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.
6 The hare, which though it chews the cud doesn't have a divided hoof, so it is unclean for you.
Adanko, efisɛ opuw wosaw nanso ne tɔte mu mpae; ne ho ntew mma mo.
7 The pig, which though it has a divided hoof doesn't chew the cud, so it is unclean for you.
Prako, efisɛ ne tɔte mu apae nanso ompuw nwosaw; ne ho ntew mma mo.
8 You are not to eat their meat or touch their bead bodies. They are unclean for you.
Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔn ho ntew mma mo.
9 You are allowed to eat any creature with fins and scales that lives in the water, whether in the sea or in fresh water.
“‘Munni nsumnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a efi nsubɔnten anaa po mu.
10 But you are not allowed to eat any of the many creatures that don't have fins and scales that live in the water, whether in the sea or in fresh water.
Nanso nsumnam a aka no de, mukyi.
11 They are repulsive. You must not eat their meat, and you must treat their dead bodies as repulsive.
Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu; wɔn ho ntew.
12 All such water creatures that don't have fins and scales are to be repulsive to you.
Miti mu sɛ, nsumnam biara a enni ntɛtɛ anaa abon no, mukyi, wɔn ho ntew.
13 As for the birds, these must not be eaten because they are repulsive: eagle, griffon vulture, bearded vulture,
“‘Nnomaa a ɛsɛ sɛ mubu wɔn sɛ wɔn ho ntew nti mukyi no korakora nso ne: ɔkɔre, ne opete ne opetebiri,
14 buzzard, kite and similar birds of prey,
ɔkompete, ɔsansa,
15 any raven or crow,
kwaakwaadabi,
16 tawny owl, long-eared owl, gulls, any kind of hawk,
sohori, patukɛse, po so akorɔma, akorɔma,
17 little owl, fish owl, eagle owl,
patu, sare so patu, patukɛse,
18 barn owl, desert owl, Egyptian vulture,
bakanoma, nantwinoma, opete,
19 storks and any kind of heron, hoopoe, and bats.
asukɔnkɔn, asuɔkwaa ne ampan.
20 All flying insects that crawl are repulsive to you.
“‘Mmoawa a wotu a wɔn anan yɛ anan no nso nyɛ mmoa a wɔn ho tew; ɛnsɛ sɛ mowe.
21 But you can eat the following kinds of flying insects that crawl: those that have jointed legs they use to jump.
Mmom, wɔn a wɔn anan bɔ mu a wɔde huruwhuruw wɔ fam no de mutumi we.
22 So in this category you can eat any kind of locust, bald locust, cricket, or grasshopper.
Ebi ne mmoadabi ahorow nyinaa, nketekre, ne tɛwtɛw nyinaa mutumi we.
23 All other flying insects that crawl are repulsive to you,
Nanso mmoawa a wotu na wɔwɔ anan anan no de, munhu sɛ wɔn ho ntew.
24 and will make you unclean. If you touch their dead bodies you will be unclean until the evening,
“‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn funu no mpo ho begu fi kosi anwummere.
25 and if you pick up one of their dead bodies you must wash your clothes, and you will be unclean until the evening.
Obiara a ɔbɛfa bi no ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ɔtwe ne ho fi nnipa mu kosi anwummere de kyerɛ sɛ ne ho agu fi.
26 Every animal with hooves that are not divided, or that does not chew the cud, is unclean for you. If you touch any of them you will be unclean.
“‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwiei anaa aboa a ompuw nwosaw no, wagu ne ho fi.
27 Any four-legged animal that walks on its paws are unclean for you. If you touch their dead bodies you will be unclean until the evening,
Aboa biara a nʼanan yɛ anan na ɔnam nʼawerɛw so no, mukyi ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho begu fi kosi anwummere; ɛyɛ mo akyiwade.
28 and if you pick up one of their dead bodies you must wash your clothes, and you will be unclean until the evening. They are unclean for you.
Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔhoro ne ntama na ne ho rentew ara kosi anwummere.
29 The following animals that run along the ground are unclean for you: rats, mice, any kind of large lizard,
“‘Mmoa a wɔwea wɔ fam a wɔn ho ntew no ni: Ahweaa, okisi, ɔketew abusua a wɔsoso,
30 gecko, monitor lizard, wall lizard, skinks, and chameleon.
opo, ɔmampam, ɔdan ne na, ɔketew, ne ɔbosomaketew.
31 These animals that run along the ground are unclean for you. If you touch a dead one of them you will be unclean until the evening.
Wɔn a wɔwea no nyinaa ho ntew mma mo, obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho begu fi akosi anwummere
32 Anything that one of them dies and lands on becomes unclean. Whatever it is—something made of wood, clothing, leather, sackcloth, or any work tool—it must be washed with water and will be unclean until the evening. Then it will become clean.
Biribiara a wɔn funu no bɛka no nso ho begu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntama, kuntu, kotoku; biribiara a ɛbɛka no, wɔmfa ngu nsu mu nkosi anwummere. Ɛno akyi no, ɛho bɛtew.
33 If one of them falls into a clay pot, all that's in it becomes unclean. You must smash the pot.
Kuku biara a bi bɛtɔ mu no, nea ɛwɔ mu biara ho begu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kuku no.
34 If water from that pot touches any food, that food becomes unclean, and any drink from a pot like that also becomes unclean.
Nsu a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho ntew no ho wɔ kuku no mu no, sɛ bi ka aduan bi a, ebegu aduan no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kuku a ɛho agu fi no mu no nso ho begu fi saa ara.
35 Anything that one of their dead bodies falls on becomes unclean. If it's an oven or a stove, it must be smashed. It is permanently unclean for you.
Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɔbo anwen a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wobubu gu.
36 On the other hand, if it's a spring or cistern containing water then it will remain clean, but if you touch one of these dead bodies in it you will be unclean.
Sɛ aboa no tew hwe asuti anaa abura bi a nsu wɔ mu a, nsu no ho rengu fi, na mmom, onipa a obeyi aboa no ho na ebegu fi.
37 Similarly, if one of their dead bodies falls on any seed used for sowing, the seed remains clean;
Na sɛ aboa no funu ka aduan a wobedua wɔ afum a, ɛho rengu fi,
38 but if the seed has been soaked in water and one of their dead bodies falls on it, it is unclean for you.
Nanso sɛ wɔfɔw aba no nsu na funu no tɔ so a, aba no ho begu fi.
39 If an animal that you are allowed to eat dies, anyone who touches the dead body will be unclean until the evening.
“‘Sɛ ɔyare bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho begu fi akosi anwummere.
40 If you eat anything from the dead body you must wash your clothes and you will be unclean until the evening. If you pick up the dead body you must wash your clothes and you will be unclean until the evening.
Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne nam no bɛhoro ne ntama na ne ho agu fi akosi anwummere.
41 Every animal that crawls along the ground is repulsive—you must not eat it.
“‘Monnnwe mmoa a wɔwea wɔ fam no nam.
42 Don't eat any animal that crawls along the ground, whether it moves on its belly or walks on four feet or many feet. All such animals are repulsive.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn anan anan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ anan bebree na wɔwea no nam nso, efisɛ wɔn ho agu fi.
43 Don't defile yourselves by any such crawling animal. Don't make yourselves unclean or defiled by them,
Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi.
44 because I am the Lord your God; so dedicate yourselves and be holy, because I am holy. Don't defile yourselves by any animal that crawls along the ground.
Mene Awurade wo Nyankopɔn. Momma mo ho ntew wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron. Eyi nti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea wɔ fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.
45 I am the Lord who led you out of Egypt so that I could be your God. So be holy, because I am holy.
Mene Awurade a miyii mo fii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Nyankopɔn no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.
46 These are the regulations about animals, birds, everything that lives in the water, and all animals that crawl along the ground.
“‘Eyi ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsumnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho.
47 You must recognize the difference between unclean and clean, between those animals that can be eaten and those that can't.”
Eyi ne nsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn nam ne wɔn a wɔn ho ntew a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn nam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’”

< Leviticus 11 >