< Judges 1 >

1 After Joshua died, the Israelites asked the Lord, “Which tribe from among us should go first and attack the Canaanites?”
Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔtow hyɛ Kanaanfo no so kan?”
2 “Judah is to go first,” the Lord replied. “I have handed the land over to them.”
Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no sodi ahyɛ wɔn nsam.”
3 The men of Judah said to their relatives of the tribe of Simeon, “Come with us to the land that has been allotted to us, and fight together with us against the Canaanites. Then we'll do the same for you and your allotted land.” So the tribe of Simeon joined with them.
Enti Yuda ntuanofo no ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuw no se, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfo a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti Simeonfo mmarima no ne Yudafo no kɔe.
4 The men of Judah attacked the Canaanites and Perizzites, and the Lord handed them over in defeat. They killed ten thousand of the enemy at the town of Bezek.
Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek.
5 There they confronted Adoni-bezek and fought with him, defeating the Canaanites and Perizzites.
Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiae, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfo no ne Perisifo no so nkonim.
6 Adoni-bezek ran away, but they chased after him and captured him, and then cut off his thumbs and big toes.
Adoni-Besek guanee, nanso ankyɛ na Israelfo kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.
7 Adoni-bezek said, “I had seventy kings with their thumbs and big toes cut off picking up left-overs from under my table. Now God has paid me back in the same way what I did to them.” They took him to Jerusalem where he died.
Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ.
8 The men of Judah attacked Jerusalem and conquered it. They killed the inhabitants with the sword and burned the town down.
Yuda mmarima no tow hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wokunkum kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu gya.
9 After this the men of Judah went to fight against the Canaanites living in the hill country, in the Negev, and in the foothills of the lowlands.
Ɛno akyi, wɔdan faa anafo fam, kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔtete bepɔw asase, Negeb ne atɔe fam nkoko so no so.
10 They attacked the Canaanites who lived Hebron (previously known as Kiriath Arba) and defeated Sheshai, Ahiman, and Talmai.
Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so.
11 From there they went on to attack the people living in Debir (previously known as Kiriath Sepher).
Wofi hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kan no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no).
12 Caleb announced, “I will give my daughter Acsah in marriage to whoever attacks and captures Kiriath Sepher.”
Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.”
13 Othniel, son of Kenaz, Caleb's younger brother, was the one captured it, so he gave him his daughter Acsah in marriage.
Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
14 When Acsah came to Othniel, she encouraged him to ask her father for a field. As she got off her donkey, Caleb asked her, “What do you want?”
Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?”
15 “Please give me a blessing,” she replied. “You gave me land that's like the desert, so please give me springs of water as well.” So Caleb gave her the upper and lower springs.
Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten.
16 The descendants of Moses' father-in-law, the Kenite, went with the people of Judah from the city of palms to the wilderness of Judah in the Negev near Arad where they settled among the people.
Bere a Yuda abusuakuw fii Yeriko no, Kenifo a wɔyɛ Mose ase barima asefo ne wɔn kɔɔ Yuda sare no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.
17 Then Judah joined Simeon and defeated the Canaanites living in Zephath. They completely destroyed the town, so they named it Hormah.
Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma.
18 Judah also captured the towns of Gaza, Ashkelon, and Ekron, each with its surrounding territory.
Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.
19 The Lord was with Judah, and they took over the hill country, but they could not drive out the people living on the plain because they had iron chariots.
Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam.
20 As Moses had stipulated, Hebron was given to Caleb, who drove out from it the descendants of three sons of Anak.
Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ.
21 However, Benjamin could not drive out the Jebusites, the inhabitants of Jerusalem, so the Jebusites live among the people of Benjamin in Jerusalem to this very day.
Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem.
22 The descendants of Joseph went and attacked the town of Bethel, and the Lord was with them.
Yosef asefo kɔtow hyɛɛ Bet-El kurow no so, na Awurade kaa wɔn ho.
23 They sent spies to investigate Bethel, which was previously known as Luz.
Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ.
24 The spies saw a man leaving the town and told him, “Please show us how to get into town, and we will treat you well.”
Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ofi kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ yɛn ɔkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yebehu wo mmɔbɔ.”
25 The man showed them the way into the town, and they killed all the inhabitants except the man and his family, whom they let go.
Enti ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wokokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wogyaw ɔbarima no ne nʼabusuafo.
26 The man moved to the country of the Hittites, and built a town there and called it Luz, which is its name to this day.
Akyiri no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifo asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no din Lus. Na saa din no da kuropɔn no so de besi nnɛ.
27 However, Manasseh didn't drive out the people living in the towns of Beth Shan, Taanach, Dor, Ibleam, Megiddo and their surrounding villages because the Canaanites insisted on living in the land.
Manase abusuakuw no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraase no, efisɛ na Kanaanfo no aka se, sɛnea ɛte biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena.
28 When the Israelites grew stronger, they made the Canaanites do forced labor, but they never completely drove them out.
Israelfo no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn na wɔampam wɔn amfi asase no so.
29 Ephraim didn't drive out the Canaanites living in the town of Gezer, so the Canaanites went on living there among them.
Efraim abusuakuw no nso antumi antu Kanaanfo a na wɔte Geser no enti Kanaanfo no kɔɔ so ne wɔn tenae.
30 Zebulun didn't drive out the people living in the towns of Kitron and Nahalol, so the Canaanites went on living there among them. However, the Canaanites were made to do forced labor for the people of Zebulun.
Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
31 Asher didn't drive out the people living in the towns of Acco, Sidon, Ahlab, Achzib, Helbah, Aphik, and Rehob,
Aser abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob.
32 so the people of Asher went on living there among the Canaanite inhabitants of the land because they hadn't driven them out.
Nokware, esiane sɛ wɔantumi antu wɔn no nti, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a Aserfo no te so no so.
33 Naphtali didn't drive out the people living in the towns of Beth-shemesh and Beth-anath. So the people of Asher went on living there among the Canaanite inhabitants of the land because they hadn't driven them out. However, the people of Beth-shemesh and Beth-anath were made to do forced labor for the people of Naphtali.
Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo.
34 The Amorites pushed the people of Dan back into the hill country—they did not let them come down into the lowlands.
Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ.
35 The Amorites insisted on remaining in Mount Heres, Aijalon, and Shaalbim, but when the tribes of Joseph grew stronger, the Amorites were made to do forced labor.
Amorifo no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefo no yɛɛ den mmoroso no, wɔhyɛɛ Amorifo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa.
36 The border with the Amorites ran from Scorpion Pass through Sela and on up from there.
Na Amorifo hye fi Akrabbim atrapoe kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.

< Judges 1 >