< Judges 14 >

1 One day Samson went to Timnah, where a young Philistine woman attracted his attention.
Dabi a na Samson wɔ Timna no, ɔhunuu Filistini ababaawa bi.
2 He went back home and told his father and mother, “A Philistine woman in Timnah caught my attention. Now get her for me because I want to marry her.”
Ɔsane kɔɔ efie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne maame sɛ, “Mahunu Filistini ababaawa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.”
3 But his father and mother replied, “Can't you find a young woman from our tribe or from our own people? Do you have to go to the heathen Philistines to get a wife?” But Samson told his father, “Just get her for me, because she's the one I find her attractive.”
Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?” Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.”
4 (His father and mother didn't realize that this was in the Lord's plans, who was looking for an opportunity to deal with the Philistines; because at that time the Philistines ruled over Israel.)
Nʼagya ne ne maame anhunu sɛ Awurade na ɔreyɛ nʼadwuma, repɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔdi Israelfoɔ so.
5 Samson went to Timnah with his father and mother. When they passed the Timnah vineyards, all of a sudden young lion came roaring out to attack him.
Samson ne nʼawofoɔ rekɔ Timna no, gyata ba bi to hyɛɛ Samson so wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Timna bobe nturo.
6 The Spirit of the Lord swept over him, and he ripped the lion apart with his bare hands as easily as ripping apart a young goat. But he didn't tell his father or mother what he'd done. Then he went on his way.
Amonom hɔ ara, Awurade Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no apantan. Ɔwaee te sɛ deɛ ɔrewae abirekyie ba bi apantan. Nanso, wanka deɛ ɔyɛeɛ yi ankyerɛ nʼawofoɔ.
7 When Samson talked with the woman and decided she was right for him.
Samson duruu Timna no, ɔne ɔbaa no kasaeɛ na nʼani gyee ne ho.
8 Later on when Samson returned to marry her, he turned off the road to look for the lion's carcass. Inside the body was a swarm of bees and their honey.
Akyire no a ɔresane akɔ Timna akɔhyia ayeforɔ no, ɔmane kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ɔhunuu sɛ nwowa kuo akɔyɛ ɛwoɔ wɔ mu.
9 He scraped out some of honey into his hands and ate it as he walked. When he got back to his father and mother, he gave some to them and they ate it. But he didn't tell them he'd taken the honey from a lion's carcass.
Ɔkɔtii ɛwoɔ no bi dii wɔ ɛkwan so. Ɔmaa nʼawofoɔ no bi ma wɔdiiɛ. Nanso, wanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔnyaa ɛwoɔ no wɔ gyata funu no mu.
10 While his father went to visit the woman, Samson held a drinking party there, because this was the custom among high-class young men.
Afei, ɛberɛ a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregyeɛ no, Samson too ɛpono wɔ Timna, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ saa ɛberɛ no.
11 When the Philistine people saw him, they arranged for thirty men to accompany him.
Wɔtoo nsa frɛɛ mmeranteɛ aduasa a wɔfiri kuro no mu sɛ wɔmmɛka ne ho.
12 “Let me pose a riddle to you,” Samson said to them. “If you can find its meaning and explain it to me during the seven days of the party, I'll give you thirty lines cloaks and thirty sets of clothes.
Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson apontoɔ yi mu, motumi yi ano a, mɛma mo serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.
13 But if you can't explain it to me, you'll give me thirty lines cloaks and thirty sets of clothes.” “Fine,” they replied. “Let's hear your riddle!”
Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ka aborɔme no ma yɛntie.”
14 “Food came out of the eater, and sweetness came out of the strong,” he said. Three days later they still hadn't worked it out.
Ɔkaa no sɛ, “Deɛ ɔdie mu na wɔnya biribi a wɔdie; ɔhoɔdenfoɔ mu na ɔdɛ firi ba.” Nnansa akyi no, na wɔntumi nyii ano.
15 On the fourth day they came to Samson's wife and told her, “Use your charms to get your husband to explain the riddle and then tell us, or we'll burn you and all your family to death. Did you bring us here just to rob us?”
Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?”
16 So Samson's wife went crying to him, saying, “You really do hate me, don't you! You don't love me at all! You have posed a riddle to my people, but haven't even explained it to me.” “So?” he replied. “I haven't even explained it to my father or mother! Why should I explain it to you?”
Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.” Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?”
17 She cried in front of him for the whole time of the party, and eventually on the seventh day he explained it to her because she nagged him so much. Then she explained the meaning of the riddle to the Philistine young men.
Enti, ɔsu guu ne so biribiara ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na apontoɔ no aba nʼawieeɛ nyinaa. Nnanson so no, ɛsiane ha a ɔhaa no enti, ɔkyerɛɛ no aseɛ. Ɔno nso kaa aborɔme asekyerɛ no kyerɛɛ mmeranteɛ no.
18 Before the sun set on the seventh day, the men of the town came to Samson and said, “What's sweeter than honey? What's stronger than a lion?” “If you hadn't used my cow to plough with, you wouldn't have found out the meaning of my riddle,” Samson replied.
Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kuro no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no aseɛ sɛ, “Ɛdeɛn na ɛyɛ dɛ sene woɔ? Ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?” Samson buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo ne ɔfatwafoɔ no antu agyina, anka morennya aborɔme no asekyerɛ.”
19 The Spirit of the Lord swept over him and he went to Ashkelon, killed thirty of their men, took their clothing, and gave it to those who had explained the riddle. Furiously anger, Samson went back to his father's house.
Afei, Awurade Honhom de ahoɔden kɛseɛ bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kuro mu. Ɔkunkumm mmarima aduasa faa wɔn agyapadeɛ nyinaa. Ɔde wɔn ntadeɛ maa mmarima a wɔyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo deɛ ɛbaeɛ no ho yie enti ɔkɔɔ ne fie na ɔne nʼawofoɔ kɔtenaeɛ.
20 Samson's wife was given to his best man who had accompanied him at the wedding.
Enti, wɔde ne yere no maa ɔbarima a na ɔdi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.

< Judges 14 >