< Joshua 14 >

1 This was the land that was allotted to the Israelites to own in the land of Canaan by Eleazar the priest, Joshua, son of Nun, and the leaders of the tribes.
Israelfoɔ mmusuakuo nkaeɛ no nyaa nsase wɔ Kanaan sɛ agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua ne Israel mmusuakuo ntuanofoɔ no de maa wɔn.
2 The decision regarding the land division among the nine and a half tribes was made by casting lots, as the Lord had instructed Moses.
Saa mmusuakuo nkron ne fa yi nam ntontobɔ so na wɔnyaa wɔn agyapadeɛ no sɛdeɛ Awurade faa Mose so hyɛɛ no.
3 Moses had allotted land to the two and a half tribes east of the Jordan but he had made no allocation to the Levites among them.
Na Mose ama mmusuakuo mmienu ne fa no nsase sɛ wɔn agyapadeɛ wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam dada.
4 The descendants of Joseph had become two tribes, Manasseh and Ephraim. The Levites were not given any land, only towns to live in and pasture for their flocks and herds.
Yosef abusuakuo no deɛ, na abɛyɛ mmusuakuo mmienu a wɔn ne Manase ne Efraim. Lewifoɔ no deɛ, wɔamma wɔn asase no mu bi koraa, gye nkuro a wɔbɛtena so ne adidibea a wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ so adidi.
5 So the Israelites followed the instructions the Lord had given Moses in allocating the land.
Enti, asase no mu kyekyɛ no, wɔgyinaa mmara a Awurade de maa Mose no so pɛpɛɛpɛ.
6 Leaders from the tribe of Judah approached Joshua at Gilgal, and Caleb, son of Jephunneh the Kenizzite, said to him, “You remember what the Lord told Moses, the man of God, at Kadesh-barnea about me and you.
Wɔtuu asomafoɔ firi Yuda abusuakuo mu a Kaleb a ɔyɛ Kenesini, Yefune babarima di wɔn anim baa Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Kaleb ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Kae asɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose, Onyankopɔn onipa, a ɛfa me ne wo ho wɔ ɛberɛ a na yɛwɔ Kades-Barnea no.
7 I was forty when Moses, the servant of God, sent me from Kadesh-barnea to spy out the land. When I returned I told the truth in my report.
Ɛberɛ a Mose, Awurade ɔsomfoɔ no somaa me firi Kades-Barnea sɛ menkɔhwehwɛ Kanaan asase no so no, na madi mfeɛ aduanan. Mesane mʼakyi na mefiri akoma pa mu bɛkaa deɛ mehunuiɛ nyinaa,
8 But those who went with me made our people afraid. However, I have faithfully followed the Lord my God.
nanso me nuanom a wɔkaa me ho kɔɔ no, hunahunaa nnipa no, tuu wɔn aba mu sɛ wɔnntu wɔn nan nnsi Bɔhyɛ Asase no so. Na me fam mu deɛ, mede me ho nyinaa dii Awurade, me Onyankopɔn akyi.
9 At that time Moses made a solemn promise, telling me, ‘The land where you have walked will belong to you and your children forever, because you faithfully followed the Lord my God.’
Enti saa ɛda no, Mose hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Kanaan asase a wokɔnantee so yi bɛyɛ wo ne wʼasefoɔ agyapadeɛ sononko daa nyinaa, ɛfiri sɛ, wofiri wʼakoma nyinaa mu adi Awurade, me Onyankopɔn akyi.’
10 Look—the Lord has kept me alive these past forty-five years as he promised, from the time the Lord told Moses this while Israel was wandering in the wilderness. Now I'm eighty-five,
“Afei, sɛdeɛ wohunu yi, Awurade ahwɛ me so yie mfeɛ aduanan enum firi ɛberɛ a Mose hyɛɛ saa bɔ yi wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ nenam ɛserɛ so no. Ɛnnɛ madi mfeɛ aduɔwɔtwe enum.
11 but I'm still as strong today as when Moses sent me out. I'm as strong and ready for battle or for whatever may come as I was then.
Me ho yɛ den ɛnnɛ te sɛ ɛda a Mose somaa me no na mɛtumi atu kwan akɔ ɔko ano seesei te sɛ kane no.
12 So give me the hill country that the Lord spoke about. You heard at that time about the descendants of Anak who lived there in large, fortified towns. If the Lord is with me I will drive them out as the Lord promised.”
Enti merebisa na wode bepɔ asase a Awurade de hyɛɛ me bɔ no ama me. Wobɛkae sɛ na yɛyɛ akwansrafoɔ no, yɛhunuu sɛ Anakfoɔ tete nkuropɔn akɛseɛ a wato ɔfasuo afa ho mu. Nanso sɛ Awurade ka me ho a, mɛpam wɔn afiri asase no so sɛdeɛ Awurade kaa no.”
13 So Joshua blessed Caleb and granted him ownership of Hebron.
Na Yosua hyiraa Kaleb, Yefune babarima no de Hebron maa no sɛ agyapadeɛ.
14 So Hebron belonged to Caleb, son of Jephunneh the Kenizzite, from that day to this because he had faithfully followed the Lord, the God of Israel.
Hebron da so yɛ Kaleb, Yefune a ɔyɛ Kenesini babarima no asefoɔ dea, ɛfiri sɛ ɔde nʼakoma nyinaa dii Awurade Israel Onyankopɔn akyi.
15 (Hebron was formerly called Kiriath-arba, named after a great leader of the descendants of Anak.) And the land was at peace.
(Kane no na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba. Wɔde Arba yi too Anakfoɔ mu okunini kɛseɛ pa ara bi.) Na akokoakoko firii asase no so.

< Joshua 14 >