< John 11 >

1 A man named Lazarus was sick. He lived in Bethany with his sisters Mary and Martha.
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree.
2 Mary was the one who had anointed the Lord with perfume and wiped his feet with her hair. It was her brother Lazarus who was sick.
Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no.
3 So the sisters sent a message to Jesus: “Lord, your close friend is sick.”
Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.”
4 When Jesus heard the news he said, “The end result of this sickness will not be death. Through this God's glory will be revealed so that the Son of God may be glorified.”
Yesu tee nkra no ɔkae se, “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
5 Even though Jesus loved Martha, Mary, and Lazarus,
Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye.
6 and had heard that Lazarus was sick, he remained where he was for two more days.
Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu.
7 Then he told the disciples, “Let's return to Judea.”
Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”
8 The disciples replied, “Rabbi, just a few days ago the Jews were trying to stone you. Do you really want to go back there now?”
Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?”
9 “Aren't there twelve hours in a day?” Jesus replied.
Yesu kae se, “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu.
10 “If you walk during the day you don't stumble because you can see where you're going by the light of this world. But if you walk during the night you stumble because you have no light.”
Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.”
11 After telling them this, he said, “Our friend Lazarus has fallen asleep, but I'm going to go there and wake him up!”
Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.”
12 The disciples said, “Lord, if he's sleeping then he'll get better.”
Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.”
13 Jesus had been referring to the death of Lazarus, but the disciples thought he meant actual sleep.
Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.
14 So Jesus told them plainly, “Lazarus is dead.
Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu;
15 For your sake I'm glad I wasn't there, because now you will be able to trust in me. Let's go and see him.”
nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
16 Thomas, the Twin, said to his fellow-disciples, “Let's go too so we can die with him.”
Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.”
17 When he arrived, Jesus learned that Lazarus had been in the tomb for four days.
Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan.
18 Bethany was just two miles from Jerusalem,
Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien,
19 and many Jews had come to console Mary and Martha at the loss of their brother.
na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho.
20 When Martha found out that Jesus was coming, she went to meet him, but Mary stayed at home.
Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie.
21 Martha said to Jesus, “Lord, if you'd been here, my brother wouldn't have died.
Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu!
22 But I'm certain that even now God will give you whatever you ask.”
Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.”
23 Jesus told her, “Your brother will rise again.”
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”
24 “I know he will rise again in the resurrection at the last day,” Martha answered.
Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.”
25 Jesus said, “I am the resurrection and the life. Those who trust in me will live, even though they die.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa.
26 All who live in me and trust in me will never die. Do you believe this?” (aiōn g165)
Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?” (aiōn g165)
27 “Yes, Lord,” she replied, “I believe you are the Messiah, the Son of God, the one expected to come to this world.”
Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”
28 When she had said this, she went and told her sister Mary in private, “The Teacher's here, and asking to see you.”
Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.”
29 As soon as she heard, Mary quickly got up and went to see him.
Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu.
30 Jesus hadn't arrived in the village yet. He was still at the place where Martha had met him.
Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
31 The Jews who had been comforting Mary in the home saw how she'd got up quickly and left. So they followed her, thinking she was going to the tomb to weep there.
Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu.
32 When Mary arrived at the place where Jesus was and saw him, she fell at his feet and said, “Lord, if you'd been here, my brother wouldn't have died.”
Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.”
33 When Jesus saw her crying, and the Jews who had come with her crying as well, he was very troubled and upset.
Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee.
34 “Where have you laid him?” he asked. They replied, “Lord, come and see.”
Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?” Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
35 Then Jesus cried too.
Yesu sui.
36 “See how much he loved him,” the Jews said.
Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
37 But some of them said, “If he could open the eyes of a blind man, couldn't he have kept Lazarus from dying?”
Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?”
38 Very troubled, Jesus went to the tomb. It was a cave with a large stone placed at the entrance.
Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so.
39 “Remove the stone,” Jesus told them. But Martha, the dead man's sister, said, “Lord, by now there will be a terrible smell, for he's been dead for four days.”
Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.”
40 “Didn't I tell you that if you trusted me you would see God's glory?” Jesus replied.
Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”
41 So they removed the stone. Jesus looked heavenwards, and said, “Father, thank you for listening to me.
Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me.
42 I know you always listen to me. I said this because of the crowd standing here so that they will believe that you sent me.”
Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”
43 After saying this, Jesus shouted, “Lazarus, come out!”
Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!”
44 The dead man came out, his hands and feet bound with strips of linen, and with a cloth around his face. “Unbind him and set him free,” Jesus told them.
Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”
45 Consequently many of the Jews who had come to comfort Mary and who saw what Jesus did put their trust in him.
Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii.
46 But others went to the Pharisees and told them what Jesus had done.
Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
47 Then the chief priests and the Pharisees called a meeting of the ruling council. “What shall we do?” they asked. “This man is doing many miracles.
Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ!
48 If we allow him to continue, everybody will believe in him, and then the Romans will destroy both the Temple and our status as a nation.”
Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
49 “You don't understand anything!” said Caiaphas, who was high priest that year.
Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee!
50 “Can't you see that it's better for you that one man die for the people so that the whole nation won't be destroyed?”
Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
51 He didn't say this on his own behalf, but as chief priest that year he was prophesying that Jesus would die for the nation.
Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,”
52 And this was not just for the Jewish nation, but for all the scattered children of God so that they might be gathered together and be made into one.
na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako.
53 From that time on they plotted how they might kill Jesus.
Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.
54 So Jesus did not travel openly among the Jews but went to a town called Ephraim in the region near the desert and stayed there with his disciples.
Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ.
55 It was nearly time for the Jewish Passover, and many people went from the countryside to Jerusalem to purify themselves for the Passover.
Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
56 People were looking for Jesus and talking about him as they stood in the Temple. “What do you think?” they asked each other. “Isn't he coming to the festival?”
Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.”
57 The chief priests and the Pharisees had given orders that anyone who knew where Jesus was should report it so they could arrest him.
Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.

< John 11 >