< Isaiah 8 >

1 Then the Lord told me, “Get a large tablet and write on it in with an ordinary pen, ‘Maher-shalal-hash-baz.’
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so.
2 I will need Uriah the priest and Zechariah, son of Jeberekiah, to be my trustworthy witnesses.”
Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.”
3 Then I slept with my wife the prophetess, and she became pregnant and gave birth to a son. The Lord told me, “Call him Maher-shalal-hash-baz.
Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas.
4 For even before the boy knows how to say ‘Daddy’ or ‘Mommy,’ the king of Assyria will carry off Damascus' wealth and Samaria's possessions.”
Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”
5 Then the Lord spoke to me again, saying,
Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,
6 “Because this people has rejected the waters of Shiloah that gently flow and instead have rejoiced with Rezin and Remaliah's son,
“Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo Siloa nsu a ɛsen brɛoo na wodi ahurusi wɔ Resin ne Remalia babarima no ho nti,
7 the Lord is going to bring the powerful floodwaters of the Euphrates River against them—the king of Assyria with all his glorious army. It will flood all its channels and overflow all its banks.
Awurade reyɛ de Asubɔnten no yiri kɛse no atia wɔn, Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa. Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu, na abu afa ne konkɔn so
8 It will sweep on into Judah, overflowing and flooding through, reaching up to the neck. Like outspread wings it will engulf the whole of your land, Immanuel!
na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho, ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu. Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa so Immanuel.”
9 Pay attention, you nations, and be smashed! Listen, all you distant lands, get ready, but you will be smashed. Get ready, but you will be smashed.
Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo! Muntie mo akyirikyiri aman. Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo! Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
10 You can plan your strategy, but it will be foiled; you can say what you're intending, but it won't happen, for God is with us.”
Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
11 For this is what the Lord told me, holding me with a strong hand, instructing me not to follow the way of this people. He said,
Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,
12 Don't call a conspiracy everything that these people call a conspiracy. Don't fear what they fear. Don't be overawed!
“Mommfrɛ no tirisopam biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no; Munnsuro nea wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu.
13 The Lord Almighty is the one you should see as holy. He is the one you should fear, he is the one you should be in awe of.
Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
14 He will be a sanctuary for you. But to the royal families of both Israel and Judah he will be a stone they trip over and a rock that makes them stumble, a trap and a snare to the people who live in Jerusalem.
ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel ne Yuda de, ɔbɛyɛ hintibo ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de, ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.
15 Many people will stumble over them. They will fall and be broken. They will be trapped and caught.
Wɔn mu bebree bɛwatiri; wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio, wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”
16 Safeguard this testimony, seal these instructions—they are for my disciples.
Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no sɔw mmara no ano ma mʼasuafo.
17 I will wait for the Lord, the one who is hiding his face from Jacob's descendants. I will wait in hope for him.
Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afi Yakobfi so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
18 Look, I'm here, together with the children the Lord has given me. They are signs and wonders in Israel from the Lord Almighty, who lives on Mount Zion.
Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.
19 When someone suggests to you, “Go and ask mediums and spiritists who whisper and mutter,” shouldn't people ask their God? Why should they ask the dead on behalf of the living?
Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo?
20 Go and examine God's law and his instructions! If what they say doesn't correspond with God's word, there will be no dawn for them.
Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann.
21 They will wander round the country, depressed and hungry. When they are starving they will become furious, and looking up they will curse their king and their God.
Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn.
22 Then they will look towards the earth and see only misery and gloom and agonizing depression, and they will be thrown out into the darkness.
Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.

< Isaiah 8 >