< Isaiah 11 >

1 A shoot will grow from the stump of Jesse, and a branch from his roots will produce fruit.
Dua foforo bi befifi wɔ Yisai dunsin ho; efi ne ntin mu na Dubaa bi bɛsow aba.
2 The Spirit of the Lord will rest on him, which is Spirit of wisdom and understanding, a Spirit of advice and power, a Spirit of knowledge and awe of the Lord.
Awurade Honhom bɛtena ne so, nyansa ne ntease Honhom, afotu ne tumi Honhom, nimdeɛ ne Awurade suro Honhom,
3 His happiness will be in giving reverence to the Lord. He will not judge by what he sees, and he will not make decisions based on what he hears.
Na nʼani begye wɔ Awurade suro mu. Ɛnyɛ nea ɔde nʼani hu so na obegyina abu atɛn, anaa nea ɔde nʼaso bɛte so na obegyina asi gyinae;
4 Instead, he will judge the poor justly, and make decisions fairness on behalf of the destitute people of the earth. He will strike the earth when he pronounces judgment, and he will execute the wicked with just a word from his lips.
na mmom ɔde trenee bebu mmɔborɔfo atɛn, ɔde atɛntrenee besi gyinae ama asase so ahiafo. Ɔde nʼano abaa na ɛbɛbɔ asase; ɔde nʼanofafa home bekunkum amumɔyɛfo.
5 He will wear goodness like a sash and trustworthiness like a belt.
Trenee bɛyɛ nʼabɔso na nokwaredi ayɛ nʼabɔso.
6 Wolves will live with lambs; leopards will lie down with young goats, calves and young lions and young livestock will be together, and a small child will lead them along.
Pataku ne oguamma bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyi bɛda, nantwi ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abofra ketewa bi adi wɔn anim.
7 Cows and bears will graze side by side; young lions will eat straw like cattle.
Nantwi ne sisi bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wura te sɛ nantwi.
8 Babies will be able to play safely near snake holes, little children will be able to put their hands into a vipers' den.
Akokoaa bedi agoru abɛn ɔprammiri amoa ano, na abofra ketewa de ne nsa ahyɛ ahurutoa bon mu.
9 Nothing will cause any harm or damage anywhere on my holy mountain, for the earth will be full of the knowledge of the Lord in the same way that water fills the sea.
Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe ade wɔ me bepɔw Kronkron nyinaa so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛnea nsu ayɛ po ma no.
10 At that time the root of Jesse will stand like a banner for the nations. Foreigners will come to him, and the place of where he lives will be glorious.
Na da no, Yisai aseni bɛsɔre; nea ɔbɛsɔre abedi aman aman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea benya anuonyam.
11 At that time the Lord will act a second time to bring back the remnant of His people from Assyria, Egypt, Pathros, Ethiopia, Elam, Babylonia, Hamath, and from the Mediterranean islands.
Saa da no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprenu so de agye ne nkurɔfo a wɔaka afi Asiria, Misraim anafo fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so asupɔw.
12 He will raise a banner for the nations and gather the exiled people of Israel; he will bring together the scattered people of Judah from the ends of the earth.
Ɔbɛma frankaa so ama aman no na wɔaboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu no ano; Ɔbɛboaboa Yudafo a wɔahwete no ano afi asase ntwea anan no so.
13 Ephraim's jealousy will disappear, and Judah's enemies will be destroyed; Ephraim won't be jealous of Judah, and Judah won't treat Ephraim as an enemy.
Efraim anibere betu ayera, na wɔbɛsɛe Yuda atamfo. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso rentan Efraim ani.
14 Together they will fly downhill to attack the Philistines to the west; they will plunder the people of the east. They will defeat Edom and Moab, and the Ammonites will become their subjects.
Wobetwiw afa Filistia asiansian ahorow no so akɔ atɔe fam; na wɔbɛbɔ mu afow nnipa akɔ apuei fam. Wɔbɛfa Edom ne Moab, na Amonfo bɛhyɛ wɔn ase.
15 The Lord will divide the Gulf of Suez; he will wave his hand over the Euphrates River creating a scorching wind. He will split into seven streams that people can cross easily on foot.
Awurade bɛma nsu a ɛwɔ Misraim Po no mu ayow korakora; ɔbɛma ne nsa mu mframa a mu yɛ hyew abɔ afa Asubɔnten Eufrate so. Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa ason sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi ahyɛ mpaboa atwa.
16 There will be a highway from Assyria for the remnant of his people that are left, just as there was for Israel when they left the land of Egypt.
Ɔtempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfo nkae a wɔaka Asiria, sɛnea bi daa hɔ maa Israel bere a wofi Misraim bae no.

< Isaiah 11 >