< Genesis 48 >
1 Sometime after this, Joseph was told, “Your father is sick.” So Joseph went to see him, taking with him his two sons Manasseh and Ephraim.
Yei akyiri no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Wʼagya yare.” Enti, Yosef faa ne mmammarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no.
2 When Jacob was told, “Your son Joseph has come to you,” he gathered his strength and sat up in bed.
Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yakob amaneɛ sɛ, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so maa no akwaaba.
3 Jacob said to Joseph, “God Almighty appeared to me at Luz in Canaan, and he blessed me there.
Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Otumfoɔ Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ɔhyiraa me,
4 He told me, ‘Listen! I will make you prosperous and make your descendants so numerous that you will become the ancestor of many nations, and I will give this land to your descendants to own forever.’
ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ. Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ afebɔɔ.’
5 I am counting as mine your two sons Ephraim and Manasseh who were born here in Egypt before I arrived, just as Reuben and Simeon are mine.
“Ɛno enti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛdeɛ Ruben ne Simeon yɛ me mma no.
6 Any other children you have after them will be yours, and will share their inheritance within the land of their older brothers.
Mma foforɔ biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyiri no na wɔbɛyɛ wo dea. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so.
7 I'm doing this because tragically for me when I was returning from Paddan-aram, Rachel died in Canaan some distance from Ephrath. I buried her there on the way to Ephrath” (also known as Bethlehem).
Ɛberɛ a mefiri Paddan-Aram reba no, ababaawa Rahel wuu wɔ ɛkwan mu, ma ɛyɛɛ me ya. Na aka akwansini kakra na yɛaduru Efrat. Ɛno enti, mesiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”
8 Israel saw Jacob's sons and said, “These are your sons then?”
Ɛberɛ a Israel hunuu Yosef mmammarima no, ɔbisaa sɛ, “Na yeinom yɛ ɛhefoɔ?”
9 “Yes, these are the sons God gave me here,” Joseph told his father. “Bring them over here so I can bless them,” he said.
Yosef buaa nʼagya sɛ, “Wɔyɛ mmammarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kaa sɛ, “Fa wɔn bra mʼanim ha na menhyira wɔn.”
10 Israel's eyesight was failing because of his age and he couldn't see well, so Joseph brought them close to his father, and he kissed and hugged them.
Saa ɛberɛ no, ɛsiane onyini enti, na Israel ani so ayɛ wisiwisi a, ɔnhunu adeɛ papa. Ne saa enti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ, ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fefee wɔn ano.
11 Israel said to Joseph, “I never thought I'd see your face again, and now God has even let me see your children!”
Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Manna mannwene sɛ mɛhunu wʼanim bio da, nanso hwɛ deɛ Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahunu wo mma nso.”
12 Joseph took his sons from between Israel's knees, and bowed low with his face to the ground.
Yosef pagyaa wɔn firii Israel kotodwe anim, ɛnna ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuu fam.
13 Then Joseph placed Ephraim on his right so he would be on Israel's left, and Manasseh on his left so he would be on Israel's right, and then brought them over to Israel.
Ɔpagyaa ne mu no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, ɛnna ɔde ne nsa benkum sɔɔ Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ.
14 But when Israel reached out his hands, he crossed them over and placed his right hand on Ephraim the younger son, and placed his left on Manasseh, the firstborn.
Israel tenee ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, ɛnna ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwom sɛ na Manase yɛ abakan deɛ, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.
15 He blessed Joseph, saying, “May the God my grandfather Abraham and my father worshiped—the God who has taken care of me like a shepherd throughout my life until now,
Ɔhyiraa Yosef sɛ, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantee nʼanim, ne me Onyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ odwanhwɛfoɔ de bɛsi ɛnnɛ no,
16 the Angel who has saved me from all kinds of trouble—may he bless these boys. May my name and the names of my grandfather Abraham and father Isaac continue through them, and may they have many descendants that spread throughout the earth.”
ɔsoro ɔbɔfoɔ a ɔgyee me firii ɔhaw nyinaa mu no, ɔnhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak edin ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”
17 Joseph was unhappy when saw his father had put his right hand on Ephraim, so he took his father's hand to try and move it from Ephraim's head to Manasseh's head.
Ɛberɛ a Yosef hunuu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti, ɔyii nʼagya nsa nifa no firii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
18 “Not like that, father, this is the firstborn; put your right hand on his head,” Joseph told him.
Yosef ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Dabi, mʼagya, yei ne mʼabakan, enti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
19 But his father refused, saying, “I know what I'm doing. Manasseh will also become an important people, but his younger brother will be greater than him, and his descendants will become a large nation.”
Nanso, nʼagya ampene so kaa sɛ, “Me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ kɛse. Nanso, ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no, na nʼasefoɔ bɛyɛ amanaman bebree.”
20 So Israel blessed them that day and said: “In the future the people of Israel will use your names to give a blessing, saying, ‘May God bless you like he did Ephraim and Manasseh.’” In saying this he placed Ephraim before Manasseh.
Enti ɛda no, Yakob hyiraa mmarimaa no sɛ, “Israelfoɔ nyinaa nam mo din so bɛhyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛhyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’” Saa ɛkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bɛdii Manase anim.
21 Then Israel said to Joseph, “I'm going to die soon, but God will be with you and bring you back to the land of your fathers.
Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Merebɛwu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasane de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
22 I'm also giving you something in addition to what I'm giving your brothers—piece of land on the mountain slope of Shechem that I took from the Amorites with my sword and bow.”
Wo a seesei woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panin no, mede asase a menam me sekan ne mʼagyan so gye firii Amorifoɔ nkyɛn no rema wo.”