< Genesis 32 >

1 Jacob went on his way and some angels of God came to meet him.
Yakob nso toaa nʼakwantu no so. Onyankopɔn abɔfo behyiaa no.
2 When he saw them he said, “This must be God's camp!” He named the place “Two Camps.”
Yakob huu wɔn no, ɔkae se, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fi!” Enti ɔtoo saa beae hɔ din “Mahanaim,” a ne nkyerɛase ne Onyankopɔn asase.
3 He sent messengers on ahead to meet his brother Esau who was living in the region of Seir in the country of Edom.
Yakob somaa abɔfo dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.
4 He told them, “This is what you are to say to my lord Esau. Your servant Jacob sends you this message. I've been staying with Laban up till now,
Nkra a ɔde maa wɔn ni: “Monka nkyerɛ me wura Esau se, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔho ara de besi nnɛ yi.
5 and I have cattle and donkeys and sheep and goats, and male and female slaves. I've sent these messengers to explain this to you my lord, hoping you'll be pleased to see me.”
Nnɛ de, mewɔ anantwi ne mfurum, nguan ne mmirekyi, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfo yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo se, mereba. Mewɔ anidaso nso sɛ, menya wʼanim anuonyam ama woagye me fɛw so.’”
6 The messengers returned to Jacob and told him, “Your brother Esau is coming to meet you with 400 armed men!”
Asomafo no san baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ose ɔreba abehyia wo, na mmarima ahannan na wɔka ne ho reba.”
7 When Jacob heard this, he was absolutely terrified. He split all the people with him, along with the sheep, goats, cattle, and camels, into two groups,
Yakob de ehu ne awerɛhow kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuw abien.
8 saying to himself, “If Esau comes and destroys one group, the other one can get away.”
Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ ɛba sɛ Esau ne ne dɔm no ba bɛtow hyɛ kuw baako so a, kuw a ɛto so abien no betumi aguan.”
9 Jacob prayed, “God of my grandfather Abraham, God of my father Isaac! Lord, you were the one who told me, ‘Return to your own country and your family home, and I will treat you well.’
Na Yakob bɔɔ Awurade mpae se, “Ao, Awurade Nyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak som wo, Awurade a woka kyerɛɛ me se, ‘San kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefo.’
10 I don't deserve all the trustworthy love and faithfulness you have shown your servant. I crossed the Jordan years ago with just my walking stick, and now I have two large camps.
Wʼadɔe a wode ayɛ me ne nokware a woadi wʼakoa no mu kakraa bi mpo, mfata me. Da a mifii fie kotwaa Asubɔnten Yordan no, na me pema nko ara na mikurae, nanso nnɛ, me na mikura dɔm ahorow abien yi.
11 Please save me from my brother; defend me from Esau! I'm terrified that he's coming to attack me, my wives, and my children.
Mesrɛ wo, gye me fi me nua Esau nsam. Misuro sɛ ɔbɛtow ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so.
12 You yourself told me, ‘I will definitely treat you well. I will make your descendants as numerous as the sand of the seashore—too many to count.’”
Nanso wo na woahyɛ me bɔ se, ‘Nokware mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano nwea a wontumi nkan.’”
13 Jacob stayed the night there. Then he picked out animals as a gift to his brother Esau:
Saa da no, ɔdaa hɔ. Na oyii nʼagyapade no bi sɛ akyɛde a ɔde bɛma ne nua Esau.
14 200 female goats, 20 male goats; 200 ewes, 20 rams;
Nneɛma no ni: Mmirekyibere ahannu, mpapo aduonu, nguanmmere ahannu, adwennini aduonu.
15 30 female camels with their young, 40 cows, 10 bulls; 20 female donkeys, 10 male donkeys.
Yomabere aduasa ne wɔn mma, anantwibere aduanan, anantwinini du, mfurummmere aduonu, mfurumnini du.
16 He put his servants in charge of each of the separate herds and told them, “Go on ahead of me, and keep a good distance between the herds.”
Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuwakuw, de maa nʼasomfo a kuw baako biara hyɛ ɔsomfo baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Munni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuwakuw no ntam.”
17 He gave these instructions to those with the first herd: “When my brother Esau meets you and asks, ‘Who is your master, and where are you going, and whose are these animals with you?’
Yakob san ka kyerɛɛ nʼasomfo a wodi kan no se, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na obisa mo se, ‘Hena asomfo ne mo, mufi he na morekɔ he na hena mmoa na mode wɔn nam yi a?’
18 you are to say to him, ‘Your servant Jacob sends these as a gift to my lord Esau, and he's following us.’”
Monka nkyerɛ no se, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob de. Ne nyinaa yɛ akyɛde a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyi reba.’”
19 He gave the same instructions to those with the second and third and all the subsequent herds, telling them, “This what you are to say to Esau when he meets you.
Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfo a wɔto so abien, abiɛsa ne wɔn a wodidi so a wɔde mmoa no rekɔ no se, “Sɛ muhyia Esau a, monka saa asɛm koro no ara nkyerɛ no. Monka nka ho se,
20 You must also tell him, ‘Your servant Jacob is right behind us.’” Jacob said to himself, “Maybe by sending these gifts on ahead Esau won't be angry with me and when I meet him he'll be kind to me.”
‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyi reba.’” Efisɛ na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛde ahorow a mede asoma adi kan yi bɛpata no, na sɛ akyiri yi ohu me a, wagye me ato mu.”
21 So the gifts went on ahead while Jacob spent the night at the camp.
Enti wɔde Yakob akyɛde ahorow no dii kan kɔe. Na ɔno ankasa de, ɔdaa nʼatenae hɔ anadwo no.
22 He got up during the night and took his two wives and the two personal maids and his eleven sons and crossed the Jabbok River at the ford.
Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwabea hɔ.
23 After helping them cross he also sent over everything that belonged to him.
Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wiee no, ɔsan bɛfaa nʼagyapade a aka nyinaa de twaa asu no.
24 But Jacob stayed there alone. A man came and wrestled with him until dawn.
Enti ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenae hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentamee ara kosii adekyee wɛɛ.
25 When the man realized he couldn't beat Jacob, he hit Jacob's hip socket and put it out of joint as he wrestled with him.
Bere a ɔbarima a ɔne no tentamee no huu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku ma ehuanee.
26 Then the man said, “Let me go because it's almost dawn.” “I won't let you go unless you bless me,” Jacob replied.
Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob se, “Ade akye nti, gyaa me ma menkɔ.” Nanso Yakob buaa no se, “Sɛ woanhyira me a, meremma wo nkɔ.”
27 “What's your name?” the man asked. “Jacob,” he replied.
Ɔbarima no bisaa Yakob se, “Wo din de dɛn?” Obuae se, “Me din de Yakob.”
28 “Jacob will no longer be you name,” said the man. “Instead you will be called Israel, because you fought with God and with men and you won.”
Ɔbarima no kae se, “Efi nnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom wɔbɛfrɛ wo Israel. Efisɛ wo ne Onyankopɔn ne nipa atentam, na woadi nkonim.”
29 “Please tell me your name,” Jacob asked. “Why do you ask me my name?” the man replied. Then he blessed Jacob there.
Yakob bisae se, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo dɛn?” Ɔbarima no nso bisaa no se, “Adɛn nti na worebisa me din?” Na ohyiraa Yakob wɔ hɔ.
30 Jacob named the place Peniel, saying, “I saw God face to face and I'm still alive!”
Ɛmaa Yakob too beae hɔ din Peniel, a ne nkyerɛase ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkae se, “Mahu Onyankopɔn anikann, nanso meda so te nkwa mu.”
31 The sun came up as Jacob left Peniel, limping along because of his damaged hip.
Yakob refi Penuel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahuan no nti, na ɔka ne nan mu.
32 (That's why, even today, Israelites don't eat the thigh tendon attached to the hip socket, because that's where the man hit Jacob's hip socket.)
Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Israelfo nwe aboa dwonku koraa sɛ nkae ade no; efisɛ saa ntin kɛse a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentamee no bɔe, maa dwonku no huanee no.

< Genesis 32 >