< Genesis 22 >

1 Sometime later God tested Abraham. He called out to him, “Abraham!” “I'm here,” Abraham replied.
Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!” Abraham buae se, “Me ni!”
2 God told him, “Go with your son, the one you love, your only son, to the land of Moriah and sacrifice him there as a burnt offering on one of the mountains that I'll show you.”
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
3 Abraham got up early in the morning and saddled up his donkey. He took two servants and Isaac with him and went to cut firewood for the burnt offering. Then he left with them to go to the place God had told him about.
Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.
4 After traveling for three days Abraham could see the place in the distance.
Ne nnansa so no, Abraham too nʼani huu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.
5 He told his servants, “Wait here with the donkey while I go with the boy and worship God. Then we'll return.”
Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no se, “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no nkɔ anim kakra nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsan aba.”
6 Abraham had Isaac carry the wood for the burnt offering, while he carried the fire and the knife, and they walked up together.
Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no,
7 Isaac said to Abraham, “Father?” “Yes, my son?” Abraham replied. “Well, we have the fire and the wood, but where's the lamb for the burnt offering?” Isaac asked.
Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!” Na Abraham buae se, “Me ba, asɛm bɛn?” Isak bisaa no se, “Ogya ne nnyina no ni, na oguamma a yɛde no rekɔbɔ ɔhyew afɔre no wɔ he?”
8 “God will provide the lamb for the burnt offering, my son,” Abraham replied, and they went on walking up together.
Abraham buae se, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔre guan no a yɛde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no.” Na wɔn baanu no toaa so kɔe.
9 When they arrived at the place where God had told him to go, Abraham built an altar and placed the wood on it. Then he bound his son Isaac and placed him on the altar on top of the wood.
Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so.
10 Abraham picked up the knife, ready to slaughter his son.
Abraham twee sekan no, maa so sɛ ɔde rebetwa ne ba no mene akum no.
11 But the angel of the Lord shouted to him from heaven, “Abraham! Abraham!” “Yes, I'm here,” he replied.
Ɛhɔ ara na Awurade bɔfo frɛɛ no fi ɔsoro se, “Abraham! Abraham!” Na Abraham gyee so se, “Me ni.”
12 The angel said, “Don't touch the boy! Don't do anything to him, because now I know that you truly do what God tells you. You didn't refuse to give me your son, your only son.”
Awurade bɔfo no kae se, “Mfa wo nsa nka abofra no. Nyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔba, wo ba koro no ankame me no nti, mahu sɛ wusuro Onyankopɔn.”
13 Abraham looked up and saw a ram caught by its horns in some bushes. He brought the ram over and sacrificed it as a burnt offering in place of his son.
Abraham maa nʼani so huu sɛ nkyɛkyerɛ bi aso Odwennini bi mmɛn mu wɔ wura no mu hɔ. Abraham kɔkyeree Odwennini no de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so sii ne ba no anan mu.
14 Abraham called the place “The Lord will Provide.” That's still a saying people use today: “the Lord will provide on his mountain.”
Abraham too beae no din se Awurade De Bɛma. Ebesi nnɛ no wɔka se, “Wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔw no so.”
15 The angel of the Lord shouted again to Abraham from heaven,
Awurade bɔfo no frɛɛ Abraham fii ɔsoro nea ɛto so abien kae se,
16 “I swear by myself, says the Lord, that because you have done this and didn't refuse to give me your son, your only son,
“Maka me ho ntam se, esiane sɛ woayɛ eyi, na woamfa wo ba, wo ba koro no ankame me nti,
17 you can be sure that I will bless you and give you many descendants. They will be as numerous as the stars of heaven and the sand of the seashore, and they will conquer their enemies.
hyira na mehyira wo na mama wʼase adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea. Na wʼasefo begye wɔn atamfo nkuropɔn adi so.
18 All the nations of the earth will be blessed by your descendants because you did what I told you.”
Wɔnam wʼasefo so na wobehyira wiase amanaman nyinaa, efisɛ woadi mʼasɛm so.”
19 Then Abraham returned to his servants, and they went back together to Beersheba where Abraham was living.
Na Abraham san kɔɔ nʼasomfo no nkyɛn ne wɔn sii mu kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.
20 Sometime later, Abraham was told, “Milcah has had sons for your brother Nahor.”
Nna bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Abraham se, “Milka nso yɛ ɔbeatan a wawo mmabarima ama wo nuabarima Nahor:
21 Uz was the firstborn, then his brother Buz, Kemuel (who became the ancestor of Arameans),
Us yɛ abakan, Us nuabarima a odi so ne Bus. Kemuel a ɔto so abiɛsa na ɔwoo Aram.
22 Chesed, Hazo, Pildash, Jidlaph, and Bethuel.
Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”
23 (Bethuel was Rebekah's father.) Milcah had these eight sons for Abraham's brother Nahor.
Betuel bɛyɛɛ Rebeka nʼagya. Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmabarima baawɔtwe yi.
24 In addition, Reumah his concubine had Tebah, Gaham, Tahash, and Maacah.
Nahor ne ne mpena Rehuma nso woo mma baanan a wɔn din de, Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

< Genesis 22 >