< Genesis 19 >
1 The two angels arrived at Sodom in the evening. Lot happened to be sitting at the entrance to Sodom, and when he saw them he stood up to meet them, and bowed low with his face to the ground.
Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba.
2 “Sirs, please come and stay with me for the night,” he said. “You can wash your feet and then be on your way early in the morning.” They replied, “No, it's fine. We'll spend the night here in the square.”
Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.” Nanso, abɔfoɔ no buaa sɛ, “Dabi, mmom, yɛbɛda adwabɔeɛ.”
3 But Lot insisted, and they went with him to his house. He made them a meal and baked bread for them to eat.
Nanso, Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibereɛ so enti, wɔne no kɔɔ ne fie. Ɔtoo burodo a wamfa mmɔreka amfra ɛda no ara, de too wɔn ɛpono, ma wɔdiiɛ.
4 But they hadn't even gone to bed before the men of Sodom, young and old, from every part of town, came and surrounded the house.
Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfoɔ mpanin ne mmɔfra nyinaa firi kuro no afanan bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ.
5 They shouted out to Lot, “Where are the men who came to stay with you tonight? Bring them out here to us so we can have sex with them.”
Wɔteateaam frɛɛ Lot bisaa no sɛ, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”
6 Lot went out to talk to them in the doorway, closing the door behind him.
Lot firii adi, too ne ɛpono mu, kɔhyiaa Sodom mmarima no.
7 “My friends, please don't do such an evil thing!
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa.
8 Listen, I've got two virgin daughters. Let me bring them out to you, and you can do to them whatever you want, but please don't do anything to these men. It's my responsibility to look after them.”
Montie! Mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na deɛ mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi deɛ, mommfa mo nsa nka wɔn, ɛfiri sɛ, wɔaba me suhyɛ banbɔ mu.”
9 “Out of our way!” they shouted. “Who do you think you are, coming to live here and now trying to judge us? We'll do even worse things to you than we were going to do to these men!” They rushed forward at Lot and tried to break down the door.
Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no.
10 But the men inside reached out and grabbed Lot, dragged him inside, and slammed the door shut.
Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu.
11 Then they made all the men in the doorway, young and old, suddenly go blind so they couldn't find the door.
Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa.
12 The two men asked Lot, “Is there anyone else here who's part of your family—sons-in-law, or sons or daughters, or anyone else in the town? If there are, make sure they leave,
Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha,
13 because we are about to destroy this place. The complaints that have reached the Lord about its people have become so bad that he has sent us to destroy it.”
ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.”
14 Lot went immediately to speak to the men who were engaged to marry his daughters. “Get up quickly and leave,” he said, “because the Lord is about to destroy the town!” But they thought it was just a joke.
Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn rebɛsɛe kuro yi!” Nanso, na saa mmarima yi susu sɛ ɔredi fɛ bi.
15 At dawn, the angels begged Lot to be quick, telling him, “Hurry up! Leave right now with your wife and your two daughters here, otherwise you'll be wiped out when the city is punished.”
Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.”
16 But Lot hesitated. The men grabbed his hand, and those of his wife and two daughters, and dragged them along, leaving them outside the town. The Lord was kind to them to do this.
Ɔtwentwɛnee ne nan ase no, ɔsoro abɔfoɔ no sosɔɔ Lot ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn firii kuro no mu asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ.
17 As soon as they were outside, one of the men said, “Run for your lives! Don't look back, and don't stop anywhere in the valley! Run to the mountains otherwise you'll be destroyed!”
Ɔsoro abɔfoɔ no yii Lot mmammaa baanu no firii kuro no mu ara pɛ, abɔfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Monnwane nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyiri. Monnnyina baabiara. Monnwane nkɔ mmepɔ no so, anyɛ saa a, mobɛwuwu!”
18 “Please sir, not that!” Lot replied.
Nanso, Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ao, dabi me wuranom!
19 “If you don't mind, since you have already been so kind to me by saving my life, don't make me run to the mountains—I just can't make it. The destruction will overtake me and I'll die!
Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔeɛ kɛseɛ de agye me nkwa. Nanso, me deɛ, merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, ɛfiri sɛ, mesuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu.
20 Look, there's a town nearby that's close enough to run to, and it's so small. Please let me run there—it's really very small. It would save my life.”
Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?”
21 “Fine—I'll do as you ask,” he replied. “I won't destroy this town you've mentioned.
Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no.
22 But hurry up and run there quickly, because I can't do anything until you get there.” (This is why the town was called Zoar.)
Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa.
23 The sun had already risen by the time Lot reached Zoar.
Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue.
24 Then the Lord rained down fire and burning sulfur from the sky on Sodom and Gomorrah.
Afei, Awurade maa sɔfe ne ogya tɔ firii soro, guu Sodom ne Gomora so.
25 He completely destroyed the towns and all their inhabitants, the whole valley and everything growing there.
Saa ɛkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn mmienu ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifideɛ nso nyinaa sɛeɛ.
26 But Lot's wife, who was lagging behind, looked back, and she turned into a pillar of salt.
Nanso, Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyiri ma ɔdanee nkyene esie.
27 Abraham got up early the next morning and went back to where he had stood before the Lord.
Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ɔgyinaa Awurade anim no.
28 He looked down at Sodom and Gomorrah and the whole valley floor, and saw the land burning, sending up smoke like from a furnace.
Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, hunuu wisie kumɔnn a abua asase no so te sɛ wisie a ɛfiri fononoo mu.
29 When God destroyed the towns of the valley he didn't forget the promise he made Abraham, and he saved Lot from the destruction of the towns where Lot was living.
Ɛberɛ a Onyankopɔn sɛee nkuro a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔyii Lot firii ɔsɛeɛ a ɛbaa nkuro a na Lot te so no mu no.
30 Lot was afraid to stay in Zoar, so he left town and went to live in a cave in the mountains with his two daughters.
Afei, Lot ne ne mmammaa baanu no tu firii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔ no mu, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar.
31 Sometime later the older daughter said to the younger one, “Our father is growing old, and there's no men left to give us children like everyone does.
Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no.
32 Come on, let's get our father drunk with wine and sleep with him so we can keep his family line going.”
Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.”
33 So they got their father drunk with wine that night. The older daughter went and slept with him, and he didn't notice when she lay down or when she got up.
Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ.
34 The next day the older daughter said to the younger one, “Last night I slept with our father. Let's get him drunk with wine again tonight and you can go and sleep with him so we can keep his family line going.”
Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.”
35 So once again that night they got their father drunk with wine and the younger daughter went and slept with him, and he didn't notice when she lay down or when she got up.
Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ.
36 This is how both Lot's daughters became pregnant by their father.
Enti, Lot ne ne mmammaa baanu no nyinsɛneeɛ.
37 The older daughter had a son, and she called him Moab. He is the ancestor of the Moabites of today.
Ne babaa panin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfoɔ agya de bɛsi ɛnnɛ.
38 The younger daughter had a son too, and she called him Ben-ammi. He is the ancestor of the Ammonites of today.
Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de bɛsi ɛnnɛ.