< Genesis 18 >

1 The Lord appeared to Abraham at the oaks of Mamre. Abraham was sitting at the entrance to his tent as the day became really hot.
Awia ketee bi a Abraham te ne ntamadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwae kwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no.
2 He looked up and all of a sudden he saw three men standing there. As soon as he saw them, he ran over to meet them and bowed low to the ground.
Abraham maa nʼani so no, ohuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenso. Ohuu wɔn no, otuu mmirika fii ne ntamadan no kwan ano kohyiaa wɔn, kotow wɔn.
3 He said, “Sir, if you please, don't continue your journey without spending some time here with me, your servant.
Abraham kae se, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ.
4 Let me have some water brought so you can wash your feet and rest under the tree.
Momma wɔmfa nsu bi mmrɛ mo nhohoro mo anan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra.
5 Also let me bring some food so you can get your strength back before you go on your way, now that you've come to visit me here.” “That would be fine,” they answered. “Please do as you've suggested.”
Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduan kakra bi mma monka mo ano, na munnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kae se, “Eye, yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ.”
6 Abraham hurried back to the tent and told Sarah, “Quick! Make some bread using three large measures of the best flour. Knead the dough and bake the bread.”
Enti Abraham de ahoɔhare kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntamadan no mu, kɔka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho fa asikresiam pa susukoraa abiɛsa, na fɔtɔw na fa to brodo.”
7 Then Abraham ran to the cattle herd and chose a good, young calf and gave it to his servant who quickly killed and cooked it.
Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuw no mu, kɔkyeree nantwi ba a oye na wadɔ srade de no maa ne somfo ma ɔde ahoɔhare yɛɛ ne ho adwuma.
8 Then he took some yogurt, milk, and the cooked meat, and placed the food in front of them. He stood nearby under a tree while they ate.
Afei, ɔfaa nufusu ani srade ne nufusu ne nantwi ba a ɔde anoa aduan no, de too nnipa baasa no pon. Bere a nnipa no gu so redidi no, na ogyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.
9 “Where is your wife Sarah?” they asked him. “Over there, inside the tent,” he replied.
Nnipa no bisaa Abraham se, “Wo yere Sara wɔ he?” Abraham buaa wɔn se, “Ɔwɔ ntamadan no mu.”
10 Then one said, “I promise you that I will come back to visit you about this time next year, and your wife Sarah will have a son.” Sarah was listening, hiding just inside the entrance to the tent behind him.
Afei, Awurade kae se, “Nea ɛbɛyɛ biara, afe sesɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no na wo yere Sara awo ɔbabarima.” Saa bere no, na Sara gyina ntamadan no pon akyi, retie nkɔmmɔ no.
11 Abraham and Sarah were old, getting on in years. Sarah was well past the age of having children.
Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyin yiye a wɔn mfe akɔ anim koraa nti, na Sara awo apa ho.
12 Sarah was laughing inside, saying to herself, “Now that I'm old and worn out, how would I experience pleasure? My husband is old too!”
Sara tee asɛm no, ɔserew ne tirim, kae se, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akwakoraa yi, ɛbɛyɛ dɛn na manya saa anigyede yi?”
13 The Lord asked Abraham, “Why did Sarah laugh and ask, ‘How could it possibly be true that I'll have a child now I'm so old?’
Enti Awurade bisaa Abraham se, “Adɛn nti na Sara serew bisae se, ‘Ampa ara sɛ manyin adu sɛɛ yi, metumi awo ba ana?’
14 Is anything too difficult for the Lord to do? I will come back next year when I said I would, in the spring, and Sarah will have a son.”
Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sesɛɛ a mɛsan aba sɛnea mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
15 Sarah denied it because she was afraid, claiming, “I didn't laugh.” “Yes, you did laugh,” the Lord replied.
Na Sara suro nti, otwaa atoro se, “Manserew.” Nanso Onyankopɔn kae se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ woserewee.”
16 Then the men left. They looked down on Sodom and headed in that direction. Abraham accompanied them part of the way.
Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kogyaa wɔn kwan.
17 Then the Lord said, “Should I keep from Abraham what I'm going to do?
Afei, Awurade kae se, “Ade a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no memfa nsie Abraham ana?
18 Abraham will definitely become a great and powerful nation, and all the nations on earth will be blessed through him.
Ɛyɛ nokware turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛse a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wobehyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa.
19 I've chosen him so that he will teach his sons and their families to follow the way of the Lord by doing what is right and good, so that I, the Lord, can do for Abraham what I promised.”
Efisɛ mapaw Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fifo Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade trenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”
20 Then the Lord said, “There are many complaints made against Sodom and Gomorrah because they sin so blatantly.
Afei, Awurade kae se, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no.
21 I ‘m going to see if these complaints that have reached me are completely true. I'll know if they're not.”
Mɛkɔ hɔ akɔhwɛ sɛ, nea wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru sɛnea mate no ana. Sɛ ɛnte saa nso a, mehu.”
22 The two men turned and went towards Sodom, but the Lord stayed there with Abraham.
Na mmarima baasa no mu baanu dan wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso Abraham de, na ɔda so gyina Awurade anim.
23 Abraham came to him and asked: “Are you really going to wipe out the good people along with the wicked?
Na Abraham twiw bɛn Onyankopɔn bisaa no se, “Wobɛsɛe nnipa trenee ne nnipa bɔnefo nyinaa afra ana?
24 What if there are fifty good people in the town? Are you still going to wipe it out despite the fifty good people there?
Na sɛ nnipa trenee aduonum wɔ kurow no mu a, wobɛsɛe kurow no a worenhwɛ saa nnipa trenee aduonum no ho nnyae kurow no sɛe ana?
25 No, you can't do something like that! You can't kill the good with the wicked, otherwise you would be treating the good and the wicked in the same way. You can't do that! Isn't the Judge of all the earth going to do the right thing?”
Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wubekum nnipa trenee ne nnipa bɔnefo afra, de asotwe koro no ara bɛma nnipa trenee ne nnipa bɔnefo. Ɛmpare wo! Nea obu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntrenee ana?”
26 “If I find fifty good people in Sodom, I'll spare the whole town because of them,” the Lord replied.
Na Awurade kae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduonum wɔ Sodom kurow no mu a, wɔn nti merensɛe kurow no.”
27 “Since I've started, let me go on speaking to my Lord, even though I'm nothing but dust and ashes,” Abraham continued.
Na Abraham bisae se, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔte a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi,
28 “What if there are forty-five good people, just five less? Are you still going to wipe out the whole town just because there are five fewer people?” “I won't destroy it if I find forty-five,” the Lord replied.
sɛ ɛba sɛ nnipa trenee no dodow yɛ aduanan anum nso ɛ? Esiane saa nnipa anum a wɔafi nnipa trenee aduonum no so ama aka nnipa trenee aduanan anum no nti, wobɛsɛe kurow mu no nyinaa ana?” Onyankopɔn buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduanan anum wɔ kurow no mu a, merensɛe no.”
29 Abraham spoke up again and he asked the Lord, “What if only forty can be found?” “I won't do it for the sake of the forty,” the Lord replied.
Abraham toaa nʼadebisa no so se, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee aduanan pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?” Na Awurade buaa Abraham se, “Nnipa trenee aduanan no nti, merensɛe kurow no.”
30 “My Lord, please don't get angry with me,” Abraham went on. “Let me ask this—what if only thirty were found?” “I won't do it if I find thirty,” the Lord replied.
Abraham kɔɔ so srɛɛ bio se, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfuw me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa trenee aduasa na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?” Awurade buae se, “Sɛ mihu nnipa trenee aduasa a, merensɛe kurow no.”
31 “I admit I've been very bold to speak to my Lord like this,” Abraham said. “What if only twenty are found there?” “I won't do it for the sake of the twenty,” the Lord replied.
Afei, Abraham bisae se, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa trenee aduonu pɛ na wɔwɔ kurow no mu ɛ?” Onyankopɔn buae se, “Saa nnipa trenee aduonu no nti, merensɛe kurow no.”
32 “Please don't get angry with me, my Lord,” Abraham said. “Just let me ask one more thing. What if only ten are found there?” “I won't destroy it for the sake of the ten,” the Lord replied.
Abraham kɔɔ so bisae se, “Awurade, mma wo bo mfuw me; ma mimmisa mʼasɛm baako pɛ a etwa to. Sɛ ɛba sɛ, nnipa trenee du na wɔwɔ kurow no mu nso ɛ?” Awurade buae se, “Saa nnipa trenee du no nti, merensɛe kurow no.”
33 The Lord left once he had finished speaking with Abraham, and Abraham went home.
Bere a Awurade ne Abraham kasa wiee no, ogyaw Abraham hɔ kɔe. Abraham nso san kɔɔ nʼatenae.

< Genesis 18 >